• Twi
  • Fante
12:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nnuro a yεde kanyan nna mu nkitahodie so nsunsuanso bᴐne ne ahintasεm a εwᴐ ho

Nna mu nkitahodie yε adeε a εho hia nnipa pii, enti mpεn pii no εyε a wᴐnonom nnuro sεdeε wᴐbεnya ahoᴐden mmorosoᴐ ne adi saa dwuma yi yie. Nanso nsunsuanso bᴐne a εtumi mpo de owuo ba tae akyire.

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/22/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Nnuro a yεde kanyan nna mu nkitahodie so nsunsuanso bᴐne ne ahintasεm a εwᴐ ho
0
SHARES
175
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Sε yεwura apᴐmuden wiase mu a, nneεma a εboa kanyan nna mu nkitahodie mu ahoᴐden no bi yε nnuane, anonneε, ne nneεma anaa nnuro binom a εboa ma obi akᴐnnᴐ a ᴐwᴐ wᴐ mpa so agodie mu no ano yε den. Deε atwerε yi kasa fa ho kεse yε nnuro ahodoᴐ a wᴐnom anaa wᴐde sra, de kanyan nna mu nkitahodie mu ahoᴐden ne akᴐnnᴐ. Sa nnuro yi nnyε na koraa, na sε obi bᴐ wira nnutᴐnbea papa biara mu a, ᴐbεtumi anya saa nnuro yi bi atᴐ de adi ne dwuma.

Mmom, deε nnipa pii nnim, na wᴐn a wᴐnim nso abu wᴐn ani agu so ne sε, εbεtumi de obi akᴐ adamena mu ntεm so. Yεreka wei, εsiane sε εbi atoto ebinom ama wᴐafa mu atoa nananom wᴐ nseεdo. Momma yεnhwε deε animdefoᴐ ne atwotwowuro binom aka afa wei ho, ne nsusuanso bᴐne a εwᴐ wᴐ apᴐmuden so a εbεtumi agye obi nkwa afiri ne nsam.

  • Ԑtumi sε Brεboᴐ ne Saa

Saa nneεma mmienu yi yε akwaa a nnipa nkwa gyina so titire no mu bi, enti sε εmu bi sεe a, onipa tumi nam so hwere ne nkwa. Adwumakuo a εhwε nnuane ne nnuro adwuma so wᴐ Alataman mu de too dwa mmerε bi a atwam sε, nnubᴐne bi a ano yε hye na εho yε hu ma nipadua no akwaa no bi te sε berεboᴐ ne saa apᴐmuden wᴐ saa nniro yinom mu. Sε εnam saa nnuro yi so na akwaa yinom bi sεe a, εbεyε den pa ara sε wᴐbεtumi asa saa yareε no. Sε εba no saa a, owuo ne adeε a εdi akyire.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nsunsuanso bᴐne binom a εtumi de ba bi ne sε wo hwene bᴐn bεsisi, tipaeε, yafunukeka, sε wo yam reyε kusuu, abofono, ayamtuo, awerεfire anaa akaakaeε mu haw, sε worete yaw wᴐ w’akyi, sε wonhunu nsonsonoeε a εda ahosuo bibire ne ahahan mono ntam, asosie, sε adeε gyegye anaa woso a wonte no w’aso mu, ne mmerεwyε.

  • Ahoᴐden a mogya de di aforosianeε wᴐ wo honam akwaa nkaeε no ho mu no so tumi te hwi. Nnuro a wᴐnom de kanyan nna mu nkitahodie no ma nna mu nkitahodie mu yε hye, na εyε den pa ara, na εma nna mu nkitahodie dwumadie no kyεre nso. Wei firi sε, mogya a εdi aforosianeε kᴐ “agyapadeε” no mu no dᴐᴐso, na ano nso yε den. Ԑno tumi ma mogya a εdi aforosianeε wᴐ nipadua no mu no so te koraa. Nnuyεfoᴐ ne ayaresafoᴐ kyerε sε, sε mogya no ahoᴐden a εde di aforosianeε no so te a, εyε hu sene mogyaborosoᴐ mpo, εfiri sε sε εso te saa a, εhia mmerε ne nneεma pii ansa na atumi asi ne dadam.
  • Ԑtumi de nnwodwoeε ne boninyε ba, anaa εtumi ma ᴐbarima ho nsuo gyene. Wei kyerε sε ᴐbarima no ntumi nhyε nyinsεn. Animdefoᴐ bᴐ kᴐkᴐ kyerε wᴐn a wᴐtaa de nnuro a εkanyan nna mu nkitahodie no sε εtumi de nyarewa bi a εka nipa to hᴐ te sε nnwodwoeε, kisikuro, ne deε εkeka ho brε onipa. Nsunsuanso bᴐne a εnne no nam no bi ne sε, εtumi ma mogya so te pa ara, na εnam so de tipaeε a ano yε den, ne mmerεwyε ba, na εtumi ma onipa twa hwe. Ԑma ᴐbarima dwonsᴐtwaa mu bae, na εma dwonsᴐ yε den pa ara.
  • Adeε baako a εha adwene wᴐ saa nnuro yi ho ne sε, εnyε deε εsε sε εyε no, na mmom εyε deε εnne no bᴐ abira. Weinom bi ne sε, εma wohwere w’akᴐnnᴐ. Afei εmma barima no barima no ara nsᴐre sεdeε εsε sε anka εsᴐre, afei sε wode di dwuma toatoa so kyεre a, εnne wo ho fa, na mmerε bi mu no, εnyε adwuma bio sε wonom a. Saa berε no na nnipa pere nom no dodo sεdeε εbεyε adwuma, na wei na εtumi de nnipa kᴐ owuo mu no.

Wei ne nsunsuanso bᴐne pii a εkeka ho na εde ba, momma yεnhwε yεn ho so yie. Akᴐnnᴐ ho hia deε nanso nkwa ho hia sene no.

Tags: AkᴐnnᴐNna mu nkitahodieNnuroNsunsuanso bᴐne
Deɛ atwam

Nofosuo: Aduane pa a εyε ma mmɔfra

Deɛ ɛdi hɔ

So, ɔbaatan biara na tumi nya nofosuo ma n’abɔfra anaa? Na ɔkwan bɛn so na ɛtwa sɛ woma wo ba aduane?

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
So, ɔbaatan biara na tumi nya nofosuo ma n’abɔfra anaa? Na ɔkwan bɛn so na ɛtwa sɛ woma wo ba aduane?

So, ɔbaatan biara na tumi nya nofosuo ma n'abɔfra anaa? Na ɔkwan bɛn so na ɛtwa sɛ woma wo ba aduane?

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?