• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/24/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani
0
SHARES
108
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ yε yareε anaa tebea bi a ayε ne ho koankorᴐ, na ano nso yε den pa ara. Sε obi wura saa tebea yi mu a, nkitahodie nwononwonann pii kᴐ so fa n’adwenemsεm, n’atenaeε, ne yεbea, ne n’abrabᴐ mu suahunu ho. Nsunsuanso bᴐne a εwᴐ nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nyinaa akyi no, nnipa a wᴐatᴐ mu ntentan no tᴐ kᴐ so ara de di dwuma.

Nnunom a εnsε ho wᴐ nsunsuanso bᴐne pii, a εbi ne sε εma obi nom aduro bi ma no boro sεdeε εsε sε anka wonom no no so, ne mpo owuo. Nsunsuansoᴐ no bi wᴐ hᴐ a, εyε afebᴐᴐ, ebi nso to nnipa no wᴐ mmerε tiawa bi mu. Deε εda adi wᴐ honam ani a yεreka ho asεm wᴐ ha yi bi da adi wᴐ mmere tiawa bi mu, na εbi da to onipa afebᴐᴐ. Deε εwᴐ wei ho ne sε, ano aduro wᴐ hᴐ, anaa wᴐtumi si ano.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nnipa pii tumi tᴐ nnubᴐne a εnya nsunsuansoᴐ wᴐ adwene so no mu ntentan. Nnubᴐne a nnipa taa tᴐ mu ntentan no bi ne nsa, tobako, nnuro a εmma nnipa ani nkum na berε biara n’ani da hᴐ, na ne ho yε den, nnuro a εma nnipa hunu nneεma binom a εnnim anaa εntumi nyε hᴐ wᴐ n’ani so berε biara, ne honamyaw nnuro.

Nsunsuansoᴐ a εwᴐ nnubᴐne biara nom mu ntentantᴐ soᴐ no sesε, εmfa ho ne aduro anaa ade korᴐ a onipa no atᴐ mu ntentan no. Deε εdidi soᴐ yinom ne nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ nnubᴐnenom mu ntentantᴐ mu, na εda adi wᴐ mmere tiawa bi mu ntam no bi:

  • Ԑma onipa home so te.
  • Ԑma honam no mu yε hyehyeehye (ahobene).
  • Ԑma akoma no bᴐ ntεntεm.
  • Ԑma mogya no ahoᴐden a εde di aforosianeε wᴐ nipadua no mu no kᴐ soro (mogyaborosoᴐ).
  • Ԑma nnakorokoro kye nnipa.
  • Ԑma onopa yε mmrε berε biara, na εyε no sεdeε ᴐreda no (εma no da basabasa).
  • Ԑmma wo nanteε nsisi so.
  • Ԑma w’anum to, anaa w’akᴐnnᴐ wᴐ aduane ho ano yε.
  • Ԑma wo kasa yε nyaa.
  • Ԑtumi nso ma obi de ne ho to aduro bi so pa ara, de ne werε nyinaa hyε mu ntεm so. Wei kyerε sε agye sε nnipa yi anom saa adeε no pii anaa dodo, ansa na ne ho atᴐ no anaa ansa na aduro no afa no.
  • Ԑma wᴐda su bi a εtwe wᴐn sane adi bi; te sε: ᴐbrε, ayamhyehyeε, home ho brε, mfifiteε mmorosoᴐ, hwenem nsuo.
  • Ԑma obi bo fu ntεntεm.

Nsunsuansoᴐ a εtena onipa no so afebᴐᴐ a εda adi wᴐ honam ani no bi ne sε, εtumi sεe nipadua akwaa no mu titire bi, na εtumi de no kᴐ owuo mu. Ԑmu bi a εtaa da adi na εdidi soᴐ yi:

  • Ԑtumi sεe onipa saa ne ne brεboᴐ.
  • Ԑtumi ma onipa nya kisikuro ahodoᴐ no nyinaa mu biara.
  • Ԑtumi sεe onipa nse (nsehyeeε)
  • Ԑtumi sεe honam no.
  • Ԑtumi de oboninyε brε ᴐbaa, na εma ᴐbarima ho nsuo gyene.
  • Ԑtumi ma obi nya nnwodwoeε yareε.
  • Ԑtumi de εtwerε brε obi.
  • Ԑtumi ma obi nna mu nkitahodie mu ahoᴐden sεe.
  • Ԑtumi de akoma ne aherawa mu nyarewa ba.
  • Ԑtumi ma obi wu, εsiane nom a ᴐnom boro soᴐ no nti.

Weinom yε deε εda adi wᴐ honam ani. Atwerε εdi hᴐ no bεkyerε nsunsuansoᴐ a εwᴐ wᴐ adwene no so.

Tags: Honam aniNnubᴐnenom mu ntentantᴐNsunsuansoᴐ
Deɛ atwam

So, ɔbaatan biara na tumi nya nofosuo ma n’abɔfra anaa? Na ɔkwan bɛn so na ɛtwa sɛ woma wo ba aduane?

Deɛ ɛdi hɔ

So, nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ adwene no so?

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani

So, nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ adwene no so?

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?