• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result
Akan kaseɛbɔ
No Result
View All Result
Mfiase Adesua

Nnuaba 10 binom ne ɛso mfasoɔ

Sɛdeɛ wobɛhwɛ w'adidie mu yie

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
11/21/2022
wɔ Adesua
0 0
0
Nnuaba 10 binom ne ɛso mfasoɔ
0
SHARES
527
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛwɔ nnuane ahodoɔ bebree wɔ Akan mu a ɛyɛ dɛ yie na ɛboa ma yɛnya apɔmuden pa nso. Yɛnim sɛ Akanfoɔ nnuane titire no nyinaa yɛ nea wɔn ara gye berɛ siesie no wɔ gya so. Saa nnuane titire yinom bi ne fufuo, banku, ampesie, ɛtɔ, dɔkono, gari ne adua, ne deɛ ɛkeka ho.

Akanfoɔ nnuane a mabobɔ so yinom da nkyɛn a, Ɔbɔadeɛ no nso ahyɛda asiesie nnuaba binom a ɛtumi boa nnipadua no wɔ akwan bebree so. Di a yɛtumi di saa nnuaba yi mee no to nkyɛn a, ɛsane nso di dwuma sɛ nnuro a ɛsa yɛn yareɛ wɔ akwan ahodoɔ pii so. Yei nti, yɛrebɛhwɛ nnuaba binom a yɛbɛtumi adi ama yɛn apɔmuden atu mpɔn.

1. Kwadu

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Kwadu yɛ aduaba a ɛho nyɛna koraa wɔ Ghana. Ɛfiri tete nyinaa, Akanfoɔ de kwadu adi dwuma abɛsi ɛnnɛ. Ɛno nti na yɛwɔ abɛbuo binom te sɛ, “Wosum borɔdeɛ a, sum kwadu,” “Da bi asɛm nti na yɛdɔ kɔto kwadu a na yɛagyam ho” ne ade.

Animdefoɔ kyerɛ sɛ, nnuanennuro bi a wɔfrɛ no potasiɔm dodoɔ no ara wɔ kwadu mu. Wɔkyerɛ sɛ, saa nnuanennuro yi boa ma akoma no tumi bɔ yie na ɛsane nso ma mogya tumi di aforosane wɔ ɔkwan a ɛfata so wɔ nipadua no mu.

Bio, sɛ obi di kwadu a, ɛma nipadua no nya ahoɔden a ɛdi mu pa ara yɛ adwuma.

Kwadu so mfasoɔ foforɔ nso ne sɛ, ɛwɔ nnuanennuro bi a wɔfrɛ no faeba a ɛboa si ayamtim ano kwan. Afei nso, ɛsane boa sosɔ nyarewa ahodoɔ binom te sɛ yafunu mu kuro ne afoforɔ a ɛtete saa ano.

2. Ankaa / Akutuo

Ankaa anaa akutuo yɛ aduaba a ɛdɔɔso wɔ ɔman yi mu pa ara. Ɛyɛ me sɛ, ɛyɛ aduaba baako nso a nnipa dodoɔ no ani gye ho yie.

Adeɛ baako nso a wɔde nim ankaa yie ne sɛ, ɛwɔ nnuanennuro bi a wɔfrɛ no Vaetamɛn C a ɛboa si nyarewa ahodoɔ ano wɔ nipadua no mu.

Nhwehwɛmu a wɔayɛ ama no abɛda adi sɛ, sɛ obi di ankaa a ɛbɛboa no ama mogyammorosoɔ ne sradeɛ ano abrɛ ase wɔ nipadua no mu. Wodidi wie na wodi ankaa a, ɛboa ma nipadua no tumi yam aduane no, twe mu nnuanennuro no wɔ ɔkwan a ɛfata pa ara so.

Ɛwom sɛ nsuo a nnuanennuro ahyɛ no ma pii wɔ ankaa mu deɛ, nanso faeba a ɛboa ma yafunu no mu go no nhyɛda nnɔɔso wɔ saa nsuo yi mu. Yei nti, sɛ woredi ankaa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛyi ankaa no mu awe agu nsuo no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛnya faeba afiri mu.

3. Amango

Wɔtaa bɔ saa aduaba yi mmrane sɛ nnuaba nyinaa hene. Ɛyɛ aduaba a abu so wɔ Ghana afaanan nyinaa. Ɛtumi nyini wɔ afie mu ne nwuram nyinaa.

Nnuanennuro a ɛwɔ saa aduaba yi mu no binom ne potasiɔm, Vaetamɛn A, C, B6, E ne K. Afei nso, nnuanennuro afoforɔ binom wɔ mu a ɛboa ma nipadua no tumi ko tia nyarewa ahodoɔ.

Nhwehwɛmu a animdefoɔ ayɛ ada no adi sɛ, sɛ obi di amango a ɛbɛtumi aboa ne nipadua no ama no ako atia nsaayareɛ binom te sɛ akomayareɛ, asikyireyareɛ ne kokoram ahodoɔ binom a ɛbɛtumi adi nipadua no nya.

Faeba pii nso wɔ amango mu a ɛboa ma yafunu mu tumi yɛ mmerɛ, ɛsi ayamtim ano kwan na ɛma nipadua no tumi yam nnuane wɔ kwan a ɛfata so.  Sɛ wodi amango pii nso a, ɛtumi boa ma wo honam ani yɛ fɛ pa ara.

4. Aborɔbɛ

Nnuaba a ɛdɔɔso pa ara wɔ Ghana no, aborɔbɛ yɛ mu baako.

Nnuanennuro titire a ɛwɔ aborɔbɛ mu no ne Vaetamɛn C ne manganiisi.

Manganiisi boa ma nnuane a ɛkɔ nipadua no mu no tumi yɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so. Bio, ɛsane boa na asikyire a ɛwɔ nipadua no mu no ammoro so.

Vaetamɛn C a ɛwɔ aborɔbɛ mu no nso boa ma nipadua no fa a ɛtumi ko tia nyarewa no tumi yɛ adwuma yie sɛdeɛ nipadua no bɛnya apɔmuden a ɛdi mu.

Nnipa binom tumi noa aborɔbɛ hono no fra nhabamma binom nom sɛdeɛ wɔn ho bɛtumi asisi wɔn ho so.

5. Pɛɛ

Pɛɛ yɛ aduaba a ɛno nso ho nyɛna wɔ Ghana. Deɛ ɛma pɛɛ da nso kakra ne sɛ, nnuaba dodoɔ no ara bere a wɔsesa kɔla nanso pɛɛ deɛ, ne kɔla nsesa na mmom ɛyɛ mmerɛ.

Nnnipa bebree bu pɛɛ sɛ ɛyɛ aduaba a ɛsom bo pa ara ɛsiane sɛ ahoɔden bebree ahyɛ no ma.

Ahoɔdennuro titire a ɛwɔ pɛɛ mu baako pa ara ne nea wɔfrɛ no oleik ased no. Saa ahoɔdennuro yi boa ma nipadua no mu sradeɛ no so te wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Amerikafoɔ Nkabom kuo a Wɔhwɛ Akoma so no de bɛtoo dwa sɛ, sɛ obi tumi di nnuaba a ɛfata ma sradeɛ a ɛwɔ ne nipadua no mu so te wɔ ɔkwan a ɛfata so a, ɛboa ma no tumi kwati nyarewa binom tete sɛ akomayareɛ ne nnwodwoeɛ.

Pɛɛ akɔyɛ sɛ kwadu, potasiɔm a ɛwɔ mu no dɔɔso pa ara. Ɛsan wɔ ahoɔdennuro bi a wɔfrɛ no lutein a ɛboa ma aniwa tumi yɛ adwuma yie na ɛma honam ani nso yɛ fɛ.

 

6. Anamuna

Anamuna yɛ aduaba baako a wɔtɔn no dwa so pa ara. Ɛsiane sɛ ɛka nnuaba ahodoɔ a wɔdua no Ghana no ho nti, ɛho nyɛna wɔ ɔman yi mu koraa.

Sɛ yɛreka nnuaba a ahoɔdennuro a ɛboa ma nipadua no tumi ko tia nyarewa wɔ mu pa ara, ɛmu baako ne anamuna. Ɛkura ahoɔdennuro pii a ɛtumi boa nipadua no ma no ko tia nyarewa ahodoɔ bebree.

Anamuna kura ahoɔdennuro bi a wɔfrɛ no laekopein. Saa ahoɔdennuro yi wɔ nipadua no mu a, ɛtumi ko tia nyarewa binom tete sɛ akomayareɛ, kokoram ne asikyireyareɛ.

Adeɛ baako nso a ɛma anamuna yɛ sononko ne sɛ, ɛmu ahoɔdennuro laekopein ne karotein boa bɔ onipa wedeɛ ho ban firi owia ano hyeɛ ho na ɛsane nso boa ma wedeɛ no tumi sa ne ho yareɛ ntɛm so.

Deɛ ɛtwa toɔ no, anamuna mu nsuo dɔɔso yie pa ara. Yei nti, sɛ wotumi di pii a, ɛbɛboa nipadua no ama no anya nsuo a ɛhia berɛ biara. Yei bɛtumi aboa berɛ a woatu mmirika anaa woateetee w’apɔ mu asam mififire pii.

7. Borɔferɛ

Borɔferɛ yɛ aduaba baako a abu so pa ara wɔ Ghana. Aduaba yi su baako a ɛma no da nso ne sɛ, ɛtumi fifiri sane nyini wɔ baabiara. Afei nso, ɛyɛ aduaba baako a nnomaa taa dua pa ara.

Borɔferɛ su yinom da nkyɛn a, ɛso wɔ mfasoɔ pa ara nso. Ɛso mfasoɔ ahodoɔ no mu baako ne sɛ, ɛwɔ ahoɔdennuro Vaetamɛn A, C ne E. Saa ahoɔdennuro yinom boa bɔ nipadua no ho ban firi akomayareɛ ho. Afei nso, ɛsan boa ma sradeɛ a ɛwɔ nipadua no mu no tumi nane sɛdeɛ mogya bɛtumi adi aforosane wɔ nipadua no mu sɛdeɛ ɛsɛ.

Bio, faeba a ɛwɔ borɔferɛ mu no dɔɔso yie pa ara nti ɛboa ma yafunu no mu tumi yɛ mmerɛ sɛdeɛ  ɛbɛsi ayamtim ano kwan. Yei bɔ nipadua no ho ban wɔ akwannuasa so. Ahoɔdennuro bi nso wɔ borɔferɛ mu a wɔfrɛ no Folik ased. Animdefoɔ kyɛrɛ sɛ, saa ahoɔdennuro yi ko ma nipadua no sɛdeɛ homositein ne amino ased a ɛwɔ nam mu no ntumi nni nipadua no nya wɔ kwammɔne biara so. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ saa homositein ne amino ased yi dɔɔso wɔ nipadua no mu a, ɛtumi de akomayareɛ ba.

Yei nti, sɛ wodi borɔfeɛ pii a, ɛbɛboa abɔ wo nipadua no ho ban afiri akomayareɛ ne nyarewa pii ho.

8. Ankaatwadeɛ

 Ankaatwadeɛ yɛ aduaba a nnipa bebree de yɛ Abibinnuro pa ara ɛfiri sɛ, ɛso mfasoɔ dɔɔso. Akɔyɛ te sɛ ankaa, Vaetamɛn C ahyɛ no ma. Afei nso, ahoɔdennuro bi wɔ mu a ɛko tia nyarewa ahodoɔ.

Ɛsiane yei nti, sɛ obi de ankaatwadeɛ di dwuma a, ɛtumi bɔ ne nipadua no ho ban firi nyarewa binom te sɛ kokoram ne deɛ aka ho.

Nhwehwɛmufoɔ kyerɛ sɛ, ahoɔdennuro bi wɔ ankaatwadeɛ mu a, ɛko tia kokoram, asikyireyareɛ ne mmoawa nketenkete binom a wɔbɛtumi apira nipadua no.

Wɔtumi de ankaatwadeɛ gu adwemmono, ne nam mono ho yi nyanyan a ɛwɔ nam no mu no nyinaa firi mu. Afei nso, sɛ obi de ankaatwadeɛ twitwi n’ammɔtoam a, ɛboa yi nkabɔne biara firi nipadua no mu.

Animdefoɔ kyerɛ sɛ, sɛ obi nya menem kuro a, ɔbɛtumi anoa nsuo ama no ayɛ dedɛɛdedɛɛ na watwa ankaatwadeɛ mu mmienu akyim ɛmu nsuo no afra deɛ wanoa no bɔnsuaa baako. Ɔwie a, na ɔde ɛwoɔ atere baako afra nsuo a ankaatwadeɛ nsuo fra mu no anom. Wɔkyerɛ sɛ, yei bɛboa ama ekuro a ɛwɔ onipa no menem no awu ntɛm.

9. Aprɛ

Aprɛ yɛ aduaba a ɛso mfasoɔ dɔɔso yie pa ara. Ɛwom sɛ wɔnnua saa aduaba yi wɔ Ghana ha deɛ, nanso ɛrekame ayɛ sɛ ɛka nnuaba a ɛdɔɔso pa ara wɔ ɔman yi mu no ho ɛfiri sɛ, mpanimfoɔ ne mmɔfra nyinaa ani gye ho.

Animdefoɔ kyerɛ sɛ, faeba a ɛwɔ aprɛ mu no dɔɔso yie nti sɛ obi taa di saa aduaba yi bi a, ɛbɛyɛ den sɛ onipa a ɔte saa no bɛnya akomayareɛ na ɛbɛtumi nso aboa ama onipa a wayɛ kɛseɛ aboro so no nso so ate.

Nhwehwɛmu ada no adi sɛ, wotaa di aprɛ yi a kokoram binom ne asikyire yareɛ ne nnwodwoeɛ mfa w’afikyire na wɔama wo maakye biara.

Ɛsiane sɛ ɛboa ma akɛsefoɔ so tumi te nti, sɛ obi di aprɛ a ɛbɛyɛ den pa ara sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ aboro so.

Sɛ ɛbɛyɛ yie a, anɔpa biara, di kan di aprɛ yi bi ansa na woapɛ aduane foforɔ biara ato wo yam na ɛbɛboa nipadua no yie pa ara.

10. Guava

Guava yɛ aduaba a ɛyɛ dɛ pa ara nanso ɛho yɛna kakra wɔ ɔman yi mu. Ɛtumi bu so wɔ mmeaeɛ binom nanso mmeaeɛ afoforɔ deɛ, wobɛhwɛ na ɛnni hɔ koraa.

Ɛyɛ aduaba a Vaetamɛn C a ɛwɔ mu no dɔɔso yie pa ara.

Ɛno da nkyɛn a, nnuaba binom a laekopein wɔ mu te sɛ ntoosi, watermelon ne deɛ ɛkeka ho no, guava pa ara na ne laekopein no dɔɔso.

Ɛsane nso wɔ karotein a ɛboa ma nipadua no ko tia nyarewa ahodoɔ.

Ɛsiane sɛ guava yɛ aduaba a ahoɔdennuro ahyɛ no ma nti, sɛ wotaa di bi a ɛbɛtumi ama w’ani, w’akoma ne w’asaabo ayɛ adwuma yie. Ɛbɛsane nso ama wo honam ani ayɛ fɛ pa ara.

Deɛ ɛtwa toɔ no, sɛ wotaa di aduaba yi a, ɛbɛboa ama wo nipadua no atumi ako atia yareɛ koankorɔ binom na asane nso ama nipadua no fa a ɛko tia nyarewa no atumi ayɛ adwuma yie.

Megye di pa ara sɛ, deɛ woakenkan yi aboa wo ama woahunu nnuaba binom a wobɛtumi adi anya apɔmuden a ɛdi mu.

Tags: applesavocadobananabenefits of fruitsFruitsguavahealth benefits of fruitslemonmangoorangespawpawpineapplewatermelon
Deɛ atwam

Asɛnnibea agyae abatoɔ mu kwaadu a wɔde tiaa Jomoro NDC Mmarahyɛbadwani no mu

Deɛ ɛdi hɔ

Wɔn a wɔkra nneɛma firi amanɔne ne wɔn a wɔde nneɛma mane kɔ amanɔne kuo no akasa

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Wɔn a wɔkra nneɛma firi amanɔne ne wɔn a wɔde nneɛma mane kɔ amanɔne kuo no akasa

Wɔn a wɔkra nneɛma firi amanɔne ne wɔn a wɔde nneɛma mane kɔ amanɔne kuo no akasa

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?