• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nneԑma nson binom a ԑde ᴐpᴐn anaa nyinsԑnsԑeԑ ba

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/21/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Apᴐmuden mu mfasoᴐ a ԑwᴐ prԑkԑsԑ so a ԑsԑ sԑ yԑhyԑ no nso
0
SHARES
100
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nyinsԑm mu ᴐpᴐn yԑsԑ abᴐfra a ᴐda yafunu mu no bԑsԑe wᴐ berԑ a womfaa aduro nkaa no. Mpԑn pii no, wei taa si berԑ a nyinsԑn no nnya nnuruu nnawᴐtwe a ԑtᴐ so aduonu no mu. Nyinsԑn mu ᴐha mu abupԑn bԑyԑ ԑfiri du de rekᴐ aduonu a yԑnim na ԑyԑ a yԑtaa te sԑ asԑe anaa onipa no apᴐn.

Ↄpᴐn anaa nyinsԑnsԑeԑ yԑ mmerԑ a ԑmu yԑ den ԑfiri sԑ ԑma ᴐyaw a nnipa no rekᴐ mu wᴐ adwene mu no yԑ kԑse, na ԑgya onipa no adwennwene, ehu, abufuo ne soboᴐbᴐ. Berԑ baako a ԑyԑ den wᴐ nyinsԑnsԑeԑ mu ne sԑ, ԑyԑ a na yԑn nimdeԑ wᴐ deԑ ԑde baeԑ no ho wᴐ fam, anaa yԑnni nimdeԑ wᴐ ho koraa.

Wei yԑ nneԑma binom a ԑde ᴐpᴐn anaa nyinsԑnsԑeԑ ba a ԑsԑ sԑ mmaa hunu na wᴐhyԑ no nso.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
  1. Mfeԑ

Mfeԑ yԑ adekԑseԑ baako a ԑtumi de ᴐpᴐn anaa nyinsԑnsԑeԑ ba. Sԑ ᴐbaa nyini bebree ma ne mfeԑ no boro 35 a ԑyԑ a na ᴐbrԑ wᴐ ne nyinsԑn mu. Mmaa a wᴐafa afuro a wᴐn mfeԑ no boro 35 nya nyinsԑn mu haw ahodoᴐ bi te sԑ nyinsԑnsԑeԑ anaa ᴐpᴐn, nyarewa nketenkete, ne mogyaborosoᴐ.

  1. Suban ne nneyԑeԑ

Nneyԑeԑ ne suban binom a yԑda no adi a ԑha nipadua no bi te sԑ, nnubᴐnenom, nyinsԑn mu nsanom, gyᴐᴐtonom ne ntampenom nyinaa bԑtumi ama ᴐpemfoᴐ bi apᴐn. Sԑ ᴐbaa bi nyinsԑn na ᴐyԑ adwuma wᴐ beaeԑ a nnuro ne mfuturo wira no pii a, ᴐtumi pᴐn.

  1. Nyarewa a ԑka ᴐbaa no anaa ne hokani no agyapadeԑ

Mmoawa bi wᴐ nipadua no mu a wᴐtena yԑn mu wᴐ berԑ a wᴐnni yԑn bᴐne biara, mpo ԑtᴐ da a wᴐboa yԑn apᴐmuden. Nanso, mmoawa no bi wᴐwᴐ a wᴐde haw ahodoᴐ brԑ nipadua no a ԑtumi ma obi a ᴐnyem pᴐn. Mmoawa mmienu titire binom a wᴐtena ᴐbaa anaa ᴐbarima agyapadeԑ mu ne mycoplasma hominis ne ureaplasma urealyticm. Sԑ saa mmoawa yi ma ᴐbaa bi nyarewa a, ԑtumi na n’awodeԑ no mu nsԑmu no honhono, na ԑntumi mma ᴐba no nnyini wᴐ awodeԑ no mu. Mpԑn pii no ԑyԑ a ԑnna nneyԑeԑ biara adi enti deԑ ԑbԑyԑ ne sԑ wo anaa wo hokani no bԑkᴐ ama wᴐayԑ ne ho nhwehwԑmu.

  1. Awodeԑ no ano mmrԑwyԑ

Mpԑn pii wᴐ hᴐ a ԑyԑ a awodeԑ no ano no mu yԑ mmrԑ sene sԑdeԑ anka ԑsԑ sԑ ԑyԑ. Sԑ ԑba saa a ԑntumi mma abᴐfra no ntena awodeԑ no mu. Deԑ ԑtumi de wei ba ne sԑ, sԑ onipa no apira wᴐ saa beaeԑ no pԑn wᴐ aprehyԑn mu a. Sԑ honam no nu yԑ mmrԑ boro so na saa beaeԑ no nso yԑ mmrԑ a, ԑma awodeԑ no ano bue ntԑm dodo, na ԑde ᴐpᴐn pa.

  1. Asikyireyadeԑ

Apᴐmuden mu nhwehwԑmu kyerԑ sԑ asikyireyadeԑ a ano yԑ den pa ara tumi de ᴐpᴐn anaa nyinsԑnsԑeԑ ba. Wei nti nnipa a wᴐwᴐ asikyireyadeԑ ne wᴐn adᴐkota nkasa mfa ᴐkwan a wᴐbԑtumi asosᴐ wᴐn mogya mu asikyire no ano sԑdeԑ ԑbԑyԑ a ԑmmoro so na ԑnkᴐfa ᴐpᴐn mma.

  1. Nnunom basabasa

Sԑ woyԑ ᴐpemfoᴐ na wononom nnuro basabasa a dᴐkota mmaa wo ho akwankyerԑ a, wotumi hwere wo nyinsԑn no. Ԑtᴐ da mpo na sԑ dᴐkota na ԑmaa wo ho kwan na ԑnne abᴐfra no mogya nhyia a, ԑtumi de ᴐpᴐn ba. Enti sԑ wonyem a hwԑ w’adunom mu yie. Sԑ wobԑnom aduro a dᴐkota de ama wo a, ma no nhunu sԑ wonyԑm, sԑdeԑ ԑbԑyԑ a ᴐnkᴐfa aduro a ԑnne abᴐfra no mogya nhyia mma wo.

  1. Nyinsԑntuguo/Nyinsԑnyiguo

Sԑ ᴐbaa bi nam anidaho kwan so asԑe nyinsԑn anaa atu nyinsԑn agu a, daakye bi ᴐbԑtumi apᴐn. Nyinsԑnyiguo ma awodeԑ no ano yԑ mmrԑ. Ԑsiane sԑ woadi kan asԑe bi pԑn no nti, sԑ ᴐba tᴐ yafunu no mu a, awodeԑ no nya atenka bi sԑ ᴐbԑpᴐn apᴐfra no. Sԑ ԑduru saa a, ᴐbaatan no nipadua no ntumi nsosᴐ nipadua mu nsesaeԑ no ano.

Nneԑma a yԑabobᴐ soᴐ yinom yԑ nneԑma a ԑha mmaa wᴐ wᴐn nyinsԑn mu, na ԑtumi de ᴐpᴐn anaa nyinsԑnsԑeԑ ba. Momma yԑmma yԑn ani nku weinom ho.

Tags: AsikyireyadeԑMfeԑNnunom basabasaNyinsԑnsԑeԑNyinsԑntuguo/NyinsԑnyiguoᴐpᴐnSuban ne nneyԑeԑ
Deɛ atwam

Nnuane nnan binom a ԑboa ma mmaa nkosuatoᴐ tu mpᴐn, anaa ԑsiesie wᴐn nipadua no ma nyinsԑn ne awoᴐ

Deɛ ɛdi hɔ

Deɛ nti a ɛsɛ sɛ wonom nsafufuo

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Deɛ nti a ɛsɛ sɛ wonom nsafufuo

Deɛ nti a ɛsɛ sɛ wonom nsafufuo

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?