• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nneɛma ahodoɔ a ɛtumi sɛe awadeɛ anaa mpenatweɛ

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
05/23/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Nneɛma ahodoɔ a ɛtumi sɛe awadeɛ anaa mpenatweɛ
0
SHARES
327
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛtaa te nsɛm bi firi yɛn nnamfonom, yɛn fipamfoɔ, yɛn nsɔremma ne ɔmamfoɔ binom hɔ sɛ wɔwɔ ɔhaw wɔ wɔn awadeɛ anaa mpenatweɛ mu. Ɛyɛ ampa, obiara nim sɛ awadeɛ anaa mpenatweɛ mu nkitahodie nna fam saa. Nanso asɛm a yɛrebisa yɛn ho ne sɛ, adɛn nti na ɛrekame ayɛ sɛ awadeɛ ne mpenatweɛ dodoɔ no ara taa kɔwie wɔ awaregyaeɛ anaa ntetemudie mu yi?

Momma yɛnhwɛ deɛ ɛtumi de awadeɛ ntetemudie ba.

Ɛnnɛ adesua yi wɔ hɔ sɛ ɛrekyerɛ yɛn nnoɔma ahodoɔ a ɛtumi ma mpenatweɛ anaa awadeɛ kɔwie ntetemudie mu.

1. Deɛ ɛdi kan, nkɔmmɔdie a ɛnni hɔ. Wei yɛ ɔhaw kɛseɛ a ɛde awaregyeɛ anaa ntetemu ba awareɛ ne mpenatweɛ mu. Mpɛn dodoɔ a ɔbaa ne ɔbarima tena sɛ awarefoɔ na wɔnkasa mfa nneɛma ahodoɔ a ɛha wɔn ho no, mpɛn dodoɔ no ara na na nnoɔma mu reyere tawee, na ɛkɔfa ntetemu ba. Ɛtumi nso ba sɛ wɔn baanu no mu biara ntaa mfrɛ wɔn ho wɔn ho nhwɛ sɛdeɛ ɔfoforɔ no ho teɛ ɛnam sɛ wɔnnya wɔn ho adagyeɛ ɛnam adwuma a wɔyɛ nti. Hwɛ yie sɛ woremma saa ɔhaw yi nnidi mu ara mmɛwura w’awadeɛ anaa mpenatweɛ mu na ɛnkum no.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

2. Mmusua ne nnamfoɔ a wɔba yɛn awadeɛ mu. Awadeɛ anaa mpenatweɛ bebree kɔ ɔhaw mu ɛnam sɛ nnipa dodoɔ no nhunu kwan a wɔbɛfa so asie wɔn awadeɛ anaa mpenatweɛ mu nsɛm afiri nnamfoɔ ne abusua ho. Sɛ awarefoɔ ma kwan ma wɔn abusuafoɔ anaa wɔn nnamfonom bɛhuahua wɔn awadeɛ mu nsɛm a, ɛno nso tumi ma awadeɛ anaa mpenatweɛ no gyigya. Wei nti momma yɛnhyɛ no nso.

3. Sɛ wɔresie nsɛm wɔ wɔn akoma mu atiatia wɔn ho. Ɛne sɛ wɔntumi mfa asɛm nkyekyɛ wɔn ho. Awadeɛ anaa mpenatweɛ mu no, sɛ ɔbaako kora yeadie anaa anwiinwii wɔ n’akoma mu kyɛ a, ɛtumi nyini duru tebea bi ma no kɔfa ɔhaw kɛseɛ ba wɔn awadeɛ anaa wɔn mpenatweɛ mu ma wɔn ntam tumi tete. Awarefoɔ nsua sɛdeɛ wɔbɛtumi agyae nsɛm mu akyekyɛ wɔn ho na ama wɔn awadeɛ ayɛ krabɛhwɛ.

Bɔne a wɔmfa nkyekyɛ wɔn ho no tumi sɛe awadeɛ.

4. Gyidie ho nsɛnsɛm. Sɛ nokorɛdie anna adi wɔ awareɛ anaa mpenatweɛ mu a, ɛtumi kum no. Nnipa dodoɔ no ara dwene sɛ, ɔhaw biara nnim sɛ wɔbɛtwa torɔ kakra bi wɔ wɔn awadeɛ anaa wɔn mpenatweɛ mu, nanso nokorɛ a ɛwɔ mu ne sɛ, atorɔ no bɛtumi agye nsam ntɛm so ama baako ho ayɛ ɔfoforɔ no nwanwa anaa wahunu suban pa ara ɔkura. Sɛ ɛkɔba no saa a, ɔdɔ tumi yera wɔ wɔn ayɔnkofa no mu.

5. Awadeɛ mu akwadworɔ. Awadeɛ anaa mpenatweɛ biara hia nsiesie ne adwuma, ne saa nti sɛ baanu no nyinaa yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka abɔ mu ayɛ wɔn ayɔnkofa no ho adwuma a, ɛbɛboa ama awadeɛ no anyini na ayɛ fɛ. Sɛ ankɔba no saa a, awareɛ anaa mpenatweɛ no bɛtumi asɛe ɛnam sɛ wɔato no agyeegyeemu nti. Fa no sɛ awadeɛ te sɛ fie, sɛ woansiesie efie berɛ ano berɛ ano a, ɛyɛ tan na obiara mpɛ sɛ ɔbɛtena mu, na berɛ kɔ n’anim a ɛtumi bubu koraa.

6. Sikasɛm. Obi bɛtumi adwene sɛ awareɛ anaa mpenatweɛ nnyina sika so, nanso nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ɛba sikasɛm mu a, mpo wɔn a wɔaware wɔ anigyeɛ mu pa ara no tumi nya twitwitwi wɔ wɔn awareɛ mu. Ɔbaako yɛ n’adwene sɛ ɔbɛsɛe sika basabasa wɔ awadeɛ mu a, ɛtumi twe anigyeɛ a ɛwɔ awadeɛ no mu sensɛn.

Sikasɛm ho ntotoeɛ ankɔ so yie wɔ ɔbaako fam a, ɛtumi sɛ awadeɛ.

7. Bɔhyɛ a yɛnni so. Sɛ baanu a wɔwɔ awadeɛ anaa mpenatweɛ mu no anni bɔhyɛ a wɔhyehyɛ wɔn ho so a, ɔbaako a yɛadi no hwammɔ no nya atenka bi sɛ ɔrentumi mfa ne ho nto awadeɛ anaa mpenatweɛ no so bio. Hwɛ yie sɛ wonkɔhyɛ bɔ biara a worentumi nni so, na ankum w’awadeɛ anaa mpenatweɛ.

8. Nna mu nkitahodie yɛ asɛm a yɛmpɛ sɛ yɛbɛbɔ din koraa wɔ mmɔntene so, nanso ɛho hia pa ara sɛ yɛka ho asɛm ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhaw baako a yɛtaa te ho asɛm pa ara wɔ awadeɛ mu. Ɛtumi ba sɛ nna mu nkitahodie ntaa nkɔ so koraa, anaasɛ ɛkɔ so ma no boro so pii. Ɛwom sɛ asetena mu dadwene, adwumasɛm ne brɛ tumi ma nna mu nkitahodie kɔ fam wɔ awadeɛ mu sene kane a wɔwaree foforɔ no deɛ, nanso sɛ ɛnkɔ so koraa a, ɛtwa sɛ baanu no bisa wɔn ho sɛ wɔda so ara wɔ awadeɛ mu anaasɛ wɔyɛ nnamfoɔ. Saa ɔfa yi kɔ ma awarefoɔ nko ara, nti hyɛ no nso.

9. Apɔmuden ho nsɛnsɛm. Apɔmuden mapa de anigyeɛ ba nnipa asetena mu, saa ara nso na ɛteɛ wɔ awadeɛ mu. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa baanu hyɛ awadeɛ ayɔnkofa ase na yadeɛ hyɛ aseɛ yi ne ho adi sɛ ɛreteetee ɔbaako a, ɛma no bɛyɛ den sɛ wɔbɛnya anigyeɛ wɔ wɔn asetena mu. Na ɛno tumi hinhim awadeɛ no yie. Wei nti sɛ wobɛtumi a, firi aseɛ yɛ deɛ wobɛtumi afa w’apɔmuden ho na woanya apɔmuden pa.

Yadeɛ tumi hinhim ayɔnkofa a ɛwɔ awadeɛ mu.

10. Ɛrekame ayɛ sɛ nnipa dodoɔ no ara afa akomateɛ bi mu pɛn a ɛka asetena mu abrabɔ ho. Nanso, sɛ yɛanyɛ saa yea yi ho adwuma na yɛamma kwan amma pirakuro no ansa a, saa yeadie yi bɛtumi ada ne ho adi berɛ a yɛawura awadeɛ anaa mpenatweɛ foforɔ bi mu no.

Hwɛ sɛ wobɛsa w’akoma mu pirakuro biara ansa na woawura ayɔnkofa foforɔ bi mu. Ɛtumi sɛe awadeɛ.

Hwɛ sɛ wobɛma w’ani akɔ w’awadeɛ anaa ayɔnkofa a woresiesie ama no akɔwie awadeɛ no ho. Yɛ w’afam deɛ sɛ wobɛbɔ ho ban ama no atumi agyina. Afei, hwɛ sɛ wobɛkyɛ wei ama afoforɔ a wɔnnim no so adwene akɔ so, na wɔayɛ ahwɛyie wɔ ho wɔ wɔn awadeɛ mu.

Tags: abusuaawadeɛawaregyaeɛmpenatweɛnkabomɔdɔSikasɛm
Deɛ atwam

Nsunsuanso bᴐne a anyinam nkanea mu twitwa ne n’adunnum adunnum (dumsᴐ) nya wᴐ awoᴐ, apᴐmuden, ne adwumayԑ so

Deɛ ɛdi hɔ

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?