• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nneɛma ahodoɔ binom a ɛtumi ma awoɔ ho yɛ den ma mmaa

Adesua yi firi Owura Desmond Manu nkyɛn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/30/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Nneɛma ahodoɔ binom a ɛtumi ma awoɔ ho yɛ den ma mmaa
0
SHARES
400
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ansa na dɔkota bɛtumi asi no pi sɛ ɔbaa bi awoɔ ho ayɛ den no, na ɛyɛ sɛ ɔbaa korɔ no ne ne hokani anya nna mu nkitahodie ahodoɔ bebree (deɛ ɛsua koraa bɛyɛ mprɛnsa wɔ nnawɔtwe mu) wɔ berɛ a wɔamfa nneɛma ne kwan ahodoɔ biara so ammɔ wɔn ho ban saa ara afe anaa abosome nsia. Wɔn a wɔn mfeɛ yɛ aduasa nnum rekɔ soro no na wɔn deɛ tumi kyɛ di afe, wɔn a wɔn nso deɛ di abosome nsia no yɛ wɔn a wɔn mfeɛ no firi aduonu rekɔ. Mpɛn pii no sɛ awoɔ ho nsɛnsɛm bɛyɛ den ma awarefoɔ a, soboɔ kɛseɛ no ara kɔ ma mmaa no. Nanso adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ ɛnni kwan sɛ ɛba no saa ɛfiri sɛ yɛfa nneɛma ahodoɔ a ɛtumi ma awoɔ ho nsɛnsɛm yɛ ɔhaw ma awarefoɔ na yɛkyɛ mu mmiɛnsa a, ɔhaw no fa baako tumi firi ɔbarima no hɔ, ɔbaako tumi firi ɔbaa no hɔ, afei baako a aka no nso tumi firi wɔn baanu no nyinaa hɔ. Hyɛ no nso sɛ, ɔhaw a ɛwɔ awoɔ ho no bi wɔ hɔ a adɔkotafoɔ nnim deɛ ɛkɔfa ba. Wei nti yɛrebɛhwɛ nneɛma ahodoɔ a ɛtumi ma awoɔ ho nsɛnsɛm yɛ den ma mmaa.

Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ nneɛma pɔtee bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ ɔbaa ho ansa na wɔatumi akyerɛ sɛ saa ɔbaa no bɛtumi anyinsɛn anaa daabi.

1. Ɛsɛ sɛ saa ɔbaa no wɔ akwaa a ɛtumi to kosua a ɔhaw biara nni ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Ɛsɛ sɛ ɔbaa no nya akwaa a ɛto kosua (adeɛ nkurawankuruwa fufuo no) ne drobɛn a kosua no fam no (drobɛn nkɔkɔɔ mmienu a ɛwɔ soro hɔ no).

2. Ɛsɛ sɛ ɔwɔ awodeɛ, ɔwɔ bi nso a ɛtwa sɛ ɛyɛ deɛ n’apɔmuden no yɛ kama a ɔhaw biara nni ho.

3. Ɛsɛ sɛ ne drobɛn a kosua no fam kɔhyia ɔbarima ho nsuo no mu da hɔ a ɛmu nsiiɛ.

4. Ɛsɛ sɛ nsuo a ɛkyi boa mmaa wɔ wɔn awoɔ mu no tumi kyi kama.

5. Ɛsɛ sɛ saa ɔbaa no nsabuo sisi so. Yɛka no saa a na ɛsɛ sɛ mogya a ɛba wɔ berɛ a ɔbaa bu no nsa no ba nna mmienu toa so de kɔsi nna nson so. Amma no saa a yɛka sɛ ɔbaa no wɔ haw wɔ ne nsabuo mu.

Nneɛma a ɛtumi ma obi awoɔ ho yɛ den

1. Sɛ ɔbaa ntumi nto kosua. Mmaa wɔ akwaa bi a yɛfrɛ no sɛ ‘ovaries’ wɔ brɔfo kasa mu, ɛno na ɛto nkosua boa wɔn wɔ wɔn awoɔ mu. Ɛtwa sɛ saa akwaa yi mu baako biara to kosua baako bosome biara. Ɛno ne sɛ, baako to kosua bosome wei a, ɔfoforɔ no nso to bosome a ɛdi anim no. Ɔhaw bi si wɔ saa akwaa yi ho na antumi anto kosua a, ɛma awoɔ ho asɛm tumi yɛ den ma saa ɔbaa no.

2. Sɛ ɔhaw anaa yadeɛ bi ba awodeɛ no mu anaa ano a, ɛno nso tumi ma awoɔ ho asɛm bɛyɛ den ma ɔbaa no. Ɔhaw no bi ne sɛ, sɛ awodeɛ no yɛbea sesa anaa ɛmu kɛseɛ sesa bɛyɛ ketewa a, ɛtumi ma faako a awodeɛ no da no sesa. Yadeɛ bi te sɛ faebrɔde anaa kokoram bɛda awodeɛ no mu a, ɛtumi ma awoɔ ho yɛ den ma mmaa binom.

3. Sɛ yadeɛ mmoa nya kwan bɛtena akwaa ahodoɔ a ɛdi dwuma boa mmaa nyinsɛn nsɛm mu biara mu a, ɛno nso tumi si awoɔ ho kwan. Ne titire ne nna mu nyarewa mmoa a ɛtumi de yareɛ bi te sɛ babaso, nkekaeɛ, hepatitis B mmoa ne deɛ ɛkeka ho ba.

Nna mu nyarewa tumi ma awoɔ ho yɛ den ma mmaa.

4. Sɛ ɔbaa bi ntumi mmu ne nsa koraa anaasɛ ne nsabuo nsisi so yie a, ɛno nso tumi ma awoɔ mu nsɛm bɛyɛ den ma no.

5. Sɛ ɔbaa bi antumi anhunu berɛ a ne kosua to a, ɛma awoɔ mu nsɛm bɛyɛ den ma no. Ansa na ɔbaa bɛtumi afa afuro no, ɛhia sɛ, sɛ ɔto kosua bosome baako biara a ɛsɛ sɛ ɔbarima ho nsuo hyia no na ɛnam so ma abɔfra tumi ba. Saa kosua yi to baako pɛ bosome biara, na da a ɛto no nso ɛtumi di nnɔnhwere aduonu nnan pɛ, ne saa nti sɛ kosua no annya ɔbarima ho nsuo wɔ nnɔnhwere aduonu nnan no mu a, na ɛkyerɛ sɛ saa kosua no asɛe a ɔrentumi mfa afuro saa bosome no gye sɛ ɔtwɛn bosome foforɔ. Wei nti ɛtoatoa so ara na ɔbaa no nhunu berɛ a ɔto ne kosua a, ɛtumi ma awoɔ ho yɛ den ma no.

6. Ɔbaa mfeɛ a wadi no nso tumi di ntintimman wɔ n’awoɔ ho nsɛm ho. Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ mpɛn dodoɔ a ɔbaa mfeɛ rekɔ anim no, titire ɛfiri mfeɛ aduasa rekɔ no, na akwannya sɛ ɔtumi fa afuro no reba fam. Ne nyinaa ne sɛ sɛ ɔbaa duru saa mfeɛ no rekɔ a, nsuo a ɛkyinkyim ma ɔtumi fa afuro no nyinaa hyɛ aseɛ sɛ ɛreba fam. Wei tumi ma awoɔ ho yɛ den ma wɔn.

7. Nnuro binom nso a mmaa bi taa nom de bɔ wɔn ho ban firi nyinsɛn ho no nso tumi bɛma wɔn awoɔ ho nsɛm yɛ den.

Nnuro ahodoɔ a mmaa nom de bɔ wɔn ho ban firi nyinsɛn ho no tumi ma awoɔ ho yɛ wɔn den.

8. Sɛ drobɛn a nkosua fa mu kɔhyia ɔbarima ho nsuo no mu si, a mpɛn pii no ɛnam yareɛmmoa so no a, ɛno nso tumi ma ɔbaa awoɔ ho nsɛm yɛ den. Ne titire ne yadeɛ a ɛfiri nna mu nkitahodie mu.

Nnuane a adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ ɛboa mmaa akwaa ahodoɔ a ɛdi dwuma ma wɔtumi fa afuro no.

1. Pɛɛ

2. ‘Oats’

3. Ɛmoo a ani yɛ dodoeɛ

4. Bayerɛ

5. Beetroot

Beetroot

6. Nkateɛ abusua no, sesame aba ne almond aba

7. Ngo a ɛfiri Ngodua aba mu

Kyɛ wei ma afoforɔ na wɔn nso nnya adesua yi mu kyɛfa.

Owura Desmond Manu nsa na ɛhyɛ adesua yi ase.

Tags: awadeɛboninKokoramnna mu yadeɛnyinsɛn
Deɛ atwam

Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu

Deɛ ɛdi hɔ

Deɛ nti a wɔdi Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no Ɔsanaa 4, wɔ Ghana.

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Deɛ nti a wɔdi Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no Ɔsanaa 4, wɔ Ghana.

Deɛ nti a wɔdi Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no Ɔsanaa 4, wɔ Ghana.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?