• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Kradin a wᴐde to nnipa, wᴐn ho nsεm ne suban a wᴐda no adi (Kwasiada de kᴐsi Wukuada)

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
05/20/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Kradin a wᴐde to nnipa, wᴐn ho nsεm ne suban a wᴐda no adi (Kwasiada de kᴐsi Wukuada)
0
SHARES
197
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Edin yε adeε baako a εho hia wᴐ onipa abrabᴐ mu, na εno na εboa ma yεhunu obi nipaban. Edin de ankorεankorε, amammerε, abusua ne abakᴐsεm mu ayᴐnkofa a εmu dᴐ na εnam. Ɛsane nso da onipa adi, na εkyerε nnipakuo a obi firi mu ne beaeε a obi firi wᴐ wiase yi mu. Sε wᴐwo obi wᴐ Ghanaman mu a, wᴐde εda a wᴐwoo no to no din.

Akanfoᴐ a wᴐwᴐ Ghanaman taa de nna a εwᴐ nnawᴐtwe no mu no din toto wᴐn mma so, na εgyina εda a wᴐwoo abᴐfra no so. Sε woawofoᴐ wo wo na sε wᴐamma wo edin biara a, wowᴐ bi dada, a εno ne εda a yεde woo wo din. Sεdeε yεnim no sε edin wᴐ nsunsuansoᴐ wᴐ onipa soᴐ no saa ara na saa din yi de nkerεaseε bi a εfa onipa no kra ne ne suban ho to dwa. Saa atwerε yi kasa fa nna no mu nnipa ne wᴐn suban ahodoᴐ ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
  • Deε εdi kan ne Kwasiada. Kwasiada mma de Akosua, na wᴐn suban da mu fua, na εgyina brane. Wᴐhunu nnipa wᴐ afa mmienu mu; ᴐfa a εyε fufuo ne deε εyε tuntum. Wᴐyε mmra mmra, na wᴐka asεm sεdeε εteε, wᴐmfa nwadawada. Sε εba sε wᴐnka wᴐn adwene a wᴐnsuro, nnepa wᴐ wᴐn mu. Ɛtᴐ mmerε bi a, nnipa binom hunu wᴐn sε deε wᴐyε ahomasoᴐ na wᴐn nsεm ano yε hye boro soᴐ no, na mpo wᴐyε ka a nka bi. Nanso sε wowᴐ wᴐn nkyεn a εyε anigyeε kεkε, wᴐyε anokwafoᴐ, na wᴐn ho yε hye, na εtᴐ da nso a wᴐyε mmrε. Wᴐn mmarima de Kwasi anaa Akwasi. Wᴐn suban hyε nkuran, na wᴐn yεbea gyina ne nan so. Mpεn pii no wᴐn ho yε akᴐnnᴐ, na εno nti nnipa twe bεn wᴐn. Wᴐwᴐ akoma pa ne abadaeε ma nnipa, na wᴐnyε pεsεmenkomenya. Wᴐwᴐ anisoadehunu yie, na εtᴐ da a εtumi ma wᴐdi nneεma anaa nnipa a wᴐdwenee sε anka wᴐyε sene deε wᴐahunu noho yaw. Nanso wᴐn fa bi yε mmrε, na εma wᴐn werε ho pa ara anaa wᴐn ani gye pa ara wᴐ awerεhoᴐ anaa anigyeε mu. Bio, wᴐtumi tete wᴐn ho firi mmerε a εmu yε den mu ntεm εfiri sε ahoᴐden wᴐ wᴐn mu.
  • Nhwehwεmu kyerε sε mmaa a wᴐwoo wᴐn Dwoada a wᴐfrε wᴐn Adwoa no ani gye wᴐ abrabᴐ ne asetena mu yi, na wᴐwᴐ ahoᴐden soronko bi wᴐ abrabᴐ mu, wᴐn honhom nkura biribi bᴐne biara, na wᴐhwehwε sε deε wᴐbεyε biara yε korᴐgyenn na εyε ne kwan so. Wᴐwᴐ abaatan honhom ne abadaeε soronko, na εno nti wᴐwᴐ anigyeε wᴐ afoforᴐ so hwε so mu yie. Ɛtᴐ mmerε bi na sε wᴐpε sε wᴐyε asoᴐden, na wᴐnnye afoforᴐ adwenkyerᴐ ntom, wᴐhyε afoforᴐ so anaa wᴐn ani bere adeε a, wᴐtumi yε. Nanso wᴐtumi si nokware no pi wᴐ berε a wᴐmfεre ho, sε wᴐreyε biribi na wᴐn nsa nkaa deε wᴐpε a, wᴐn abam mmu, wᴐn adwene mu bue, wᴐtumi tete wᴐn ho firi ahokyerεmu ntεm, na wᴐmpε asisie ne atorᴐ. Wᴐn mmarima a wᴐfrε wᴐn Kwadwo no nso ho yε anika yie. Nnipa twe bεn wᴐn ntεm pa ara, na wᴐtumi dane dane wᴐn ho, wᴐn su ne wᴐn nneεma mu. Wᴐyε nnipa a wᴐtumi dwene yε nneεma afoforᴐ a εnsii da, wᴐn ho yε den, na wᴐyε mmarima. Nanso saa nkatasoᴐ yinom nyinaa akyiri no, wᴐn akoma yε mmrε. Kwadwo nom yε akannifoᴐ, na wᴐntumi nyε adwuma a wᴐbεbu mmara so yie anaa koraa. Wᴐdwene afoforᴐ ho yie, na wᴐwᴐ atenka pa ara. Wᴐtumi da wᴐn atenka adi prεko pε. Wᴐn ani gye nneεma a εyε fε ho, na wᴐn yam yε.
  • Abena, ᴐbaa a wᴐwoo no Benada yε nyhεsoᴐ pa ara, ᴐwᴐ anisoadehunu akεseε, na wᴐwᴐ akokoᴐduro pa kakra. Sε wᴐte faako a, wᴐn ho ntᴐ wᴐn, na berε biara wᴐhwehwε sε wᴐbεnya kwan pa bi afa so ama wᴐn abrabᴐ ne wᴐn tebea atu mpᴐn. Yεbεtumi aka sε wᴐyε hyewhyew na wᴐdane dane wᴐn ho ne wᴐn akwan, na εno tumi ma wᴐn adwene tu bᴐ mu yε hwanyann. Nanso wᴐpε nsesae pa ara, na εno ma wᴐyε nsεkuro, wᴐpε sε wᴐhunu biribiara, saa suban yi yε suban pa kakra. Wᴐwᴐ ahoᴐden soronko bi wᴐ abrabᴐ mu, na wᴐhwehε sε wᴐbεde wᴐn ho berε biara. Wᴐn mmarima a wᴐfrε wᴐn Kwabena no nso yε nhyεsoᴐ saa ara, wᴐn bo yε duru, na wᴐyε mmara mmara kakra. Wᴐyε hyewhyew, wᴐdanedane wᴐn akwan, wᴐn honhom mu yε duru, na wᴐn ani gye wᴐn ho pa ara. Wᴐte sε deε wᴐn bo yε hye na wᴐnsuro hwee no, na wᴐn mu no, wᴐwᴐ akoma pa, wᴐn akoma yε mmrε, na εyε korᴐgyenn. Ɛtᴐ da na wᴐreyε adeε a, wᴐnni kan nnwene ho, na εno tumi na wᴐda suban bi a ano yε hye adi. Kwabena nom dᴐ nnipa. Wᴐpε nnipa nkabᴐm, na berε korᴐ no ara mu no, wᴐgye fawohodie di pa ara. Kwabena nom tumi bᴐ wᴐn tirim yε adeε, na wᴐn adwene kyerε wᴐn nnepa ma wᴐyε. Sε yεba ᴐdᴐ mu a, Kwabena wᴐ abusua a εgina pintinn a, n’ani gye. N’abusua ne n’agyapadeε.
  • Akua yε ᴐbaa a wᴐwoo no Wukuada. Akua nom ho dwo, na wᴐgyina wᴐn ho so. Sεdeε wᴐteε no nti εreyε akᴐyε sε wᴐnni atenka, nanso saa su yi nyinaa akyi no, wᴐwᴐ atenka wᴐ wᴐn akoma mu pa ara. Wᴐnim deε wᴐpε ne deε wᴐhia εno nti wᴐnsεe wᴐn berε wᴐ nnipa a wᴐnsε mfata wᴐn ho. Wᴐwᴐ ahohyεsoᴐ nwanwasoᴐ bi, na wᴐmma wᴐn mmrεyε nna adi. Akua dwene kᴐ akyiri, ᴐhwε nneεma yie, na wᴐpε adwuma. Ɛrekame ayε sε mfomsoᴐ nni wᴐn ho; wᴐyε pεpεεpε. Wᴐn mmarima a wᴐfrε wᴐn Kwaku no nso pε wᴐn nneεma ntiantian ne korokorokwa. Wᴐnim ᴐdᴐ die kakra na wᴐn ani gye amammerε nso ho. Wᴐn ani da hᴐ, na wᴐhwε wᴐn ho yie. Asεm ha wᴐn ntεm. Ɛtᴐ da a, εtumi yε sεdeε wᴐnni akokoᴐduro no, na εtumi ma wᴐnya atenka sεdeε wᴐnni ahobammᴐ biara no. wᴐn atenka nnyini ntεm te sε afoforᴐ no, nanso sε wᴐduru botaeε no ho a, wᴐtumi yε agyanom ne kununom papa a wᴐn asetena yε dε. Ɛkyε, na εhia sε wᴐyε ho aduma yie, nanso wᴐnnye kyim wᴐ wᴐn mu sε wᴐbεtumi anaa wᴐntumi nnuru botaeε no ho εsiane sε εfata wᴐn brε.

Saa su yinom bi anaa ne nyinaa tumi da adi wᴐ nna a yεabobᴐ soᴐ yi mu nnipa mu, hwε wo deε, na deε εnyε wᴐ mu no, yε ho adwuma.

Tags: Kwasiada de kᴐsi WukuadaNna din
Deɛ atwam

Awareɛ mu awudie – Asuadeɛ ma mmabunu

Deɛ ɛdi hɔ

Sɛdeɛ wobɛsi abɔ wo ho ban afiri odepua ho

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Sɛdeɛ wobɛsi abɔ wo ho ban afiri odepua ho

Sɛdeɛ wobɛsi abɔ wo ho ban afiri odepua ho

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?