• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwadie mu nsɛm

Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Kuayɔ ne sikasɛm ho nsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/09/2023
wɔ Adwadie mu nsɛm
0 0
0
Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Okuani bi gyina n'aburoofuo a wadɔ no kɛseɛ pa ara mu

0
SHARES
234
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nnnipa dodoɔ no ara susu sɛ kuadwuma nyɛ adwuma pa biara a ɛbɛtumi ama onipa adi yie wɔ asetenam ɛfiri sɛ, wɔn adwene yɛ wɔn sɛ kuadwuma ara ne sɛ woadua nnɔbaeɛ a wo ne w’abusua bɛdi na moanya kakra nso atɔn de atwitwa mo ho.

Nnipa anya nkɔanim wɔ asetenam ama sɛdeɛ yɛyɛ kuadwuma no nso asesa. Ɛnnɛ, ɛsiane nnipa dodoɔ a abu abɔ ho wɔ wiase baabiara nti, ɛho abɛhia pa ara sɛ yɛnya nnɔbaeɛ binom a yɛbɛtumi adi asane de bi ayeyɛ nneɛma a ɛbɛboa nnipa wɔ wɔn asetenam.

Yɛwɔ kuani a ɔdua nnɔbaeɛ a ɔne n’abusua bɛdi na woanya kakra atɔn, ɛnna yɛwɔ okuani a ɔdua nnɔbaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛtɔn anya sika bebree afiri mu. Wɔn a wɔdua nnɔbaeɛ a wɔbɛdi no, wɔtaa duedua nnɔbaeɛ ahodoɔ bebree wɔ asase kumaa bi so. Nanso, wɔn a wɔdua tɔn no deɛ, wɔdua nnɔbaeɛ baako pɛ wɔ asase kɛseɛ pa ara so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Akuafoɔ mmienu yinom nyinaa ho hia nanso, yɛrebɛhwɛ sɛdeɛ yɛbɛtumi ayɛ kua anya sika bebree afiri mu.

Ghana yɛ ɔman a ɛmu akuafoɔ dɔɔso yie pa ara. Wɔdua nnɔbaeɛ binom te sɛ aburoo, kookoo, ɛmo, ahwedeɛ, ntoosi, bayerɛ, bankye, nyaadewa, mako, kabegyi, karɔto, atokoɔ, ne deɛ ɛkeka ho wɔ Ghana. Yɛfa saa nnɔbaeɛ yinom a, ɛmu nea ɛwɔ he pa ara na ɛbɛtumi ama okuani bi adi yie wɔ ɔman yi mu, na dɛn nti a?

Asoeɛ a Ɛhwɛ Nnuane ne Kuayɔ ho Nsɛm so wɔ Amanman Nkabom kuo mu no yɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ 2019 mu. Wɔwiee nhwehwɛmu no, wɔhunuu sɛ akuafoɔ a wɔdua nnɔbaeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi atɔn anya sika no pa ara na nsase dodoɔ a wɔde di dwuma no dɔɔso pa ara wɔ wiase nyinaa.

Nhwehwɛmu no kaa sɛ, nnɔbaeɛ a sika wom a wɔduaa no kɛse wɔ 2019 mu pa ara na ɛdid soɔ yi:

  • Hwiiti – tɔn ɔpepem 763
  • Aburoo – tɔn ɔpepepem 1.1
  • Ɛmo – tɔn ɔpepem 495
  • Adua – tɔn ɔpepem 335
  • Nkateɛ ne nnɔbaeɛ afoforɔ a wɔtumi de yɛ anwa – tɔn ɔpepem 268
  • Asaawa – tɔn ɔpepem 27
  • Ahwedeɛ – tɔn ɔpepepem 1.8
  • Taaboko – tɔn ɔpepem 7.5
  • Kɔfe – tɔn ɔpepem 168
  • Kookoo – tɔn ɔpepem 4.8

Afe 2010 mu no, nhwehwɛmu foforɔ bi daa no adi sɛ, nnɔbaeɛ mmiɛnsa a sika wom pa ara a akuafoɔ taa dua no wiase nyinaa ne hwiiti, ɛmo ne aburoo.

Saa nhwehwɛmu yinom nyinaa di adanseɛ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ kuadwuma wɔ Ghana na ɔdi yie pa ara a, ɛsɛ sɛ ɔdua nnɔbaeɛ a wɔde di dwuma wɔ wiase afaanan baabiara. Mmom, sɛ yɛredua nnɔbaeɛ bi na sɛ yɛanni kan anhwɛ sɛdeɛ saa nnɔbaeɛ no boɔ teɛ wɔ wiase nyinaa adwadie mu a, nneɛ anhwɛ a yɛrennya mfasoɔ a yɛrehwehwɛ no.

Wopɛ sɛ wofiri kuadwuma ase wɔ Ghana na wotumi di yie wɔ kuadwuma mu a, nneɛ ɛsɛ sɛ wodua nnɔbaeɛ ahodoɔ a ɛdidi soɔ yi mu bi: hwiiti, ɛmo, aburoo, atokoɔ, nkateɛ, adua, asaawa, ahwedeɛ, ntoosi, nyaadewa, aborɔbɛ, aborɔdwomaa, nkruma, kookoo, kɔfe, ne deɛ ɛkeka ho.

Mfasoɔ wɔ so pa ara sɛ, wobɛhyɛ da adua nnɔbaeɛ ahodoɔ a yɛabobɔ so yinom bebree wɔ nsase akɛseɛ so. Wotumi yɛ saa na woma w’ani ku w’adwuma ho a, wobɛnya sika bebree afiri adwuma no mu.

Mfasoɔ ahodoɔ a wobɛtumi anya afiri nnɔbaeɛ ahodoɔ a yɛdua tɔn no mu bi na ɛdidi soɔ yi:

  1. Wobɛnya sika bebree afiri mu: Okuani tumi dua nnɔbaeɛ a wɔde di dwuma wɔ wiase baabiara wɔ nsase akɛseɛ so a, ɛtumi ma no nya sika pa ara. Ɛsiane sɛ ɛyɛ nnɔbaeɛ a ɛho hia wɔ nnipa asetenam nti, ɛtumi hyia boɔ ma okuani nya so mfasoɔ bebree.

2.  Ɛboa ma afoforɔ nya adwuma yɛ: Ɛsiane sɛ okuani dua nnɔbaeɛ bebree wɔ nsase akɛseɛ so nti, ɔtumi fa nnipa bebree ma wɔboa no wɔ kuayɔ no mu. Yei tumi boa apaafoɔ no ma wɔnya sika hwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua.

3. Ɛboa ma nnuane bu so wɔ dwa so: Akuafoɔ a wɔdɔ mfuo akɛseɛ no boa ma yɛnnya nnuane bebree di wɔ wiase baabiara. Ɛsiane sɛ wɔdua nnɔbaeɛ bebree nti, ɛboa ma adwadifoɔ no nso nya bi tɔ kɔtɔn no dwa so ma obiara nsa ka bi.

4. Ɔman no nya bi kɔtɔn no amanɔne: Akuafoɔ dua nnɔbaeɛ bebree wɔ nsase akɛseɛ so a, ɛboa ma ɔman no nya nnuane no bi kɔtɔn ma aman afoforɔ a nnɔbaeɛ korɔ no ho yɛna wɔ hɔ. Yei tumi boa ma ɔman no nya sika bebree firi mu.

5. Ɛboa ma yɛnya bi de yɛ nneɛma afoforɔ: Nnɔbaeɛ binom wɔ hɔ a, sɛ yɛyi di a yɛtumi di bi no si nkyɛn a, wɔtumi nso de fa mfidie mu sakra mu de yɛ nneɛma afoforɔ a ɛboa ma nnipa astena tu mpɔn. Saa nneɛma yinom bi ne fangoo, anwa, rɔba, nnuro, ne deɛ ɛkeka ho.

Tɔfabɔ

Deɛ yɛabobɔ so yinom nyinaa da no adi sɛ, kuadwuma yɛ adwuma baako a ɛbɛtumi ama onipa adi yie wɔ asetenam pa ara. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso ne sɛ, sɛ yɛbɛtumi ayɛ kuadwuma anya sika bebree afiri mu a, ɛsɛ sɛ yɛhunu nnɔbaeɛ a yɛbɛdua, na yɛdua bebree wɔ nsase akɛseɛ so sɛdeɛ yɛbɛtumi atɔn anya sika bebree nso afiri mu.

Mmabunu de wɔn ho hyɛ kuadwuma mu a, ɛbɛtumi ama wɔadi yie pa ara.

Tags: abɛɛfo kuayɔkuadwumaKuayɔnnɔbaeɛ a ɛma sikasɛdeɛ wobɛtumi anya sika afiri kuadwuma mu
Deɛ atwam

Akwan ahodoᴐ binom a nnipa ani bԑtumi agye wᴐ mpenatweԑ mu wᴐ berԑ a mpa mu agodie mma mu

Deɛ ɛdi hɔ

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu
Adwadie mu nsɛm

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/10/2023
Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie
Adwadie mu nsɛm

Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/07/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ
Adwadie mu nsɛm

Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/28/2022
Wɔn a wɔkra nneɛma firi amanɔne ne wɔn a wɔde nneɛma mane kɔ amanɔne kuo no akasa
Adwadie mu nsɛm

Wɔn a wɔkra nneɛma firi amanɔne ne wɔn a wɔde nneɛma mane kɔ amanɔne kuo no akasa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/22/2022
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?