• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu

Akrobeto ho nsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/27/2023
wɔ Adesua, Anigyesɛm
0 0
0
Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu
0
SHARES
203
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Owura Akwasi Boadi Akrobeto yɛ onipa bi a n’abrabɔm nsɛm hyɛ yɛn nkuran pa ara. Sɛdeɛ mpanimfoɔ ka no, ‘Ɔsoro boa deɛ ɔboa ne ho’ ɛnna aburuburo nkosua, adeɛ a ɛbɛyɛ yie nsɛe da.

Wɔwoo Owura Akwasi Boadi Obubuo 18, 1962 wɔ Asante mantam mu. Ɔfiri Ayirebi a ɛwɔ Akyem Ɔda wɔ Atɔeɛ Mantam mu.

Ɔhyɛɛ ne sukuu ase wɔ Akyem Ayerebi L/A Mfitiaseɛ ne Adantam sukuu mu, ɛnna ɔwiee afe 1979 mu. Ɛwom sɛ wantumi antwa ne sɔhwɛ ankɔ sukuu annuru akyire deɛ, nanso ɔde n’abrabɔ ne n’adwumaden akyerɛ sɛ, ɛnyɛ sukuu ne nwomasua nko ara na ɛma onipa di yie wɔ asetenam.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Akrobeto nni abodin krataa biara a ɛkyerɛ sɛ wagye nteteɛ wɔ suapɔn biara mu wɔ Ghana ha, nanso sɛ yɛrekan ɔman yi animdefoɔ ne animuonyamfoɔ a, yɛrentumi nyi no mfiri mu mma no nyɛ yie.

Akrobeto hyɛɛ n’adwuma ase sɛ nsɛnkwaayini mfeɛ pii a atwam. Ɔne Kristo Asafo ahwɛgroɔ kuo a Onimuonyamfoɔ Kwadwo Safo Kantanka teeɛ no bɔɔ mu yɛɛ adwuma. Nnipa binom a Akrobeto ne wɔn dii dwuma saa berɛ no ne Agya Koo, Mercy Asiedu (Asaabea) ne Nkɔmmɔdɛ. Ahwɛgorɔ kuo yi goroo wɔ Key Soap Kɔnsɛt Paati ase wɔ beaeɛ a wɔyi sini wɔ ɔman yi mu no.

Ɛsiane adwumaden, ahofama, ahobrɛaseɛ ne nteteɛ pa a Kristo Asafo de maa no nti, Akrobeto dwumadie sɛ sinitwani no bɛtuu mpɔn maa nnipa nyinaa ani bɛgyee ne ho pa ara. Yei nti, wɔde no dii dwuma ahoroɔ bebree wɔ Key Soap Kɔnsɛt Paati dwumadie mu.

Ɛnnɛ, sɛ yɛrebu nnipa a wɔn dwumadie sɔ ani na wɔagye din wɔ sinitwa adwuma no mu pa ara, Akrobeto da mu fua. Ɔka nnipa a wɔaboa ama Kumase Sinitwa kuo no atumi agye nhini no ho. Ɛde rebɛsi ɛnnɛ yi nyinaa, sɛ wɔtwa sini bi na Akrobeto nka ho a, nnipa dodoɔ no ara ani nnye ho sɛ wɔbɛhwɛ sini no ɛfiri sɛ, wayɛ Ahoampamu gyeene wɔ sinitwa adwuma no mu.

Ɔdɔ ne ahofama a ɔwɔ ma n’adwuma nti, berɛ a Kumase Sinitwa kuo no adwuma brɛɛ ase mpo, ɔsane de ne ho kɔdɔm Despite adwumakuo no. Ɛhɔ nso, ɔdanee n’adwuma sɛ sinitwani no bɛyɛɛ obi a ɔkenkan kaseɛbɔ wɔ TV so. Anokwa, Akrobeto akyerɛ sɛ mmerɛ redane a na wadane wo ho bi ampa.

Nokwasɛm ne sɛ, onipa biara a ɔnim Akrobeto yie no bɛgye atom sɛ, ɛfiri tete de bɛsi ɛnnɛ yi nyinaa, ne dwumadie da so ara yɛ anika na onipa biara nso ani gye ne ho.

Ɛwom sɛ Akrobeto nni abodin krataa anaasɛ wantumi ankɔ sukuu annuru akyire deɛ, nanso wabɛyɛ kokurommoti a yɛnsane ne ho mmɔ pɔ wɔ sinitwa adwuma no mu. Ɛnnɛ, n’akatua a ɔgye no mpo boro nnipa binom a wɔakɔ sukuu aduru akyire no deɛ so bebree.

Ɛba no din nso a, wagye bi wɔ wiase nyinaa. Ɛfiri berɛ a ɔhyɛɛ aseɛ kenkann kaseɛbɔ wɔ UTV so no, aborɔfo binom a wɔmfiri Abibirem mpo akyerɛ ne mmɔdemmɔ no ho anisɔ kɛseɛ pa ara. Wɔde ne sereɛ ne ne kasa mpo ahyehyɛ sini ahodoɔ a wɔde yi nsɛnkwaa mu. Yei kyerɛ sɛdeɛ wiase nyinaa akyerɛ sɛ, wɔn ani gye n’hofama ne ne mmɔdemmɔ no ho pa ara.

Ɛba no agyapadeɛ biara a onipa bɛtumi ayɛ ama n’ani agye wɔ asetenam a, Akrobeto ayɛ ne nyinaa bi. Bio nso, wagye abasobɔdeɛ ahoroɔ bebree wɔ ne dwumadie nyinaa mu. Akyɛdeɛ a nnwumakuo ne nnipa atitire binom de ama no nso deɛ, yɛnka. Sika nso deɛ, wanya bebree kwa.

Tɔfabɔ

Yɛhwɛ sɛdeɛ Akrobeto de n’adom akyɛdeɛ, n’ahoɔden, n’ahofama, ne ne mmɔdemmɔ atumi ayɛ nnepa pii wɔ asetenam wɔ berɛ a nwomasua anaa abodin biara nka ho no a, ɛma yɛhunu sɛ, biribiara a yɛbɔ mu mmɔden wɔ asetenam no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛyɛ no yie.

Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛdwene sɛ nwomasua nko ara ne ɔkwan a onipa bɛtumi afa so adi yie wɔ asetenam. Mmom, sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛdeɛ bi anaasɛ biribi a yɛbɛtumi de yɛn nsa ayɛ a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku ho na yɛyɛ no yie.

Bio, ɛnsɛ sɛ fɛreɛ nti, yɛka yɛn dom akyɛdeɛ hyɛ anaasɛ yɛtwetwe yɛn ho wɔ nneɛma binom a yɛbɛtumi ayɛ mu. Sɛdeɛ mpanimfoɔ ka no, ‘Agorɔ ne fam’ nti, akwannya biara a wobɛnya no, bɔ mmɔden sɛ wobɛyere wo ho ayɛ deɛ wotumi yɛ biara na woyɛ no yie nso.

Tags: AkrobetoAkwasi BoadiKumawoodReal News
Deɛ atwam

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Deɛ ɛdi hɔ

Nneɛma ahodoɔ binom a ɛtumi ma awoɔ ho yɛ den ma mmaa

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nneɛma ahodoɔ binom a ɛtumi ma awoɔ ho yɛ den ma mmaa

Nneɛma ahodoɔ binom a ɛtumi ma awoɔ ho yɛ den ma mmaa

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?