• Twi
  • Fante
12:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwenkyerɛ

Mperewanyinsɛn, ɔhaw foforɔ a ɛredi Ghana nya

Mperewanyinsɛn Farebae, ne Nsunsuansoɔ, ne Sɛdeɛ Yɛbɛsi Ano Kwan

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
10/07/2022
wɔ Adwenkyerɛ, Amammerɛ, Amanyɔsɛm, Awerɛhosɛm, Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Mperewanyinsɛn, ɔhaw foforɔ a ɛredi Ghana nya
0
SHARES
276
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mprempren, ɛsiane sɛdeɛ asetenam ayɛ den nti, nnipa dodoɔ no ara adwene yɛ wɔn sɛ ɔman yi haw titire pa ara yɛ yɛn sikasɛm a ɛnkɔ yie no, nanso ɛrekame ayɛ sɛ baabiara nnwoeɛ. Ɛwom, sika yɛ adeɛ a onipa biara hia bi wɔ n’asetena mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi atoto nneɛma sɛdeɛ ɛsɛ. Saa ara nso na aban no hia sika na ama no atumi abɔ ɔman no ho bra yie ama ɔmamfoɔ no nso anya asetena pa ama wɔn asom adwo wɔn ɛfiri sɛ, mpanimfoɔ se, ‘Kwan nkyɛn adeɛ yɛ fɛ a, yɛde sika na ɛyɛ.’

Mmom, ɔhaw titire baako a ɛredi ɔman no nya pa ara ne mperewanyinsɛn a atu atese wɔ baabiara no. Yɛnim sɛ ɔman biara daakye yɛ mmabunu a wɔwɔ ɔman no mu ɛfiri sɛ, mpanimfoɔ to sa a, ɛkɔ mmeranteɛ deɛ mu. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ yɛamfa yɛn nan ansi fam a, yɛbɛtena mfofoa ho ama no adane yɛn kwaeɛ.

Amanebɔ a Asoeɛ a Ɛhwɛ Apɔmuden so wɔ Ghana de bɛtoo dwa kaa sɛ, ɛfiri 2016 kɔpem 2020 no, mmaayewa bɛboro ɔpepem fa na wɔfaa afuro. Amanebɔ no kyerɛɛ sɛ, saa mmaayema yinom yɛ mmɔfra a wɔadi firi mfeɛ du kɔsi dunkron. Ɛde kaa ho bio sɛ, mmaayewa a na wadi firi mfeɛ 10 kɔsi 14 a na wɔka ho no dodoɔ yɛ 13,400.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Mmaayewa a wɔnkɔ sukuu koraa anaa wɔnkɔ nnuru akyiri yɛ adeɛ baako a ɛde mperewanyinsɛn ba pa ara. Rafiskata Mohammed a ɔhwɛ mmaayewa sukuusɛm so wɔ Ghana Atifi fam de too dwa sɛ, “Yɛahunu mmaayewa bebree a wɔadi mfeɛ 14 kɔsi 15 a wɔafa afuro. Wɔn mu binom tumi toa wɔn sukuu so, nanso dodoɔ no ara gyae sukuu kɔware. Mmaayewa a yɛhwɛ wɔn so no mu baako a ɔkɔfaa afuro gyaee sukuu no kɔyɛɛ kayayo wɔ Nkran sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi anya sika de adidi.”

Rafiskata de kaa ho sɛ, adeɛ baako nso a ɛde mperewanyinsɛn ba pa ara ne mmaayewa a wɔhyɛ wɔn ma wɔware ntɛm. Ɛtɔ da a, ɔbaa no mpɛ sɛ ɔbɛware mpo a, ɔbarima no hyɛda nyem no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ ɔbaa no abusua abufuo ama wɔapo ɔbaa no ama no aware no.”

Afei nso, sikasɛm mu ahokyerɛ, ne awofoɔ a wɔntene wɔn ho nhwɛ wɔn mma yie nso tumi de mperewanyinsɛn ba. Ahokyerɛ nti, mmaayewa dodoɔ no ara tumi bisabisa nnoɔma binom firi mmarima hɔ. Ɛba saa a, mmarima atirimuɔdenfoɔ yinom ma mmaayewa yi de wɔn ayaase tua wɔn ka na ɛnam so ma mmaayewa yi tumi fa afuro.

Adeɛ baako nso a ɛtumi ma mperewanyinsɛn kɔ animu ne nteteɛ pa ne nkyerɛkyerɛ pa a ɛfa ɔbarima ne ɔbaa nna ho a awofoɔ binom ne sukuu dodoɔ no ara ntumi mfa mma wɔn mmɔfra no. Sɛdeɛ mpanimfoɔ aka no, mereka ahwɛ na ɛmaa nkwansɛn bua daeɛ nti, ɛtɔ da a, mmaayewa yi adwene ara ne sɛ wɔrekɔsɔ ahwɛ nanso wɔbɛhunu na ate aka wɔn kɔn mu ama ɛde asɛm aba.

Ɛnyɛ deɛ mabobɔ so yi nko ara ne nneɛma a ɛtumi de mperewanyinsɛn ba nanso sɛ yɛka sɛ yɛredi adwene dɛ akyi a, yɛbɛhwe Asuo Frao.

Sɛ yɛbɛtumi abrɛ ɔhaw yi ase a, ɛsɛ sɛ aban no hyɛ mmara ketee a ɛne mmarima a wɔne mmaayewa a wɔnnuruu wɔn mpanin mfeɛ so deda bo bɛdi no nwonwonwo. Mmara a ɛwɔ hɔ dada no nso, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mu kena.

Afei nso, ɛsɛ sɛ awofoɔ boa wɔn mma ma wɔhunu asiane a ɛwɔ mperewanyinsɛn mu ne sɛdeɛ wɔbɛtumi atwe wɔn ho afiri ho. Bio, ɛsɛ sɛ sukuu biara hyɛda yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛbɛboa ama mmaayewa asua nneɛma binom a wɔbɛtumi ayɛ de abɔ wɔn ho ban afiri mperewanyinsɛn ho ne sɛdeɛ wɔbɛtumi de botaeɛ papa binom asisi wɔn ani so sɛdeɛ ɛbɛyɛ wɔbɛtumi anyini abɛyɛ nnipa titire wɔ ɔman yi mu.

Tags: Akan KaseɛbↄAkan newsJoseph AboagyeMperewanyinsɛn
Deɛ atwam

Ↄhↄhoↄ bi a wↄkyee no sɛ ↄde kaa rebu n’ani a wanyɛ no yie

Deɛ ɛdi hɔ

PURC ɛdi ato ECG anim sɛ wɔn mpata wɔn a wɔne wɔn di dwuma a ɛhaw yi ɛkaa wɔn.

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani
Adesua

So, nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ adwene no so?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/25/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
PURC ɛdi ato ECG anim sɛ wɔn mpata wɔn a wɔne wɔn di dwuma a ɛhaw yi ɛkaa wɔn.

PURC ɛdi ato ECG anim sɛ wɔn mpata wɔn a wɔne wɔn di dwuma a ɛhaw yi ɛkaa wɔn.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?