• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwenkyerɛ

Monaatoɔ

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
03/17/2023
wɔ Adwenkyerɛ
1 0
0
Monaatoɔ
0
SHARES
106
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Monaatoɔ ne sε obi reyere anaa ɔrehyε ɔfoforɔ ne no ada wɔ berε a saa nipa no mmaa no ho kwan, anaa ɔne obi a ɔrentumi nsi gyinaeε mma ne ho εnam sε ɔyε abɔfra, ɔwɔ adwene mu haw, wafa nnuro, waboro, n’adwene nni ne ho so anaa wɔadaadaa noɔ no renya nna mu nkitahodie. Kane no, na nkyerεkyerεmu a yεde ma monaatoɔ no yε sε ɔbarima bi rehyε ɔbaa bi ne no ada wɔ berε a ɔmmaa no ho kwan. Nanso sεdeε nteaseε wɔ hɔ wɔ ho seesei no, monaatofoɔ anaa deε wɔato no monaa no bεtumi ayε ɔpanin bi a ɔyε bɔbea ahodoɔ mmienu no mu baako anaasε abɔfra. Mmaa tumi to mmarima monaa deε, nanso deε εtaa si pa ara wɔ yεn man yi mu ne mmeaeε afoforɔ no yε deε mmarima to mmaa monaa. Monaatoɔ nso tumi kɔ so wɔ awarefoɔ ntam, berε a okunu no nam ɔhyε so ne ne yere no da berε a ɔmmaa no ho kwan saa. Ne tiawatwa mu no, sε obi de ne honam akwaa no mu biara anaa biribi rewura sεbe, ɔbaa ase kakra anaa kεseε, anaasε ɔde ne barima rehyε ɔfoforɔ anom ketewa bi anaa kεseε wɔ berε a nipa no mmaa no ho kwan no yε monaatoɔ.

Monaatofoɔ binom nso tumi to mmɔfra monaa.

Botaeε a monaatofoɔ gyinaa so de to monaa no gu mu ahodoɔ. Ebinom to afoforɔ monaa εnam sε wɔpε sε wɔtwe wɔn aso wɔ bɔne anaa mfomsoɔ bi a wɔayε wɔn ho, ebinom yε saa sεdeε wɔn a wɔato wɔn monaa no bεkɔ yea mu kεkε, ebinom yε de kyerε sε wɔn ho gyina wɔn ho, ebinom nso yε saa εfiri sε wɔntumi nhyε wɔn akɔnnɔ so.

Monaatoɔ no akyi, wɔn a wɔato wɔn monaa no nso kɔ ateetee mu yie. Animguaseε ka wɔn, ehu bɔ wɔn berε biara a wɔbεkae anaa wɔbεtwam wɔ faako a monaatoɔ no kɔɔ so no, wɔtumi nya nna mu yadeε, εtumi si ebinom awoɔ ho kwan, ehu bɔ wɔn sε wɔbεnya nna mu nkitahodie biara mpo wɔ berε a wɔaware no, ehu bɔ wɔn sε obi bεdi wɔn akyi berε a wɔn nko ara nam baabi nnipa nhyεda nni, abufuo hyε wɔn so, wɔyε basaa a wɔnhunu deε wɔnyε, wɔn mu binom tumi hwere gyidie wɔ wɔn mu, ebinom tumi fa nyinsεn wɔ mu, ebinom nso tumi gye wɔn kra firi wɔn nsam. Ebinom fa ateetee yi mu mmerε kakra bi na wɔasane asi wɔn dada mu, ebinom nso fa mu mfeε pii ma no nya nsunsuansoɔ bɔne kεseε pa ara wɔ wɔn abrabɔ so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Wɔn a wɔato wɔn monaa no tumi fa ateetee mu mfeɛ pii.

Monaatoɔ yε mmaratoɔ a ano yε den pa ara, εno nti εtwa sε wɔn a wɔde afoforɔ kɔ saa ateetee mu no nyinaa nya ho asotwe. Nanso εntaa nsi sε wɔn a wɔato wɔn monaa no bεkɔ akɔtwerε wɔn ano asεm atia monaatofoɔ no. Adεn ntira? Mpen pii no εyε a na εyε animguaseε ma wɔn sε εbεda adi, mmusua binom mpo tumi ka wɔn nnipa wɔato no monaa no hyε sε ɔnnyaa mu mma no nka εnam sε wɔmpε sε animguaseε bεka wɔn abusua no nti. Deε wɔn mu binom yε ara ne monaatofoɔ no mfa sika mpata deε wato no monaa no, na asεm no to ntwa wɔ hɔ ara. Nanso mpεn dodoɔ saa nneyεeε yi rekɔ so no, na εrema monaatofoɔ no ahoɔden εsiane sε ɔnim sε ebi si bio mpo a εnyε adeε a obi bεkɔ apolisifoɔ nkyεn akɔtwerε n’ano asεm atia no, deε ehia ara ne sε ne nsa bεka sika a ɔde bεpata nipa a wato no monaa no.

Ɛtwa sɛ abusuafoɔ hwɛ sɛ mmara no ne deɛ wato wɔn dehyeɛ bi monaa no di.

Adeε foforɔ nso a εma wɔn a wɔato wɔn monaa no gyaa mu sε wɔde asεm no bεkɔ asεnnibea, titire ne wɔn a wɔwɔ Ghana nkuraseε no ne sε, wɔnnya sika a wɔde bεkɔ ayaresabea ama wɔayε wɔn mu nhwehwεmu, na wɔn nsa aka εho krataa a εdi adanseε sε wɔato wɔn monaa no, na kampεsε wɔatumi akɔtwerε wɔn ano asεm. Ansa na obi bεtumi atwerε n’ano asεm atia obi sε saa nipa no ato no monaa no, εtwa sε ne ns aka saa krataa no ansa. Wei ma nnipa pii a wɔato wɔn monaa na wɔnni sika a wɔde ayaresabea ama wɔn nsa aka adanseε krataa yi no to wɔn adwenem wɔ ho na wɔn anidasoɔ nso sa. Monaatofoɔ tumi fa wɔn a wɔsusu sε wɔnni sika, a mpo wɔn ano aduane yε wɔn den sε wɔbεnya no yε bɔne sei, εsiane sε wɔnim sε wɔn a wɔte saa no sika nso wɔn mpo na kampεsε wɔanya bi de akɔtwerε wɔn ano asεm atia wɔn.

Mmaranimfoɔ Francis-Xavier Sosu.

Wei ho na Owura Francis-Xavier Sosu a ɔyε nnipa fawohodie ho mmarinimfoɔ ne Ghana mmarahyεbadwani de too dwa wɔ afe atwam no sε, “Yεhia mmara a εbεda adi pefee sε abɔfra anaasε ɔbaa biara a wɔayε no bɔne sei no bεtumi akɔ ayaresabea ama wɔayε no εho nhwehwεmu na wɔasane ahwε n’apɔmuden wɔ berε a ɔntua sika biara.” Yεgu so ara rehwε anim sε mmara a εte saa bεtumi ayε adwuma ama wɔn a sikasεm nti wɔnnya asotwe mma wɔn a wɔsεe wɔn abrabɔ no.

Yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɛn wɔn a wɔato wɔn monaa no na yɛahyɛ wɔn nkuran.

Wonim obi a wafa ɔhaw sei ara bi mu pεn a mmu no animtia. Twe bεn no, εne no mmɔ nkɔmmɔ. Ka nkuranhyεsεm kyerε no εsiane sε εkɔba no sei a nsεm pii na εkɔ so wɔ wɔn adwene mu. Afei εnyε sikasεm na εbεyε akwansideε a, εsε sε abusuafoɔ hwε hunu sε monaatofoɔ no bεfa mmara nsam ama mmara no ne no adi. Wei bεma afoforɔ nso a anka wɔbεyε saa mfomsoɔ no ara no twe wɔn ho firi ho, εsiane sε wɔhunu sε asotwe bi da saa bɔnesεm no ho.

Tags: ahobaa nsuoahosiesieapolisifoɔAsɛnnibeaAyaresabeabarimaGhanammaranimfoɔMonaatoɔnhwehwɛmu
Deɛ atwam

Atadwe so mfasoᴐ atitire nsia wᴐ apᴐmuden mu

Deɛ ɛdi hɔ

Akwan dunum binom a wobɛtumi afa so abɔ wo ho ban wɔ nsutɔ berɛm

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani
Adesua

So, nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ adwene no so?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/25/2023
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani
Adesua

Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akwan dunum binom a wobɛtumi afa so abɔ wo ho ban wɔ nsutɔ berɛm

Akwan dunum binom a wobɛtumi afa so abɔ wo ho ban wɔ nsutɔ berɛm

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?