• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Mogya nkyekyɛmu ahodoɔ ne adidie wɔ twaka soronko bi. So, wei yɛ nokorɛ anaa?

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
01/17/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Mogya nkyekyɛmu ahodoɔ ne adidie wɔ twaka soronko bi. So, wei yɛ nokorɛ anaa?
0
SHARES
130
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɔdasani biara nni hɔ a ɔde n’apɔmuden to kyakya. Obiara ani ku n’apɔmuden ho yie, ne saa nti nkyerɛkyerɛ ahodoɔ pii na nnipa binom da no adi fa apɔmuden ho. Ebinom fa nneyɛeɛ a ɛsɛ sɛ yɛda no adi ma yɛn nsa ka apɔmuden pa ho, ebinom fa nnuane a ɛsɛ sɛ yɛdi, nnuro a ɛsɛ sɛ yɛtumi fa ne dodoɔ a ɛtwa sɛ yɛde kɔ yɛn nipadua mu ho. Obiara de biribi reto dwa deɛ, mmom deɛ yɛhunu, yɛte na yɛkenkan nyinaa na ɛyɛ nokorɛ saa anaa? Ɛnnɛ, nnipa binom gye di sɛ mogya nkyekyɛmu ahodoɔ pɔtee bi a wɔwɔ no mma wɔn kwan sɛ wɔnni nnuane bi ɛnam wɔn apɔmuden nti, mmom nnuane foforɔ pɔtee bi wɔ hɔ a ɛtwa sɛ wɔdi. Momma yɛnhwɛ ɛ sɛ wei yɛ nokorɛ anaasɛ ɛnte saa.

Mogya nkyekyɛmu ahodoɔ no yɛ A, B, AB anaa O.

Mogya wɔ nkyekyɛmu ahodoɔ bebree wɔ nipadua no mu, saa nkyekyɛmu yi gyina antegen bi a mogya nkwammoa no wɔ anaasɛ ɛnni so. Ɛwom sɛ mogya nkwammoa a ɛwɔ nipadua no mu dɔɔso yie deɛ, nanso emu mmiɛnsa  pa ara na ɛdi akotene wɔ apɔmuden mu, ɛno ne ABO mogya nkyekyɛmu. Wei nti obi kɔ ayaresabea anaa faako a wɔhwehwɛ mogya mu biara kɔhwɛ mogya ahodoɔ no mu pɔtee a ɛwɔ ne mu a, ɛtumi yɛ A, B, AB anaasɛ O.

Mfasoɔ a mogya nkyekyɛmu yi wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so ne sɛ, ɛboa ma yɛhunu mogya pɔtee bi a ɛtwa sɛ wɔde ma obi a ɔhia mogya. Wei nti ɛkɔba sɛ yɛanhunu mogya nkyekyɛmu pɔtee bi a ɛne deɛ ɔhia mogya no deɛ kɔ, na yɛkɔfa mogya nkyekyɛmu ahodoɔ no mu biara de ma no a, ɛtumi nya nsunsuansoɔ kɛseɛ wɔ deɛ wagye mogya no apɔmuden so ma mpo, ne nkwa koraa tumi firi ne nsa. Wei titire ne deɛ nti a ɛtwa sɛ obiara hunu mogya nkyekyɛmu pɔtee bi a ɛwɔ ne mu, na ɛnyɛ aduane asɛm koraa.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Yɛgyina nkyerɛmu a yɛadi kan de ama no so a, na ɛkyerɛ sɛ mogya nkyekyɛmu pɔtee biara wɔ mogya nkyekyɛmu afoforɔ bi a ɛbɛtumi ne no ahyia a nsunsuansoɔ biara remma akyire. Momma yɛnhwɛ wei ɛ!

  • Sɛ obi mogya nkyekyɛmu pɔtee bi yɛ A a, ɔbɛtumi atwe mogya ama obi a ne deɛ yɛ A anaasɛ AB nko ara. Saa ara na ɔno nso bɛtumi agye mogya afiri obi a ne mogya nkyekyɛmu yɛ A anaa O nko ara hɔ.
  • Obi nso mogya nkyekyɛmu pɔtee yɛ B a, ɔbɛtumi atwe mogya ama obi a ne deɛ yɛ B anaa AB nko ara. Saa ara na ɔno nso bɛtumi agye mogya afiri obi a ne mogya nkyekyɛmu yɛ B anaa O nko ara hɔ.
  • Sɛ obi nso mogya nkyekyɛmu pɔtee bi yɛ AB a, ɔbɛtumi atwe mogya ama obi a ne deɛ yɛ AB nko ara. Saa ara na ɔno nso bɛtumi agye mogya afiri obi a ne mogya nkyekyɛmu yɛ AB, A, B anaa O hɔ.
  • Sɛ obi mogya nkyekyɛmu pɔtee yɛ O a, ɔbɛtumi atwe mogya ama obiara, sɛ deɛ ɔregye mogya no deɛ yɛ A, B, AB anaasɛ O. Saa ara na ɔno nso bɛtumi agye mogya afiri obi a ne mogya nkyekyɛmu yɛ O nko ara hɔ.

Twaka a mogya nkyekyɛmu ahodoɔ ne adidie wɔ.

Ebinom susu sɛ mogya nkyekyɛmu pɔtee a wɔwɔ no na ɛbɛkyerɛ nnuane a ɛtwa sɛ wɔdi ne deɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho firi ho.

Nkyerɛkyerɛ a yɛte no mmɔntene so sɛ mogya nkyekyɛmu pɔtee a obi wɔ no na ɛkyerɛ nnuane a ɛtwa sɛ ɔdi no firi Owura bi a yɛfrɛ no Peter James D’Adamo ne ne babarima Peter D’Adamo. Saa Owura yi yɛ Canadani a ɔnam adidie ne ɔnom ne Ɔbɔadeɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so sa yadeɛ. D’Adamo kyerɛ sɛ aduane a ɔdasani biara di no nya nsunsuansoɔ wɔ ne mogya nkyekyɛmu pɔtee a ɔwɔ so. Wei nti sɛ obi di aduane a ɛne ne mogya nkyekyɛmu no kɔ pɛ a, ɛtumi boa ma saa nipa no nipadua tumi yam aduane no yie ma no nya mu ahoɔden, na ɛsane nso si yadeɛ bebree ano kwan. Saa ara nso na obi di deɛ ɛne ne mogya no nkɔ pɛ a, ɛtumi nya nsunsuansoɔ bɔne wɔ n’apɔmuden so. Wei yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfiri D’Adamo. Wɔn a wɔdi ne nkyerɛkyerɛ akyi no nam ɛno so atua wɔn ho nnuane bebree a anka ɛbɛtumi aboa wɔn apɔmuden.

Owura Peter James D’Adamo a ɔde twaka a ɛda mogya nkyekyɛmu ahodoɔ ne adidie ho nkyerɛkyerɛ baeɛ no.

Wiase nyinaa apɔmuden kubaatan (WHO) kyerɛ sɛ saa D’Adamo nkyerɛkyerɛ yi nni nyinasoɔ papa biara wɔ apɔmuden mu, ne saa nti wɔnnye ntom.

Ɛwom sɛ nnipa binom adi D’Adamo nkyerɛnkyerɛ no akyi pɛpɛɛpɛ ama wɔhunu no sɛ ne nsɛm no yɛ nokorɛ deɛ, ɛsiane sɛ ebinon adi nnuane bi a wɔsusu sɛ wɔn mogya nkyekyɛmu nti ɛnni kwan sɛ wɔdi ama wɔafa ɔhaw mu ampa ara sɛdeɛ nkyerɛkyerɛ no teɛ deɛ, nanso apɔmuden ho dwumayɛni, Owura Jeffery R. Dawson a ɔyɛ dɔkota wɔ Duke Suapɔn a ɛwɔ Amerika no kyerɛ sɛ, ɛnam sɛ saafoɔ no nyinaa adi kan agye atom wɔ wɔn adwenem dada sɛ saa nnuane no bɛnya nsunsuansɔ bɔne wɔ wɔn so no nti na wɔhunu nsunsuansoɔ a ɛte saa no, na ɛnyɛ turodoo sɛ wɔn mogya nkyekyɛmu no ne adidie wɔ twaka bi nti na ɛba no saa.

Hyɛ no nso sɛ nnipa bebree adi saa nkyerɛkyerɛ yi akyi atuatua wɔn ho nnuane ahodoɔ bebree ama wɔahwere nnuanennuro bebree wɔ wɔn nipadua mu, ama no anya nsunsuansoɔ bɔne wɔ wɔn apɔmuden so.

Sane hyɛ no nso sɛ dɔkota bɛtumi atua wo nnuane bi di ɛnam yadeɛ bi a wahunu no wɔ wo nipadua mu nti, na ɛnyɛ sɛ adidie ne wo mogya nkyekyɛmu wɔ twaka bi ntira.

Kenkan pii fa w’apɔmuden ho, mmom hunu nsɛm no mu deɛ ɛyɛ nokorɛ kane. Kyɛ wei ma afoforɔ a wɔadi saa nnaadaasɛm no akyi akyɛ ne nnipa pii ma wɔnnya nokorɛ wei nso. Wobɛtumi aka ho asɛm.

Tags: aduaneAfconantegendɔkotaMogyankwammoa
Deɛ atwam

Nna mu yadeɛ ahodoɔ mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Deɛ ɛdi hɔ

Mogya a ɛso ate.

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Mogya a ɛso ate.

Mogya a ɛso ate.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?