• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Gyɛnotaepo mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
12/30/2022
wɔ Adesua
0 0
0
Gyɛnotaepo mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.
0
SHARES
186
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Awadeɛ firi tete, ɛnyɛ nnɛɛmafoɔ adeɛ. Mmom nneɛma ahodoɔ pii na asesa afiri kane awadeɛ nhyehyɛeɛ no mu seesei ɛnam adesua nti. Kane no, na ɔbaa ne ɔbarima bi nya wɔn ho nteaseɛ sɛ wɔbɛka wɔn ho abɔm sɛ awarefoɔ a, deɛ na ɛhia ara ne sɛ wɔn mu biara bɛbɔ n’abusua amaneɛ. Ɛwom sɛ na wɔtumi yɛ nhwehwɛmu wɔ mmusua no mu hwɛ sɛ yadeɛ kɛseɛ biara nni mu deɛ, nanso na saa nhwehwɛmu no nnuru deɛ yɛrebɛhwɛ no seesei no so.

Ɛnnɛ yi, ɔbaa ne ɔbarima bi bɛtumi adɔ wɔn ho yie a wɔayɛ krado sɛ wɔware, nanso sɛ wɔammɔ wɔn ho mmɔden anyɛ wɔn apɔmuden mu nhwehwɛmu ahodoɔ bi a ɛhia ansa na wɔatu awadeɛ no ho anammɔn a, ɛtumi ma wɔn ho teetee wɔn ankasa wɔ wɔn awadeɛ no mu.

Apɔmuden ho nhwehɛmu ahodoɔ pii na ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu, ɛno boa wɔn ma wɔhunu sɛ wɔn baanu nkabom no bɛboa wɔn ankasa ne mmɔfra a wɔbɛwo wɔn no daakye a.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Apɔmuden nhwehɛmu ahodoɔ no mu baako a yɛrebɛhwɛ no seesei ne gyɛnotaepo. Momma yɛnkɔ so ɛ!

Gyɛnotaepo yɛ mogya mu nhwehwɛmu a ɛda adi ma yɛhunu proten pɔtee a ɛwɔ mogya no nkwammoa no mu. Obi proten a ɛwɔ ne mogya nkwammoa no ho no bɛtumi ayɛ AA, AS, AC, SS anaa SC, mmom ne nyinaa gyina deɛ wɔnya firi wɔn awofoɔ nkyɛn wɔ awosu mu. Saa nhwehwɛmu yi kyerɛ yɛn ma  yɛhunu sɛ saafoɔ yi baanu anaa wɔn mu baako wɔ ɔhaw wɔ proten a ɛwɔ mogya no nkwammoa ho pa ara (SS), anaasɛ saa proten no ho ate kyema kakra (AS), anaasɛ ɔhaw nni ho koraa (AA).

Gyɛnotaepo ahodoɔ no mu nkyerɛmu yie. 

Gyɛnotaepo ahodoɔ a yɛabobɔ so wɔ soro hɔ no mu biara wɔ deɛ ɛgyina hɔ ma, na nkyerɛaseɛ a ɛbiara wɔ no na ɛbɛkyerɛ sɛ emu mmienu bɛtumi aka abom wɔ awadeɛ mu anaasɛ daabi. Megye di sɛ w’ani da so ara di adesua no akyi, momma yɛntie ha yie ɛ.

1. AA + AA

Nhwehwɛmu mu no, atwerɛdeɛ ‘A’ no gyina hɔ ma gyɛnotaepo a ɔhaw biara nni ho wɔ nipa no apɔmuden so. Ɛno nti sɛ nnipa baanu a wɔayɛ krado sɛ wɔware no kɔyɛ nhwehwɛmu na wɔn mu biara gyɛnotaepo no yɛ AA a, ɛnneɛ na ɛsane sɛ ɔhaw biara nni ho nti wɔn nso nni haw biara, na wɔtumi kɔ so ware. Na mmɔfra a wɔbɛwo wɔn no nyinaa ara bɛyɛ mmɔfra a wɔnni haw koraa wɔ wɔn gyɛnotaepo ho.

2. AA + AS

Yɛhunu ‘S’ baako yi sɛ ɛbata ‘A’ no ho a, na ɛkyerɛ sɛ saa nipa no proten a ɛwɔ mogya no nkwammoa mu no ho ate kyema kakra,  ɛnnya nsunsuansoɔ biara wɔ ne so deɛ nanso ɔbɛtumi de saa kyemateɛ no ara bi awo ne mma. Wei nti, sɛ baanu no kɔyɛ nhwehwɛmu na ɔbaako gyɛnotaepo yɛ AA, na ɔfoforɔ no deɛ yɛ AS a, na ɛkyerɛ sɛ mmɔfra nnan na wɔbɛwo wɔn a, mmɔfra no mu mmienu gyɛnotaepo bɛyɛ AA (deɛ mfomsoɔ biara nni ho), na baanu a aka no nso deɛ ayɛ AS (deɛ ate kyema kakra no). Gyɛnotaepo ahodoɔ mmienu yi nkabom no rentumi mfa mmɔfra a wɔn gyɛnotaepo no ho ate kyema pa ara mma, ne saa nti saa nnipa baanu yi tumi kɔ so ware. Hyɛ no nso sɛ ɛba no gyɛnotaepo no a, abɔfra biara fa ɛfa bi firi n’agya hɔ, na wafa fa nso afiri ne na hɔ aka ho ama no ayɛ fua.

3. AA + SS

Nnipa baanu a wɔakɔyɛ wɔn nhwehwɛmu a ɛho mmuaeɛ aba sɛ ɔbaako yɛ AA, na ɔfoforɔ no yɛ SS no nso bɛtumi aware deɛ. Mmom mmɔfra a wɔbɛwo wɔn no nyinaa gyɛnotaepo a wɔbɛnya bɛyɛ AS nko ara (deɛ proten a ɛwɔ mogya no nkwammoa ho ate kyema kakra).

4. AS + AS

Nnipa baanu a wɔn gyɛnotaepo yɛ AS ne AS no nso rentumi nware, adɛn ntira?Ɛkɔba saa a mmɔfra baanan a saa awofoɔ yi bɛwo wɔn biara no, wɔn mu baako gyɛnotaepo bɛyɛ SS (deɛ kyemateɛ wɔ ho pa ara). Baasa no deɛ bɛyɛ AA (deɛ ɔhaw biara nni ho), AS (deɛ ate kyema kakra) ne AS (deɛ ate kyema). Wei nti ɛtwa sɛ wɔda wɔn ho so na wɔsi agyinapa ma wɔn daakye. Ebinom bɛdwene sɛ mmɔfra no mu baako pɛ na sɛbe ɔbɛyɛ yarefoɔ wɔ saa nkabom yi deɛ a, ɛnneɛ anka ɛyɛ. Nanso wobɛyɛ dɛn na woahunu sɛ w’abakan na ɔbɛfa saa ateetee yi mu, deɛ ɔtɔ so mmienu anaa deɛ ɔtwa toɔ? Wonnim no nti na ɛtwa sɛ wosi agyinaeɛ pa na wamfa abɔfra biara amma asase yi so amma no ammɛkɔ ateetee mu.

5. AS + SS

Ɔbaa ne ɔbarima a wɔpɛ sɛ wɔware na wɔakɔyɛ wɔn nhwehwɛmu, na ɔbaako yɛ AS, na ɔfoforɔ no nso yɛ SS no nni kwan sɛ wɔdi ɔdɔ akyi bu wɔn ani gu wei so na wɔkɔware. Adɛn nti na yɛreka sei? Yɛnhwɛ ɛ! Sɛ saa nnipa baanu yi bu wɔn ani gu wei so ware a, mmɔfra baanan a wɔbɛwo biara mu no, ɛmu baanu gyɛnotaopo bɛyɛ AS (deɛ ɛho ate kyema kakra), na baanu a aka no nso deɛ ayɛ SS (deɛ ate kyema pa ara). Mmɔfra a wɔn gyɛnotaepo yɛ SS no di amia wɔ asase so yie ɛnam ahoɔden a wɔn mogya no nkwammoa nni na ɛho ate kyema nti. Saa mmɔfra no taa kɔ mmerɛyɛ mu, afei wɔtaa yare nso. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɛyɛ ya koraa ne sɛ saa mmɔfra no taa hwere wɔn nkwa ntɛm firi asase yi so.

6. SS + SS

Nhwehwɛmu a ɔbaa ne ɔbarima bi nso akɔyɛ no bɛtumi aba sɛ wɔn baanu no nyinaa ara yɛ SS. Mesrɛ wo wonya hunu no sei a, ɛnyɛ mpaebɔ ne gyidie asɛm, ɛnyɛ ɔdɔ ne ahummɔborɔ asɛm nso. Mesrɛ mo bio, montwa mo ayɔnkofa no mu wɔ hɔ ara. Ɛkɔba sɛ saafoɔ yi yɛ asoɔden kɔ so ara ware a, mmɔfra a wɔbɛwo wɔn no nyinaa gyɛnotaepo nso bɛyɛ SS (deɛ ate kyema pa ara) sɛ wɔn deɛ no ara. Sɛdeɛ yɛadi kan akyerɛ SS ase no, nteaseɛ yɛɛ adwuma pa ara na wosane repɛ w’asomdwoeɛ ne wo mma apɔmuden pa a, ɛnneɛ mɛsrɛ wo bio, twe wo ho firi nkabom a ɛte sei ho.

Ɔkenkanfoɔ anaa ɔtiefoɔ a woaduru w’awareɛ mfeɛ so, mesrɛ wo ma wei nyɛ wo adehia. Ansa na wobɛpene so ankasa sɛ wone obi bɛtu awadeɛ ho anammɔn no, bɔ mmɔden sɛ wobɛhunu mo gyinaberɛ wɔ gyɛnotaepo yi ho ahwɛ sɛ saa ayɔnkofa no bɛboa mo ne mo mma a, ɛno ansa na woahwɛ birbi foforɔ biara a ɛka ho.

Si agyinaeɛ pa ɛnnɛ, na ayaresabea anyɛ wo mma tenabea dabi. Ayaresabea nyɛ fie.

Ɛmfa akwadworɔ nkɔ wo daakye ho. Susu nsɛmmisa yinom ho na si gyinaeɛ seesei.

1. Ɛdeɛn na wobɛfa mu berɛ aka bosome ne fa bi ama woaware, na wo ne wo yɔnko no akɔyɛ mo gyɛnotaepo ho nhwehwɛmu mu ama no ada adi sɛ moka bɔm a ɛrenyɛ yie?

2. So, w’ani bɛgye sɛ woadi ɔdɔ akyi aware wɔ berɛ a anka wo ne wo yɔnko no gyɛnotaepo mma kwan, na ɛnam so ama wo mma refa yadeɛ ateetee mu dabiara wɔ asase yi so ama binom mpo rehwere wɔn nkwa?

3. So, ɔdɔ a wodii akyire kɔwareɛ no a ɛno nti woanyɛ apɔmuden mu nhwehwɛmu biara no, ɛbɛkɔ so ara atena hɔ ama asomdwoeɛ aba awadeɛ no mu berɛ a mode mo sika nyinaa rehwɛ mmɔfra ayaresa no anaa?

Kɔ so ara dwennwene weinom ho na woatumi atu anammɔn pa. Ɛnka sɛ woaware nti wei ho nhia bio, kyɛ ma wo nua, wo yɔnko ne afoforɔ pii a wɔnwareɛ.

Tags: ApɔmudenAwareɛgenotypegyɛnotaepo
Deɛ atwam

Takyiman apoɔ kɔfabaeɛ-Akan afahyɛ a agye din no mu baako abakɔsɛm

Deɛ ɛdi hɔ

Resose mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Resose mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Resose mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?