• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Mogya a ɛso ate.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
01/18/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Mogya a ɛso ate.
0
SHARES
61
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nkwa na ɛyɛ, nanso yɛnhwehwɛ nkwa a yadeɛ ayɛ mu ma. Berɛ biara no yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛnya nkwa a ahoɔden wɔ mu. W’apɔmuden nti, kenkan pii na tie pii fa nkyerɛkyerɛ a ɛfa ho ho. Da  biara ne yadeɛ a ɛde nipa kɔ wɔn kra akyi. Wonim sɛ wo mogya so te na woampɛ ho asɛm anka a ɛtumi nya nsunsuansoɔ bɔne wɔ wo so? Ebia na wonnim, ɛnneɛ bɔ mmɔden kenkan na tie no yie ɛ.

Yɛka sɛ obi mogya so ate anaasɛ ne mogya wɔ fam a, na ɛkyerɛ sɛ nipadua no mogya nkwammoa a ɛdi aforosianeɛ ma honam akwaa no nyinaa nya ahoɔden no so ate. Ɛkɔba no saa a ɛde nipadua no kɔ mmerɛyɛ mu.

Ɔfa a ɛwɔ benkum no yɛ deɛ mogya no so ate. Deɛ ɛwɔ nifa no yɛ deɛ ɔhaw biara nni ho.

Ansa na mogya bɛtumi aba wɔ nipadua no mu no, ɛhia sɛ nneɛma ahodoɔ bi tumi keka bɔ mu wɔ nipadua no mu ansa. Saa nneɛma yi bi ne prɔten bi a yɛfrɛ no hɛmogulobin a ɛno di ntintimman yie pa ara berɛ a mogya reba nipadua no mu no. Ɛno nso da nkyɛn a, nnuanennuro bi te sɛ vaetamin B12 ne B9 nso ho hia. Ɛkɔba sɛ saa nnuanennuro yi mu biara so te a, ɛtumi ma mogya dodoɔ a ɛwɔ nipadua no mu nso so te.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Yɛwɔ mogya dodoɔ a ɛtwa sɛ ɛdi aforosianeɛ wɔ nipadua no mu. Momma yɛnhyɛ no nso sɛ mogya dodoɔ a ɛwɔ mmaa mu no ne mmarima deɛ nyɛ pɛ. Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ, yɛsusu hɛmogulobin dodoɔ a ɛwɔ ɔbaa mogya mu a, ne papa mu no ɛsɛ sɛ ɛboro 12.0g/ml. Saa ara nso na yɛsusu hɛmogulobin dodoɔ a ɛwɔ ɔbarima mogya mu a, ne papa mu no ɛsɛ sɛ ɛboro 13.0g/ml.

Ɛbɛyɛ dɛn na obi ahunu sɛ ne mogya so ate?

Nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɛbɛda adi ama obi ahunu sɛ ne mogya so ate bi na ɛdidi soɔ yi.

1. Deɛ ɛdi kan pa ara a ɛtaa da adi ne sɛ nipa no ani ase taa yɛ hoyaa.

2. Bio, nipa no ani so taa kyin no kakra, na ne honam nso taa yɛ ne mmerɛ.

3. Afei ne ti taa pae no.

Ɔtaa nya tipaeɛ.

4. Ebinom wɔ hɔ nso a wɔn home ntaa nsisi so yie.

5. Bio, nipa no adwene mmɔdemmɔ tumi ba fam.

6. Ebinom nso tumi te nka sɛ wɔn akoma bɔ ntɛntɛm so.

Ebinom te nka sɛ wɔn akoma bɔ ntɛntɛm.

7. Deɛ ɛyɛ hu baako wɔ mu ne sɛ, nipa no tumi twa hwe, ne ti anyɛ yie koraa a ɔtumi nam so hwere ne nkwa.

8. Afei nipa no ani kosua ne ne wedeɛ ani no tumi yɛ sɛ akokɔsradeɛ.

Deɛn koraa na ɛma obi mogya so tumi te?

1. Sɛ obi hwere mogya pa ara firi nkwanhyia anaa nsabuo mu a, ɛtumi ma ne mogya so te.

2. Adidie mu no, obi annya nnuanennuro bi te sɛ ayɔn, vaetamin B12 ne B9 a, ɛtumi ma ne mogya so te ɛnam sɛ nipadua no hia weinom nyinaa ansa na atumi ayɛ mogya wɔ nipadua no mu.

3. Korɔankorɔ yadeɛ bi te sɛ saa mu yadeɛ, kokoram ne brɛboɔ mu yadeɛ tumi ma no yɛ den sɛ nipadua no bɛyɛ mogya.

4. Afei, nyinsɛn nso tumi ma obi mogya so te ɛfiri sɛ, ayɔn ne vaetamin B9 taa kɔ fam ɛnam nsuo bi a ɛsesa wɔ ɔbaa no nyinsɛn mu nti.

5. Deɛ ɛtwa toɔ koraa no, nsadennom nso tumi si nipadua no kwan ma ɛntumi nyɛ mogya dodoɔ.

Kwan a obi bɛtumi afa so asɔ ne mogya a ɛso ate no ano.

Obi mogya so te a, ɛho hia pa ara sɛ ɔhwehwɛ nnuane a ayɔn, vaetamen B12 ne B9 wɔ mu, ɛfiri sɛ saa nnuane yi na mogya nkwammoa no hia kɛse sɛ ɛde di dwuma ma mogya ba nipadua no mu.  Nipa no bɛtumi asane ahwehwɛ nnuro ahodoɔ a saa nnuanennuro yi bi ahyɛ mu ma nso. Nnuane ahodoɔ a yɛbɛtumi anya nnuanennuro yi bi wɔ mu na ɛdidi soɔ yi.

Ayɔn – Borɔdeɛ ne n’ahaban, aborɔdwoma, atosodeɛ ahodoɔ a n’ahosoɔ yɛ ahabanmono, adua abusua no nyina ne deɛ ɛkeka ho.

Di nnuane a ayɔn wɔ mu pii.

Vaetamen B12 – Kosua, alo vɛra, lɛtuse, soya adua ne pii a ɛkeka ho.

Ma nnuane a vaetamen B12 wɔ mu kɛse no bi mfra w’aduanedie.

Vaetamen B9 – Atosodeɛ ahodoɔ a n’ahosoɔ yɛ ahabanmono, nkontomire, nsusua ne deɛ ɛkeka ho.

Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛdi vaetamen B9 nnuane nso.

Mfa deɛ woakenkan na woatie yi mu biara nyɛ akwadworɔ. Wobɛtumi akɔ ayaresabea akɔhwɛ wo gyinaberɛ wɔ ho, na sɛ ɛwɔ fam mpo a, anka watumi atu ho anammɔn ntɛm. Bɔ mmɔden nso sɛ wobɛka ho asɛm, na woakyɛ ama afoforɔ nso atumi akenkan bi.

Tags: antegenatosodeɛdɔkotaMogya nkwammoaTipaeɛ
Deɛ atwam

Mogya nkyekyɛmu ahodoɔ ne adidie wɔ twaka soronko bi. So, wei yɛ nokorɛ anaa?

Deɛ ɛdi hɔ

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho – Owuo Ahodoɔ – Ɔfa II

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho – Owuo Ahodoɔ – Ɔfa II

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho - Owuo Ahodoɔ - Ɔfa II

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?