• Twi
  • Fante
08:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Mframagya konkuraa “cylinder” ne mframagya ho nsԑm binom a ԑha adwene

Bᴐ wo ne w’abusua ho ban firi mframagya gyahyehyeԑ ho, afei nso siesie wo mframagya konkuraa no na yi firi beaeԑ a mframa mfa

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
05/25/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Mframagya konkuraa “cylinder” ne mframagya ho nsԑm binom a ԑha adwene
0
SHARES
122
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Aberԑ ne aberԑ nyinaa, Dungya Adwumakuo no bᴐ me ne wo kᴐkᴐ wᴐ yԑn mframagya konkuraa ho, ne titire mmeaeԑ a yԑde sisi wᴐ yԑn afie mu ne sԑdeԑ yԑsi yԑ no. Sԑ yԑhwԑ gyahyehyeԑ abakᴐԑm mu a, mframagya a yԑde di dwuma wᴐ yԑn afie mu no di mu akoten pa ara. Ԑmfa ho ne sԑdeԑ wo gyaade anaa wo dan no mu kԑseԑ teԑ no, ԑnni kwan sԑ wode mframagya konkuraa yi si hᴐ. Ԑsԑ sԑ yԑpԑ baabi a mframabԑfa ho wᴐ abᴐntene de si. Ԑnyԑ wei ne deԑ ԑdi kan a Dumgya Adwumakuo no rebᴐ yԑn kᴐkᴐ wᴐ wei ho, nanso yԑabu nnua agu yԑn asom wᴐ ho. Me ne wo di ho fᴐ pa ara. Sԑ yԑyi gyahyehyeԑ firi hᴐ a, mframagya yԑ adeԑ a nnuro a ԑwᴐ mu no bi tumi ha nnipa apᴐmuden.

Dumgya Adwumakuo no kyerԑ sԑ, ԑnni kwan sԑ yԑde mframagya konkuraa sisi yԑn adan mu, yԑn nturonoo, anaa yԑn gyaade ne beaeԑ a mframa ntumi mfa biara, sԑ mframagya wᴐ mu anaa sԑ ԑbi nni mu sԑdeԑ ԑbԑyԑ a yԑbԑbᴐ yԑn ho ban afiri gyahyehyeԑ ho. Wᴐkyerԑ sԑ mframagya yԑ adeԑ a ԑho yԑ ahomete yie, na sԑ ԑpe fa ho a, ԑtumi kᴐsiesie ntokuro ne nneԑma a atwa ahyia mu, na sԑ egya anaa biribiara a ԑhye adeԑ ba mu a, ԑtumi ma gyahyehyeԑ ba. Ԑyԑ a yԑnim sԑ sԑ mfamagya no sa firi ne konkuraa mu a, ԑho nyԑ hu, nanso sԑdeԑ mframagya tumi siesie ntokuro mu no, ԑsa a na ԑnsaeԑ, kakra a ԑwᴐ mu no tumi de gyahyehyeԑ ba, enti na yԑreka sԑ sԑ asa mpo a, mfa nsi ԑdan mu.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Afei, ԑsiane sԑ ԑyԑ dadeԑ nti, nkurᴐfoᴐ dwene sԑ ԑho ntumi mmᴐ tokuro, enti wᴐtumi gyae no ma no we nnadekye ara si. Momma yԑnkae sԑ berԑ a ԑrewe nnadekye kᴐ no, na dadeԑ no retᴐ mu, ԑnti ԑno nso tumi de gyahyehyeԑ ba. Dumgya adwumayԑkuo no gu so rebᴐ yԑn wei ho kᴐkᴐ, na wᴐka de to so sԑ, ԑnni kwan sԑ yԑde mframagya konkuraa no bԑn nneԑma a egya sᴐ mu ntԑm ne nneԑma a yԑtumi de sᴐ gya ho. Wᴐkyerԑ sԑ, ԑsԑ sԑ yԑkora nhoma ne biribiara a ԑboa ma yԑtumi nya egya de di dwuma wᴐ mframagya mu no, na yԑnam so abᴐ yԑn ho ban afiri atoyerԑnkyԑm ho.

Berԑ biara a wobԑyԑ woadwene sԑ wobԑkᴐ akᴐbu mframagya biara, ԑsԑ sԑ wᴐhwehwԑ konkuraa no ho hwԑ sԑ biribiara nha no a. Afei berԑ biara ԑsԑ sԑ wᴐsesa rᴐba a ԑhyԑ ano no, ԑsiane sԑ, sԑ ԑwe a, ԑtumi ma mframagya no pe fa ho. Nnwumakuo a wᴐbu mframagya no bi wᴐ hᴐ a, sԑ wokᴐ na sԑ konkuraa no awe nnadekye aboro so a, wᴐmmu bi mma wo; wei yԑ adeԑ a ԑbԑboa yԑn ne yԑn abusua ne ᴐman no nyinaa. Afoforᴐ nhwԑ nsua.

Adeԑ baako bio a ԑha adwene ne sԑ, sԑ yԑmfa mframagya no nni dwuma biara wᴐ berԑ bi mu a, ԑsԑ sԑ anka yԑdum no wᴐ mframagya konkuraaa no kᴐn ho. Ԑbi yԑ anidaho, ԑbi nso yԑ awerԑfire. Ebinom mpotumi gya si so kᴐda, na ԑsԑ sԑ yԑhunu sԑ biribiara bԑtumi asi wᴐ yԑn nnaeԑ mu.

Mframagya ho nsԑm yԑ adeԑ a yԑn nyinaa nhyԑ da mfa nka yԑn adwennwene ho, nanso ԑde yԑn nkwa to asiane mu berԑ biara. Ԑwom sԑ deԑ ԑbԑsi biara bԑsi deԑ, nanso momma yԑnni akwangyerԑ, nkyerԑkyerԑ ne nhyehyԑeԑ ahodoᴐ a Dumgya Adwumakuo no ne adwumakuo ahodoᴐ binom sԑessss wᴐn berԑ de ma yԑn no so, ԑsiane sԑ nkwa yԑ adeԑ nyinaa.

Tags: Dumgya AdwumakuoMframagyaMframagya konkuraaMmeaeԑ a yԑde sisi
Deɛ atwam

Sɛdeɛ Nsu pa a yɛnom ho nsɛm teɛ wɔ Ghana

Deɛ ɛdi hɔ

Nneԑma nnum binom a yԑyԑ no wᴐ adidie akyi a ԑnya nsunsuanso bᴐne wᴐ yԑn apᴐmuden so

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nneԑma nnum binom a yԑyԑ no wᴐ adidie akyi a ԑnya nsunsuanso bᴐne wᴐ yԑn apᴐmuden so

Nneԑma nnum binom a yԑyԑ no wᴐ adidie akyi a ԑnya nsunsuanso bᴐne wᴐ yԑn apᴐmuden so

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?