• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Berɛ nhyehyeɛ

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
wɔ Adesua, Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
0
SHARES
211
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Berɛ ho hia pa ara wɔ yɛn daa daa abrabɔ mu. Yɛnam ɛno so na yɛtumi toto yɛn nneɛma yie. Adwumayɛ ne sukuukɔ nyinaa gyina berɛ so, ɛno nti na yɛwɔ berɛ a yɛde firi sukuu ase ne berɛ a yɛde wie, berɛ a yɛde kɔ ne berɛ a yɛde pɔn. Saa ara na yɛwɔ berɛ a yɛde yɛ adwuma ne berɛ a yɛde da. Biribiara gyina mmerɛ so, yɛtoto no yie a ɛbɛboa yɛn, mmom sɛ yɛanyɛ ho nhyehyɛeɛ pa a ɛbɛkɔ atia yɛn ara. Ma yɛnhwɛ mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ pa mu.

1. Ɛte wo brɛ so. Wohyehyɛ wo berɛ yie a, ɛma wowie deɛ woreyɛ ntɛm a womfa ateetee biara mu. Ɛmma nneɛma mmobɔ wo so.

2. Ɛma wonya mmerɛ pii ma wo ho. Wɔn a wɔhyehyɛ wɔn berɛ yie no tumi wie wɔn dwumadie ntɛm so wɔ berɛ a ɛsɛ mu, na wɔn dwumadie no akyi nso wɔnya berɛ ma wɔn ankasa wɔn ho de yɛ nneɛma a wɔn anigye ho anaa dwumdie afoforɔ bi.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Ɛma wonya berɛ ma w’ankasa wo ho.

3. Ɛma wo akwannya pii wɔ nneɛma bi ho. Woyɛ odwumayɛni a, worehyehyɛ wo berɛ yie na woadi dwuma bi awie ntɛm no bɛma wo mmerɛ no bi aka da no, wei nti ɛkɔba sɛ adwuma foforɔ bi twe ne ti a, wotumi sɔ mu gye yɛ no saa berɛ no mu nya w’akatua. Mmom ɛkɔbaa sɛ anka woda so ara te deɛ atwam no ho a, ɛnneɛ na wobɛhwere saa akwannya yi ɛsiane sɛ worennya berɛ biara mfa nni saa adwuma foforɔ no ho dwuma.

4. Wɔn a wɔtumi hyehyɛ wɔn berɛ yie no tumi ma wɔn anisoadehunu ba mu ntɛm, na wɔn nsa ka wɔn botaeɛ a ɛsi wɔn ani so no berɛ tiawa bi mu.

Ɛma wo nsa tumi ka w’anisoadehunu berɛ tiawa bi mu.

Ɔhaw a ɛtumi ba berɛ a obi antoto ne berɛ yie 

1. Sɛ obi anhyehyɛ ne berɛ yie a, ɛtumi ma ne dwumadie bi ho te kyema. Ɛkɔba sɛ nneɛma bobɔ ne so a, ahopeperɛ nti ɔtumi yɛ mfomsoɔ pii wɔ mu.

2. Ɛma wo sɛe berɛ kwa. Obi nni nhyehyɛeɛ ma ne berɛ a, ɛnam sɛ ɔnni nhyehyɛeɛ biara ma no nti ɔtumi sɛe mmerɛ pii wɔ nneɛma a ɛho nhyɛda nhia so, ɛno nti n’ani bɛba ne ho so no na wantumi amfa da no mu berɛ no mu biara anni dwuma papa biara. Nhwɛsoɔ yɛ sɛ woresɛe wo mmerɛ dodoɔ no ara wɔ nkɔmmdie mu berɛ a wonim no pefee sɛ wo nnwuma gu hɔ retwɛn wo anaasɛ wo kyerɛkyerɛni ama wo efie dwumadie.

3. Obi a ɔnyɛɛ nhyehyɛeɛ biara wɔ ne berɛ ho no nhunu deɛ ɛtwa sɛ ɔyɛ wɔ dwumdie bi akyi. Na ɛno tumi de adwennwene kɛseɛ to ne so.

Obi a ɔnyɛɛ ne berɛ ho nhyehyɛeɛ no adwene yɛ no ntanta wɔ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ no akyire ho.

4. Obi nhyehyɛɛ ne berɛ yie a, ɛtumi ma n’adwene firi dwuma pɔtee bi a ɛsɛ sɛ ɔdi so. Mpo ɔkaeɛ a, ɔntaa nkɔ adwuma no ho berɛ biara nhwɛ sɛ ɔbɛwie no ntɛm ɛsiane sɛ ɔnhyɛɛ berɛ biara mmaa saa dwumadie pɔtee no. Wei na ɛma osuani tumi tena hɔ mmerɛ pii a ɔnsua adeɛ no, ɛba saa ɛfiri sɛ ɔnhyehyɛɛ berɛ biara mmaa ne ho wɔ n’adesua mu, ɛno nti ɛbɛduru sɔhwɛ berɛ no na afei na ɔrebɛsua biribiara.

5. Ɛde animguaseɛ ba. Ɛnam ɛberɛ ho nhyehyɛeɛ pa a obi annyɛ nti sɛ mfomsoɔ ba n’adwuma bi ho a, ɛgu n’anim ase wɔ wɔn a ɔredi dwuma no ama wɔn no anim, na ahwɛyie amma a obiara remfa ne dwuma nkɔhyɛ ne nsa sɛ ɔnni mma no bio. Saa ara na sɛ osuani bi nso anyɛ ne berɛ ho nhyehyɛeɛ yie ansua adeɛ berɛ a ɛsɛ mu a, ɔtumi di nkoguo wɔ ne nsɔhwɛ mu, na ɛgu n’anim ase.

Ɛtumi de animguaseɛ ba.

Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ wo berɛ yie, na ɛsene kɔ a wo nsa renka bio. Ebia ahyɛaseɛ no ne yɛ bɛyɛ den deɛ, nanso mia w’ani na hwɛ hunu sɛ wobɛdi wo nhyehyɛeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Kyɛ ma afoforɔ nso nkenkan bi, na wɔatumi asi agyinaeɛ pa afa wɔn berɛ ho.

Tags: berɛberɛ nhyehyɛeɛDwumadiemfasoɔ
Deɛ atwam

Kwan a wobɛtumi afa so de wo berɛ adi dwuma yie

Deɛ ɛdi hɔ

Akwan ahodoɔ a yɛnam so boaboa efi ano wɔ nipadua no mu

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akwan ahodoɔ a yɛnam so boaboa efi ano wɔ nipadua no mu

Akwan ahodoɔ a yɛnam so boaboa efi ano wɔ nipadua no mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?