• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ apɔmutenetene so ne ɛho ahwɛyie

Adesua yi firi Owura Desmond Manu nkyɛn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Mfasoɔ a ɛwɔ apɔmutenetene so ne ɛho ahwɛyie
0
SHARES
209
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Sɛ yɛbobɔ nneɛma ahodoɔ a ɛma nipadua no nya ahoɔden ne nkɔsoɔ a, yɛrentumi nyi apɔmutenetene totwene ɛfiri sɛ, ɛka nneɛma bɛyɛ nnum a ɛtumi boa ma nipadua no nya apɔmuden pa ho. Apɔmutenetene ma akoma no, yɛn wedeɛ ne yɛn nnompe nya apɔmuden pa.

Animdefoɔ binom kyerɛ sɛ abakɔsɛm a ɛfa apɔmutenetene ho firii aseɛ wɔ abɔdeɛ ahyɛaseɛ berɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ nipa sɛ Ɔde turom hɔ ahyɛ ne nsa sɛ ɔnnɔ hɔ na ɔnwɛn hɔ. Ne saa nti wɔkyerɛ sɛ saa berɛ no na Ɔreda apɔmutenetene adi akyerɛ wɔn. Apɔmutenetene gu mu ahodoɔ bebree, ɛbinom ne nsuo mu adwareɛ, mmirikatuo, nanteɛ, asa, apra, sakretwie, ahurihuri ne deɛ ɛkeka ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Biribiara a obi bɛyɛ ama nipadua no adi dwuma soronko bi, na wate nka wɔ ne mu sɛ wahwere ahoɔden bi no, yɛhunu no sɛ ɛyɛ apɔmutenetene.

Sɛ wokeka wo ho wɔ nipadua no mu berɛ biara a, ɛma wo mfasodeɛ wɔ w’apɔmuden so, na saa mfasodeɛ yi da adi wɔ adwene ne honam mu. Na ɛma wo tumi tena ase kyɛ. Wei nti momma yɛnhwɛ mfasodeɛ a apɔmutenetene wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

1. Obi taa tenetene n’apɔm a, ɛde anigyeɛ atenka bi ba ne nipadua mu na ɛte awerɛhoɔ ne adwennwene so. Berɛ a obi retenetene n’apɔm no, adwene no wɔ ne fa bi a ɛkyi nsuo bi a ɛde anigyeɛ ba nipadua no mu na ɛyi awerɛhoɔ firi hɔ anaa ɛte so koraa.

2. Ɛboa ma obi kɛseyɛ mmorosoɔ no so te koraa. Yɛnim yie sɛ mpɛn dodoɔ a obi reyɛ kɛse boro so no na ɛrema yadeɛ ahodoɔ kwan wɔ nipadua no mu. Nanso anigyesɛm a ɛwɔ hɔ ne sɛ, yɛtaa tenetene yɛn apɔm a ɛnane sradeɛ ahodoɔ a ɛde kɛseyɛ ba no firi hɔ.

3. Apɔmutenetene boa akoma no apɔmuden. Mpɛn dodoɔ a woretenetene w’apɔm no na akoma no renya ahoɔden a ɛbɛtumi de abɔ mogya akɔ nipadua akwaa no nyinaa ho. Wei nam so ma nipadua no nya ahoɔden.

4. Ɛsane boa ma nipadua no nkwammoa nya ahoɔden tumi ko tia nyarewa ahodoɔ.

5. Apɔmutenetene sane boa ahrawa no ma no tumi di ne dwuma wɔ home mu.

6. Ɛboa ma ntini a mogya nam mu no nya ahoɔden berɛ a ɛmu rebue yie ama mogya atumi afam. Saa ntini yi mu bɛbue yie ama mogya atumi afa mu yie a na ɛgyina apɔmutenetene so.

7. Ɛboa adwene no apɔmuden. Ɛno ne sɛ, apɔmutenetene tumi ma adwene no kye nsɛm ntɛntɛm.

Ahwɛayie a ɛsɛ sɛ obi yɛ ne ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ ɔfa so berɛ a ɔrebɛtenetene n’apɔm.

1. Afei na wopɛ sɛ wohyɛ apɔmutenetene ase a, bɔ mmɔden sɛ wobɛdi kan akɔhunu wo dɔkota na wakyerɛ wo tebea a wo nipadua no wɔ mu, na wahwɛ ɛno so akyerɛ wo apɔmutenetene korɔ a ɛsɛ sɛ wode firi aseɛ anaasɛ ɛbɛboa wo. Yɛreka wei akɔsi sɛ, wɔn a wɔwɔ nyarewa titire bi te sɛ akomayadeɛ, mogyaborosoɔ, ntehyeewa, ahrawa mu nyarewa ahodoɔ, mogyaweɛ ne deɛ ɛkeka ho no, ɛtwa sɛ wɔkɔhunu wɔn dɔkota na ɔma wɔn apɔmutenetene ho afotuo ne deɛ ɛtwa sɛ wɔyɛ.

Ma nsuo mmɛn wo berɛ a woretenetene w’apɔm no, wote brɛ nka nso a gye w’ahome.

2. Hunu sɛ woanom nsuo kama anaasɛ nsuo wɔ wo nipadua no mu ansa na woahyɛ apɔmutenetene ase. Bɔ mmɔden nso sɛ wobɛma nsuo abɛn wo berɛ a wogu so ara retenetene w’apɔm no.

3. Bɔ mmɔden nso sɛ wobɛtie wo nipadua no. Ɛno ne sɛ, wote nka wɔ wo mu sɛ biribi nkɔ yie berɛ a woretenetene w’apɔm a, ntɛm pa ara no gyae.

4. Worehyɛ apɔmutenetene ase a, firi aseɛ bɔkɔɔ so na wode akɔwie denden so.

5. Hwɛ sɛ wobɛgye berɛ simma kakra bi de agye w’ahome berɛ a woretenetene w’apɔm no.

6. Wofiri aseɛ sɛ woretenetene w’apɔm na wohunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdidi so yi a, ntɛm pa ara no gyae na frɛ mmoa:
a. Sɛ w’ani so rekyi wo
b. Sɛ wote yea wɔ wo bo so
c. Sɛ wo bo fono wo
d. Sɛ wo home nsisi so anaa w’akoma bɔ ntɛntɛm so.
e. sɛ yam yɛ wo ya anaasɛ wo ti pae wo

Apɔmutenetene ho hia, ahoɔden nso ho hia. Hwɛ sɛ wode apɔmutenetene bɛka w’abrabɔ ho na ama w’apɔmuden awie pɛyɛ.

Tags: Apɔmudenapɔmutenetenedɔkotamogyaborosoɔnkwammoansuo
Deɛ atwam

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Deɛ ɛdi hɔ

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no - Bunkpurugu kuro so

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?