• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Anigyesɛm

“Mempɛ sɛ mede animguaseɛ bɛka me kunu ne me mma.” – Mercy Johnson.

Sinitwani Mercy Johnson Okojie kyerɛ deɛ nti a ɔrentwa sini a ne dwumadie wɔ mu no yɛ mfeano ne nna mu nkitahodie.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
10/11/2022
wɔ Anigyesɛm
0 0
0
“Mempɛ sɛ mede animguaseɛ bɛka me kunu ne me mma.” – Mercy Johnson.
0
SHARES
135
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mercy Johnson Okojie yɛ sinitwani a ɔwɔ Nigeria man mu. Ɔhyɛɛ ne sinitwa ase wɔ afe 2004 mu. Wobɛkae a, yɛhunuu no wɔ sini ahodoɔ binom te sɛ “The weeping soul, The maid, Dumebi the dirty girl, Heart of a fighter” ne sini afoforɔ mu.

Mercy yɛ otitire a nnipa dodoɔ no ara ani gye ne ho na mpo wɔhwɛ no sua ne nneyɔeɛ bi. Wɔwoo sinitwani yi wɔ Ɔsanaa bosome, da a ɛtɔ so 28 wɔ afe 1984 mu. Ɔne ne hokani Prince Odianosen Okojie wɔ mmɔfra nnan.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Mercy nkɔmmɔtwetweɛ mu wɔ Goldmyne TV so no, ɔkyerɛɛ deɛ nti a ɛtwa sɛ ɔdi ne ho ni wɔ sinitwa mu sɛ ɔwofoɔ. Kane no deɛ na ɔyere ne ho yɛ n’asɛdeɛ pɛpɛɛpɛ wɔ faako a wɔde no bɛto wɔ sinitwa mu biara – (sɛ ɛyɛ mfeano, nna mu nkitahodie, sɛ ɔbɛyiyi ne ho wɔ ne ntaadehyɛ mu anaa biribi foforɔ a ɛte saa.) Ɛno nso na ɛmaa no nyaa din yie wɔ sinitwa mu. Mmom, ɛfiri berɛ a ɔbɛyɛɛ ɔwofoɔ no na wabɔ ne ho mmɔden sɛ ɔngu ne ho fi wɔ ne sinitwa mu. Nanso daa n’abakan a ne din ne Purity no nso bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ mfeefeemu na wahwehwɛ abɛɛfo ntentan so ahunu ne maame ho nsɛm kakra ne dwuma ahodoɔ a ne maame dii wɔ sini ahodoɔ a atwam no mu.

Ɔde too dwa sɛ, “Me ba no renyini. Ɛtɔ da a ɔfa me foone no bue kɔ google, afei ɔfiri aseɛ sɛ, ‘Maa, me nnamfonom se…'”

Mercy Johnson ne ne babaa, Purity.

Ɔtoaa so wɔ nkɔmmɔtwetweɛ no mu sɛ, “Wonyini duru baabi a wobɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ w’anim na woayɛ nneɛma yie. Me deɛ mehunu no sɛ ɛho nhia sɛ afoforɔ kyerɛ wo deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ.”

“Enyini reyi me atɛn. Mapa saa nneyɔeɛ no ho koraa. Mewɔ anoyie de ma nnipa pii, ne titire ne me kunu ne me mma. Mempɛ sɛ mede animguaseɛ bɛka wɔn wɔ kwan biara so.”

“Mennye nni sɛ (mereyiyi me ho wɔ sini mu no) (ɛ)yɛ adeɛ a mɛpɛ sɛ mɛyɛ ama me mma atoto m’ano wɔ kwan bi so, anaasɛ wɔbɛnya nsɛmmisa pii wɔ wɔn tirim a wɔpɛ sɛ wɔbisa nanso wɔrentumi.”

“M’ahonim yɛ adwuma, na metumi si agyinaeɛ pa nso. Mfomsoɔ ahodoɔ bi a meyɛɛ no berɛ a atwam no, merenyɛ no seesei. Anammɔn binom a metuu saa berɛ no nso, merentu seesei.”

Mercy Johnson, ne kunu ne ne mma.

Mercy adɔfoɔ dodoɔ no ara na akyerɛ wɔn anigyeɛ wɔ n’agyinaeɛsie no ho. Ebinom akyerɛ obuo a wɔanya ama no ɛnam anammɔn a watu na wama n’abusua ayɛ ade titire ama no no nti.

Abɔfra biara ani nnye ho sɛ ne nnamfonom anaa afoforɔ bɛka ne na anaa n’agya ho asɛmmɔne. Saa ara na awarefoɔ mu biara mpɛ sɛ ɔfoforɔ no de animguaseɛ bi bɛbrɛ no. Woretu anammɔn bi seesei a, di kan dwene daakye ho na hunu sɛ ɛremfa animguaseɛ biara mma.

Mfomsoɔ a woayɛ atwam no nso, sinitwani Mercy Johnson ama yɛahunu sɛ wobɛtumi asi gyinaeɛ nnɛ na woasi daakye mfomsoɔ bi a wobɛtumi ayɛ bio no ho kwan, sɛdeɛ ɔno asi gyinaeɛ no.

Tags: Mercy JohnsonNigeria
Deɛ atwam

PURC ɛdi ato ECG anim sɛ wɔn mpata wɔn a wɔne wɔn di dwuma a ɛhaw yi ɛkaa wɔn.

Deɛ ɛdi hɔ

“Adanseɛ bɛn na ɛkyerɛ sɛ Nana Agradaa buee n’ano sɛ ɔbɛyɛ sika no mmɔho? Mepɛ sɛ mehunu.” – Serwaa Amihere

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu
Adesua

Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/27/2023
Azuma Nelson ho nsɛm
Adesua

Azuma Nelson ho nsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/22/2023
Sereɛ so mfasoɔ
Anigyesɛm

Sereɛ so mfasoɔ

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
04/10/2023
Mensah Sarbah Abasobɔ no ne Alɔyafoɔ a wɔawie wɔn adesua nnansa yi ara no mu deɛ ne mmɔdemmɔ sɔ ani wɔ 2022 mu: Sabina Sabia Bolsong
Adesua

Mensah Sarbah Abasobɔ no ne Alɔyafoɔ a wɔawie wɔn adesua nnansa yi ara no mu deɛ ne mmɔdemmɔ sɔ ani wɔ 2022 mu: Sabina Sabia Bolsong

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/12/2022
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
“Adanseɛ bɛn na ɛkyerɛ sɛ Nana Agradaa buee n’ano sɛ ɔbɛyɛ sika no mmɔho? Mepɛ sɛ mehunu.” – Serwaa Amihere

"Adanseɛ bɛn na ɛkyerɛ sɛ Nana Agradaa buee n'ano sɛ ɔbɛyɛ sika no mmɔho? Mepɛ sɛ mehunu." - Serwaa Amihere

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?