• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Kwan a wobɛtumi afa so de wo berɛ adi dwuma yie

Ɛberɛ nhyehyɛeɛ

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Kwan a wobɛtumi afa so de wo berɛ adi dwuma yie
0
SHARES
231
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Berɛ nhyehyɛeɛ yɛ sɛ woretoto wo mmerɛ yie na woahunu mmerɛ dodoɔ a wobɛdi wo dwumadie pɔtee bi mu. Berɛ nhyehyɛeɛ ma ankorɛankorɛ wie wɔn dwumadie bi mmerɛ tiawa bi mu a wɔmfa ateetee biara nso mu.

Ma yɛnhwɛ akwan ahodoɔ a wobɛtumi afa so de ahyehyɛ anaa atoto wo berɛ yie.

1. Fa botaeɛ ahodoɔ bi si w’ani so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Fa botaeɛ ahodoɔ bi si w’ani so.

2. Hyehyɛ saa dwumadie anaa botaeɛ ahodoɔ no nnidisoɔ nnidisoɔ firi ɛmu deɛ ɛho hia pa ara so kɔsi deɛ ɛho nhia kɛse so. Wobɛtumi agyina wei so de akyekyɛ wo dwumadie no mu:

a) Dwumadie no mu deɛ ɛho hia a ɛsɛ sɛ woyɛ no amonom hɔ ara: Fa w’adwene kɔ ɛno so kane na yɛ no saa berɛ no ara.

b) Dwumadie no mu deɛ ɛho hia nanso ɛnhia sɛ wɔyɛ no amonom hɔ ara: Dwene ho na pɛ berɛ a wobɛdi ɛno ho dwuma.

d) Deɛ ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma amonom hɔ ara nanso ɛho nhia: Ɛbɛtumi a kyekyɛ saa dwumadie yi mu nkakrankakra ma afoforɔ bi a wonim sɛ wɔbɛtumi aboa wo.

d) Deɛ ɛho nhia na ɛnsane nso nhwehwɛ sɛ wobɛdi ho dwuma amonom hɔ ara: Fa ɛno to nkyɛn koraa na di ho dwuma akyire.

Hyehyɛ wo dwumadie no nnidisoɔ, ɛfiri deɛ ɛho hia pa ara so kɔsi deɛ ɛho nhia kɛse so.

3. Hyɛ berɛ pɔtee bi ma dwumadie biara. Hwɛ sɛ dwuma a wode bɛsi w’ani so no yɛ deɛ wobɛtumi ayɛ no wɔ mmerɛ dodoɔ a woahyɛ ama noɔ no mu. Ɛnsesa nneɛma bebree mfoa so wɔ berɛ a worentumi nwie ne nyinaa prɛko pɛ. Afei hwɛ dwuma a ɛda w’anim no kɛseɛ so na hyɛ mmerɛ ma no. Sɛ saa dwumadie no bɛhia mmerɛ pii a, nhyehyɛ berɛ kumaa bi mma no na amma woankɔpepere wo ho. Wodi kan dwene berɛ a ɛsɛ sɛ wode yɛ dwuma bi a, ɛtumi ma wohunu ɔhaw a wobɛtumi ahyia. Sɛ ebia, ɛsɛ sɛ wosiesie dwumadie ahodoɔ bi na wokɔkyerɛ mu wɔ mu dwumadie kɛseɛ bi ase, nanso wodi kan hunu no kane sɛ worentumi mfa mmerɛ a ɛda w’anim no nwie ansa na dwumadie no berɛ aso a, ntɛm pa ara no wobɛtumi de bi ama ɔfoforɔ ahyɛaseɛ no ara ama no aboa wo ama woawie ntɛm sene sɛ ɛnam sɛ woanni kan amfa berɛ anto ho no nti, wonhunu sɛ worentumi nwie na ama nneɛma akɔbobɔ wo so.

4. Hwɛ sɛ wode ahomegyeɛ bɛhyɛ wo nhyehyɛeɛ no mu. Woyɛ nneɛma ahodoɔ pii toatoa so a ahomegyeɛ biara mma mu a, ɛma w’adwene no berɛ, na ɛntumi nni dwuma no ntɛm so sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ no. Wei ma w’ani tumi ha adwuma no ho mpo. Hwɛ sɛ wo berɛ nhyehyɛeɛ mu no wode ahomegyeɛ nso bɛhyɛ mu bi. Wobɛtumi de saa berɛ no ada kakra, wobɛtumi de akɔnantenante kakra anaa wobɛtumi nso de ayɛ biribiara a wonim sɛ w’ani gye ho a ɛbɛtumi ama w’adwene no agye n’ahome.

Hwɛ sɛ wode ahomegyeɛ bɛhyɛ wo nhyehyɛeɛ no mu.

5. Dwene ho hunu nna a ɛsɛ sɛ wodi di dwuma pɔtee bi. Woyɛ osuani a wo sɔhwɛ hyɛ Dwoada a, worentumi mfa wo dwumadie bi nkɔhyɛ saa da no wɔ saa berɛ korɔ no ara mu.

6. Yɛ nhyehyɛeɛ ma da biara. Hwɛ sɛ ansa na wobɛhyɛ da biara ase no, na woahunu nnwuma ahodoɔ a ɛsɛ sɛ wodi no wɔ saa da no. Fa yɛ wo daa daa dwumadie. Bɔ mmɔden sɛ wode da biara mu dwumadie ba n’awieeɛ a, wobɛgyɛ berɛ ayɛ nhyehyɛeɛ ama dwumadie foforɔ a ɛda w’anim adekyeeɛ no.

Hyɛ no nso sɛ berɛ yɛ sika. Ɛno nti mfa wo berɛ nni agorɔ.

Berɛ yɛ sika, ɛno nti hyɛ no nso sɛ berɛ a wode wo mmerɛ bɛdi agorɔ biara no na sika na woregoro ho no. Ma w’ani nkɔ wo berɛ ho na fa di dwuma yie.

Tags: adwumaberɛberɛ nhyehyɛeɛDwumadieodwumayɛniosuanisika
Deɛ atwam

Ɛdeɛn na wonim fa nnwodwoeɛ yadeɛ ho?

Deɛ ɛdi hɔ

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?