• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwadie mu nsɛm

Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

Onipa asetena ne ne sikasɛm mu mpuntuo

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/07/2023
wɔ Adwadie mu nsɛm
0 0
0
Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

ɔbabunu bi a ɔyɛ kuadwuma gyina n'afuom

0
SHARES
126
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Adwuma baako a nnipa dodoɔ no ara mmu no koraa ne kuayɔ. Ebinom susu sɛ ɛnyɛ akɔnnɔ anaa sika biara nhyɛ da nnim saa. Yei ama nnipa dodoɔ no ara te kuadwuma ho nsɛm a, na wɔn bo fono wɔn.

Ɛwom sɛ tete no na akuafoɔ nhyɛ da nni sika pa ara deɛ, nanso sɛ yɛreka ɛnnɛ yi a, kuadwuma yɛ adwuma baako a ɛbɛtumi ama onipa adi yie wɔ asetenam pa ara. Ebia, adeɛ baako a amma akuafoɔ antumi anni yie tete no ne sɛ, na wɔdua nnɔbaeɛ a wɔbɛdi nko ara. Wɔn a na wɔdua bi tɔn no nso, ɛsiane sɛ na wɔde wɔn ahoɔden na ɛyɛ adwuma nti, na wɔntumi nnua nnɔbaeɛ bebree.

Ɛnnɛ deɛ, ɛsiane sɛ nnipa anya nkɔanim wɔ nimdeɛ ne mfididwuma mu nti, akuafoɔ tumi di yie wɔ asetenam pa ara. Yei nti, yɛrebɛhwɛ sɛdeɛ kuadwuma bɛtumi aboa ama mmabunu adi yie wɔ wɔn asetenam.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ghana aban ayɛ nhyehyɛeɛ a ɔde bɛsɔ mmabunu asene ama wɔayɛ kuadwuma

Ghana aban nam Asoeɛ a wɔhwɛ Nnuane ne Abɔdeɛ Mu Nsɛm So no de nhyehyɛeɛ binom agugu akwan mu a wɔde resɔ mmabunu a wɔpɛ sɛ wɔyɛ kua no nyinaa asene. Wɔfrɛ saa nhyehyɛeɛ yi “Mmabunu a wɔyɛ kuadwuma.” 

Deɛ nti a aban no nam asoeɛ yi so reyɛ saa dwumadie yi ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔsɔ mmabunu asene ma wɔtumi de wɔn ho hyɛ kuadwuma mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi anya sika de abɔ wɔn ho bra, na wɔasane nso aboa ama nnuane abu so wɔ ɔman yi mu.

Aban no aka sɛ, kuadwuma ka nnwuma titire a ɛma ɔman tu mpɔn pa ara no ho nti, wɔayɛ krado sɛ wɔde mmoa bɛma obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kuadwuma wɔ ɔman yi mu no. Nhyehyɛeɛ a Ghana aban ayɛ no atirimpɔ pa ara ne sɛ:

  • Wɔbɛma mmabunu ahunu sɛ, kuayɔ nso yɛ adwuma a sika wom pa ara;
  • Wɔbɛma akuafoɔ anya dwetire a wɔbɛtumi de abɔ wɔne wɔn nnwuma nyinaa ho bra;
  • Wɔbɛma mmabunu sikasɛm atu mpɔn denam kuadwuma so;
  • Wɔbɛma mmabunu ani agye ho sɛ wɔbɛtu akɔtena nkuro nketewa mu ayɛ mfuo ɛfiri sɛ, aban no bɛyɛ nhyehyɛeɛ ama wɔde nnuro ne nneɛma a wɔhia na ama wɔatumi ayɛ kuadwuma no akɔma wɔn wɔ nkuro nketewa no nyinaa mu. Wɔbɛtete saa nnoɔma yinom boɔ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi atɔ bi de ayɛ adwuma;
  • Wɔbɛboa akuafoɔ ama wɔafa abɛɛfo kwan so adua nnuaba, anyɛn mmoa, ne nnwene bebree wɔ ɔman no mu.

Wopɛ sɛ wohunu sɛdeɛ wobɛtumi de wo ho ahyɛ saa dwumadie yi mu anya so mfasoɔ a, kɔ Asoeɛ a Wɔhwɛ Nnuane ne Abɔdeɛ mu Nsɛm So no ɔfese a ɛwɔ wo mantam mu hɔ no na wɔbɛma wo ɛho akwankyerɛ ne mmoa a wobɛhia nyinaa.

Mmabunu yɛ kuadwuma a, ɛboa ma wɔsua sɛdeɛ wɔbɛtoto wɔn sikasɛm yie

Ansa na kuani biara bɛfiri n’adwuma ase no, ɔdi kan sese sika dodoɔ a ɔbɛhia no ahyɛaseɛ no. Ɔfiri adwuma no ase nso a, ɔsane sese sika a ɔde bɛhyɛ adwuma no mu ama no atu mpɔn. Wɔn a wɔdua nnɔbaeɛ no, wɔsese sika dodoɔ a wɔde bɛtotɔ nnuro, wɔde bɛma apaafoɔ adɔ afuo no mu, ne deɛ wɔde bɛbɔ paa ama wɔatwa wɔn nnɔbaeɛ no ama wɔn.

Saa ara na wɔn a wɔnyɛn mmoa no nso sese sika a wɔde bɛtɔ mmoa dodoɔ a wɔbɛnyɛn, nnuane dodoɔ a wɔde bɛma mmoa no, nnuro a wɔde bɛma wɔn firi berɛ a wɔsusua kɔpem berɛ a wɔbɛtɔn wɔn agye sika.

Saa nneyɛɛ yinom nyinaa boa mmabunu ma wɔhunu sɛdeɛ wɔbɛtoto wɔn sikasɛm yie wɔ asetenam. Yei bɛtumi aboa ama wɔn sikasɛm atu mpɔn pa ara.

Kuadwuma boa mmabunu ma wɔtumi de wɔn berɛ yɛ adwuma yie

Berɛ nhyehyɛeɛ yɛ biribi a anka ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa tumi sua pa ara. Nanso, sɛ wosɛe berɛ na worenhwere biribiara a, ɛyɛ a wonhunu deɛ nti a ɛsɛ sɛ woyɛ nhyehyɛeɛ pa ma wo berɛ. Mmabunu a wɔyɛ kuadwuma deɛ, wɔtumi yɛ nhyehyɛeɛ pa ma wɔn berɛ pa ara.

Ebi ne sɛ, sɛ biribi na wɔpɛ sɛ wɔdua a, wɔnim berɛ pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔdua adekorɔ, wɔnim berɛ a ɛsɛ sɛ wɔdɔ wɔn nnɔbaeɛ mu, wɔnim berɛ a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn mmoa aduane, wɔnim berɛ a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn nnuro, ɛnna wɔnim berɛ a ɛsɛ sɛ wɔma mmoa no pue kakra anaasɛ a wɔka wɔn gu buo mu.

Yeinom nyinaa yɛ suban pa a mmabunu bɛtumi asua afiri kuadwuma mu ama wɔn asetena atu mpɔn pa ara.

Kuadwuma boa ma mmabunu nsuro sɛ wɔbɛdi nkunim anaa nkoguo wɔ asetenam

Kuadwuma akɔyɛ adwuma baako a ɛtumi hyɛ onipa den wɔ asetenam pa ara. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, okuani bi nyɛmmoa bebree tumi wuwu berɛ bi mu. Ɛduru berɛ bi nso a, nyɛmmoa no tumi wo bebree ma wɔn dodoɔ bu bɔ ho.

Wɔn a wɔdua nnɔbaeɛ no nso, yareɛ tumi si afuo no so ma nnɔbaeɛ no sɛe, nanso ɛduru mmerɛ bi a, nnɔbaeɛ no tumi yɛ yie ma okuani no ani gye pa ara. Ɛduru afe bi a, okuani nnɔbaeɛ nhyia ɛboɔ ahe biara nanso afe bi mu nso deɛ, ne nnɔbaeɛ no tumi bɛhyia boɔ ma no nya sika tete ne ho aka nyinaa sane nya mfasobum.

Yeinom nyinaa tumi boa mmabunu a wɔde wɔn ho hyɛ kuadwuma mu no ma wɔsua sɛ, sɛdeɛ nneɛma bɛkɔ wɔ asetenam biara no, ɛsɛ sɛ wɔko kɔ wɔn anim ɛfiri, wɔbɛhunu sɛ ɛnyɛ daa nyinaa na nneɛma bɛkɔ sɛdeɛ yɛpɛ.

Tɔfabɔ

Mmabunu pɛ sɛ wɔdi yie wɔ asetenam pa ara a, kuadwuma yɛ adwuma baako a wɔbɛtumi de wɔn ho ahyɛ mu ama wɔn asetena atu mpɔn. Yɛakɔ sukuu aduru akyire o, sɛ yɛnkɔ nnuruu akyire o, yɛn nyinaa bɛtumi de yɛn ho ahyɛ kuadwuma mu ama yɛn sikasɛm ne yɛn asetena atu mpɔn pa ara.

Tags: kuadwumamfasoɔ a mmabunu nya firi kuadwuma mummabunusɛdeɛ kuadwuma boa mmabunu
Deɛ atwam

Sɛdeɛ abɛɛfo kuayɔ aka yɛn asetena ɛnnɛ

Deɛ ɛdi hɔ

Akwan ahodoᴐ binom a nnipa ani bԑtumi agye wᴐ mpenatweԑ mu wᴐ berԑ a mpa mu agodie mma mu

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu
Adwadie mu nsɛm

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/10/2023
Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana
Adwadie mu nsɛm

Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/09/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ
Adwadie mu nsɛm

Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/28/2022
Wɔn a wɔkra nneɛma firi amanɔne ne wɔn a wɔde nneɛma mane kɔ amanɔne kuo no akasa
Adwadie mu nsɛm

Wɔn a wɔkra nneɛma firi amanɔne ne wɔn a wɔde nneɛma mane kɔ amanɔne kuo no akasa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/22/2022
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akwan ahodoᴐ binom a nnipa ani bԑtumi agye wᴐ mpenatweԑ mu wᴐ berԑ a mpa mu agodie mma mu

Akwan ahodoᴐ binom a nnipa ani bԑtumi agye wᴐ mpenatweԑ mu wᴐ berԑ a mpa mu agodie mma mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?