• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Intanɛte so korɔnobɔ ne asiane a ɛwɔ mu – Kɔkɔbɔ ma mmabunu

Asuadeɛ ma mmabunu

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/19/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Intanɛte so korɔnobɔ ne asiane a ɛwɔ mu – Kɔkɔbɔ ma mmabunu
0
SHARES
177
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛka intanɛte so korɔnobɔ a, ɛne sɛ obi bɛfa kwatikwan bi so adaadaa afoforɔ agye wɔn nsam sika anaa wɔn agyapadeɛ. Ɛtɔ da a, deɛ saa nnipa yi yɛ ne sɛ, wɔboapa tɔn nnoɔma binom a ɛnyɛ papa ma afoforɔ, wɔde obi mfonin anaa ne sini daadaa afoforɔ anaasɛ wɔka nnaadaasɛm bi gu wɔn asom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi abu wɔn agye wɔn nsam sika.

Ɛwom sɛ saa korɔnobɔ yi kɔɔ so akyɛ pa ara yie deɛ, nanso saa berɛ yi a nnipa renya nkɔanim wɔ abɛɛfo kwan so no, saa berɛ yi pa ara nso na korɔnobɔ no atu atese. Ɛnnɛ, mmɔfra, mpanimfoɔ, ne nnipa nyinaa de wɔn ho agye saa subammɔne yi mu.

Sika ne ahonya deɛ, onipa biara nni hɔ a ɔkyiri ɛfiri sɛ, mpanimfoɔ se, “Obiara nni hɔ a ɛwoɔ sɔ gu n’anom a ɔmpɛ.” Nanso, sɛ yɛma sikaniberɛ didi yɛn tirim a, ɛbɛtumi ama yɛde yɛn ti akɔhyɛ baabi a yɛmpɛ. Ɛbɛtumi ama yɛafa abrabɔ mu nkasɛɛ bi de awowɔ yɛn ho, ɛbɛtumi asɛe yɛn anigyeɛ ne yɛn asomdwoeɛ, na ɛbɛtumi nso ama yɛasopa yɛn ho wɔ nnipa nyinaa anim.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Adeɛ baako a ɛyɛ awerɛho pa ara ne sɛ, ɛnnɛ, mmabunu pa ara na wɔde wɔn ho ahyɛ saa korɔnobɔ yi mu reyɛ no kɛse. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, wɔn mu dodoɔ no ara abrabɔ asɛe, wɔnni hwɛfoɔ papa biara, wɔmfa nnamfo pa, na wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsa bɛyɛ adwuma biara nso.

Ɛwom sɛ nnwuma ho ayɛna, na nnwuma binom nso nna fam deɛ nanso, sɛ woma w’ani da hɔ na wobere wo mogya ani a, wobɛtumi anya wo so ne wo deɛ ama wo ho ahehan wo wɔ asetenam. Wode bɛdi odwan ama yɛadwan wo ho deɛ, fa firi mfifire na yɛmfa mfiri wo. Dwanam a twɛdeɛ da ho deɛ, fa we w’awurafua ma w’asom nnwo wo. Deɛ saaa mpaninsɛm yinom nyinaa kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ mmabunu sua sɛ wɔbɛyɛ adwumaden de apɛ sika ato wɔn ho sene sɛ wɔbɛfa kwatikwan bi so asisi nkurɔfoɔ agye wɔn nsam sika.

Ɛyɛ afɛresɛm ne animguaseɛ kɛseɛ pa ara sɛ, wobɛbɔ obi korɔno wɔ intanɛte so ama w’anim agu ase nnipa nyinaa anim. Yɛn nananom hunuu yei nti na wɔkaa sɛ, “Animguaseɛ mfata ɔkani ba” no. Suban a wɔde tetee yɛn no yɛ osuro, obuo, nokorɛdie, ahobrɛaseɛ, ɔdɔ, ne deɛ ɛkeka ho. Yeinom nyinaa yɛ suban pa a sɛ woma ɛdi w’anim a wobɛtumi adi yie wɔ abrabɔ mu.

Ɛnnɛ, ɛsiane suatra ne ayɔnkogorɔ bɔne nti, ama suban binom a ɛnhyɛ abrabɔ pa ho nkuran abɛpue yɛn mu. Saa suban yi mu baako ne intanɛte so korɔnobɔ no. Ɔman biara amammara mu no, intanɛte so korɔnobɔ yɛ nea etia nnipa yiedie ne ne nkɔsoɔ. Ɛno nti, wɔbu obiara a ɔyɛ saa adeɛ yi bi sɛ obi a ɔfata asotweɛ. Ɛyɛ papa sɛ, wobɛtwe wo ho afiri saa suban yi ho anim anim yi ara ansa na aka akyi dodo.

Mpanimfoɔ se, “Yɛtu fo na yɛntu hyɛberɛ.” Menim sɛ aso pa nkyɛre asɛm tie yi deɛ, wode deɛ ato nnipa binom a wɔde wɔn ho hyɛɛ intanɛte so korɔnobɔ mu no bɛyɛ asuadeɛ.

Tags: aisieintanɛteintanɛte so asisieintanɛte so korɔnobɔkorɔnobɔ
Deɛ atwam

Ↄkwan a mfuturo fa so di nipadua no nya

Deɛ ɛdi hɔ

Awareɛ mu awudie – Asuadeɛ ma mmabunu

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Awareɛ mu awudie – Asuadeɛ ma mmabunu

Awareɛ mu awudie - Asuadeɛ ma mmabunu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?