• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Guava ne n’ahaban: apᴐmuden mu mfasoᴐ nnwᴐtwe bi a εwᴐ soᴐ

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
03/16/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Guava ne n’ahaban: apᴐmuden mu mfasoᴐ nnwᴐtwe bi a εwᴐ soᴐ
0
SHARES
74
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Guava aduaba no ankasa yε aduaba bi a nnuanennuro ne ahoᴐdennuro a εboa nipadua, ne εmu nhoma nhoma a εboa nipadua no adidie ahyε mu ma. Nnuanennuro ne nnepa ahodoᴐ a ahyε mu ma no na εma no nya apᴐmuden mu mfasoᴐ wᴐ nnipa soᴐ no. Wᴐde guava ahaban nso yε nnuro ahodoᴐ bii a εboa siesie nipadua no.

Deε εdidi soᴐ yi yε apᴐmuden mu mfasoᴐ nnwᴐtwe ahodoᴐ binom a adansedie taa akyire a εwᴐ guava aduaba no ne n’ahaban no so.

  • Ɛbεtumi aboa ate asikyire dodoᴐ a εwᴐ mogya mu no so sεdeε εnkᴐfa yareε mma. Adansedie binom kyerε sε, guava tumi boa ma nnipadua no sosᴐ mogya no mu asikyire no ano sεdeε εbεyε a εmmoro so. Nhwehwεmu ahodoᴐ a wᴐayε no wᴐ mmoa soᴐ ma wei da adi pefee. Ɛno akyiri no, nhwehwεmu binom a wᴐde nnipa yεeε ada nsunsuanso pa adi. Asεm pa a εwᴐ wei ho kᴐ ma wᴐn a wᴐwᴐ asikyire yareε ne wᴐn a wᴐhwε a wᴐbεtumi anya bi. Nhwehwεmu ahodoᴐ a wᴐde nnipa yεeε no bi daa adi sε, wᴐn a wᴐwᴐ asikyire yareε a wᴐde guava ahaban yεε tea nomoo no wᴐn adidie akyiri no mogya mu asikyire no so tumi te boroo 10%.
  • Ɛtumi hyε akoma no apᴐmuden mu kena. Abᴐdeε mu nyansapεfoᴐ pii gye di sε, nnuanennuro ahodoᴐ ne ahoᴐdennnuro binom te sε Vitamin C ne deε εkeka ho a εwᴐ guava mu no nti, εtumi bᴐ akoma no ho ban firi biribiara a εbεtumi aha akoma no ho. Sε wᴐkyerε mu a, nhoma nhoma ahodoᴐ a εwᴐ mu no boa ma akoma no apᴐmuden si pi si ta, na n’ahaban no nso te mogyaborosoᴐ so.
  • Ɛtumi ma yaw a mmaa kᴐ mu wᴐ wᴐn afikyikorᴐ mu no gyae, anaa εte so. Mmaa pii kᴐ yaw kεseε bi te sε yafunu keka mu berε a wᴐabu wᴐn nsa. Na nhwehwεmu kyerε sε guava ahaban no tumi te nsabuo mu yaw no so yie, na wᴐkyerε mu a, ano yε den kyεn nnuro a yεnom de kum yaw no mpo.
  • Ɛtumi boa ma aduane a yεdie no dane yε adwuma sεdeε εsε wᴐ nipadua no mu. Guava yε aduaba bi a εwᴐ nhoma nhoma wᴐ mu a εboa yie pa ara wᴐ aduane a nnipa die ne n’adwumayε wᴐ nnipa mu. Wei kyerε sε εboa yafunu no mu dwumadie ahodoᴐ binom ne ayamtim ho nsεnsεm. Adeε bi a εwᴐ aduaba yi ne n’ahaban mu a wᴐfrε no antimicrobial tumi boa sεe biribiara a εwᴐ yafunu no mu a εbεtumi ama obi anya ayamtuo.
  • Ɛtumi boa ma obi so te. Guava yε aduane bi a, sε obi pε sε ne so te a, εsε sε ᴐfa no adamfoᴐ. Ɛwᴐ mu sε εbεma wo so ate deε, nanso εnte sε nnuane ahodoᴐ a yεdi ma yεn so teε no. Ɛmma wonhwere nnuane nnuro binom a wohia wᴐ wo nipadua mu. Nhoma ahyε mu ma, na adeε a εma nnipa yε kεse a εwᴐ mu no yε kumaa bi.
  • Ɛbεtumi ayε adeε a εbεtumi ako kokoram. Nhwehwεmu kyerε sε εwᴐ adeε bi wᴐ mu a εbεtumi ako kokoram. Wei bεfiri antioxidants a εwᴐ mu a εko tia biribiara a εpε sε εsεe nipadua no nhyehyεeε, a εno ne kokoram kᴐfabaeε. Guava ne n’ahaban no si kokoram kwan, na εmma no nnyini.
  • Ɛboa hyε nkwammoa no ahoᴐden mu den. Sε Vitamin C nni obi mu a, nnipa no taa nyinya nyarewa binom. Guava yε kwan baako a ahomeka wᴐ mu a obi bεtumi afa so anya saa nnuanennuro Vitamin C yi. Saa nnuanennuro yi yε adeε a εboa ma nkwammoa no nya ahokeka ne ahoᴐden pa ara.
  • Ɛtumi nso siesie honam. Sε obi di guava ne n’ahaban no waano waano a, εboa siesie honam no ma no yε nomenome. Nnuanennuro ahodoᴐ a ahyε mu ma a yεabobᴐ soᴐ no nyinaa yε adeε εyε anwanwadeε wᴐ honam no ani. Ɛte nyini ne sε honam twintwam so, na εma no yε frᴐmfrᴐm.

Apᴐmuden mu nneεma ahodoᴐ yinom nyinaa yε adeε a εkᴐ so wᴐ nnipadua no mu, sε obi de guava di dwuma a. Ɛno akyi no, nnuroyεfoᴐ binom nso ka sε εtumi nsaa anaa εborᴐ, na εyε mmarima nso ho adwuma pa ara. Sε nsaa gu abi na wode hyire fra n’ahaban no yam de sra nipa no a, nsaa no tumi yera. Afei sε barima bi yε mmrε wᴐ mpam na sε ᴐde atadwe ka guava ahaban ho we a, εtumi boa no ma anigyeε ba fie.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Tags: Akoma yareεApᴐmuden mu mfasoᴐGuava ne n’ahabannnuanennuro
Deɛ atwam

Mfasoɔ a mmaa nya firi karɔto mu

Deɛ ɛdi hɔ

Atadwe so mfasoᴐ atitire nsia wᴐ apᴐmuden mu

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Atadwe so mfasoᴐ atitire nsia wᴐ apᴐmuden mu

Atadwe so mfasoᴐ atitire nsia wᴐ apᴐmuden mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?