• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Awerɛhosɛm

Ghana tɔ so ɔha ne du baako wɔ nhwehwɛmu a ɛfa aman anigyeɛ ho no mu

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
03/28/2023
wɔ Awerɛhosɛm
0 0
0
Ghana tɔ so ɔha ne du baako wɔ nhwehwɛmu a ɛfa aman anigyeɛ ho no mu
0
SHARES
74
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɔman Ghana yɛ yɛn ara yɛn man, yɛnni baabiara kɔ. Ɛha ne yɛn fie, nanso ɛfie tumi dane fie wɔ berɛ a anigyeɛ biara nni mu? Megye di sɛ yɛbɛnya mmuaeɛ ahodoɔ mmienu wɔ ha. Nnipa pii firi ɔman yi mu kɔ aman ahodoɔ so ɛsiane sɛ wɔsusu sɛ wɔbɛnya nnwuma, asomdwoeɛ, anigyeɛ ne sika wɔ hɔ. Dodoɔ no ara nso da so te ɔman yi mu, nanso ɛrekame ayɛ sɛ yɛrebue kwan sɛ obiara mfiri ɔman yi mu nkɔ foforɔ so a wɔntua sika biara a anka adeɛ renkye obiara wɔ ɔman yi mu. Adɛn ntira? Dodoɔ no ara susu sɛ anigyeɛ nni ɔman yi mu.

Ɛfiri mfeɛ bɛyɛ du nie, afe biara aman nkabomkuo gyina nneɛma ahodoɔ bi so yɛ nhwehwɛmu wɔ wiase aman ahodoɔ 150 mu kyerɛ aman no mu deɛ ɛmu nnipa ani gye yie pa ara nnidisoɔ nnidisoɔ. Ɛno mu na afe 2022 a atwa mu no nhwehwɛmu a abɛtɔ dwa afe yi ara mu de ato dwa sɛ, Ghana ne ɔman a ɛtɔ so 111 a ɛmu nnipa ani gye yie pa ara. Afe 2021 mu no, na Ghana tɔ so aduokron nnum, wei kyerɛ sɛ anigyeɛ a ɔman mma wɔ no aba fam koraa. Nneɛma ahodoɔ a wɔgyina so de yɛ saa nhwehwɛmu yi bi ne fawohodie a ɔman mma wɔ, kɛtɛasehyɛ a ɛnni ɔman no mu, ayamyɛ a ɔmamfoɔ wɔ, apɔmuden pa, nhehyeɛ a ɔman no ayɛ ne mmoa a ɔmamfoɔ de boa wɔn a wɔn ho kyere wɔn ne ɔman no sikasɛm a ɛfa mfasoɔ a wɔnya wɔ adwadie mu, na ɛno nti ɛmma ɔmamfoɔ ho nkyere wɔn wɔ asetena mu. Wei kyerɛ sɛ ɛba weinom nyinaa mu a ɔman Ghana mmɔdemmɔ wɔ fam yie.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nhwehwɛmu no mu no, Finland ne ɔman a adi kan wɔ mu atoa so wɔ mfeɛ nsia mu. Denmark tɔɔ so mmienu, Iceland tɔɔ so mmieɛnsa. Switzerland tɔɔ so nnan, Netherlands tɔɔ so nnum, Luxembourg tɔɔ so nsia, Sweden ne Norway tɔɔ so nson ne nnwɔtwe, ɛnna Israel ne New Zealand tɔɔ so nkron ne du. Abibiman ahodoɔ ne nyinaa mu biara nni hɔ a wɔn din puee mu wɔ aman ahodoɔ aduonum a ɛdi kan no mu.

Abibiman ahodoɔ a wɔn din puee mu ne baabi a wɔdiiɛ wɔ nhwehwɛmu no mu na ɛdidi soɔ yi.

  • Mauritius (aduonum mmienu)
  • Libya (aduowɔtwe nsia)
  • Cote d’Ivoire (aduowɔtwe nnwɔtwe)
  • South Africa (aduokron baako)
  • Gambia (aduokron mmiɛnsa)
  • Algeria (aduokron nsia)
  • Liberia (aduokron nson)
  • Congo Brazzaville (aduokron nkron)
  • Morocco (ɔha)
  • Mozambique (ɔha ne baako)
  • Cameroon (ɔha ne mmienu)
  • Senegal (ɔha ne mmiɛnsa)
  • Niger (ɔha ne nnan)
  • Gabon (ɔha ne nsia)
  • Guinea (ɔha ne nkron)
  • Ghana (ɔha ne du baako)
  • Burkina Faso (ɔha ne du mmiɛnsa)
  • Benin (ɔha ne du nnum)
  • Comoros (ɔha ne du nsia)
  • Uganda (ɔha ne du nson)

Wei kyerɛ baabi a ɔman Ghana da wɔ ɛmu nnipa anigyeɛ mu. Ɔman yi de nhyehyɛeɛ pa regu akwan mu, kɛtɛasehyɛ ne prɔeɛ refiri hɔ, na yɛde ayamyɛ, nokorɛdie ne pɛpɛɛpɛyɛ redi dwuma a, anka ɔman ba biara bɛnya anigyeɛ, wɔn ho bɛtɔ wɔn wɔ asetena mu, na wɔbɛhunu no sɛ wɔn fie koro pɛ a wɔnni baabiara kɔ.

Tags: akuniniaman nkabomkuoanigyeɛGhanaGold CoastNana Akuffo Addosikakɔkɔɔ
Deɛ atwam

Animia ne mmɔdemmɔ wie nkonimdie.

Deɛ ɛdi hɔ

Ayamkuro ne deԑ ԑde ba: ano aduro ne sԑ wobԑbᴐ wo ho ban afiri ho

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Tɛma ne ne mpɔtam mmoa wɔn ho sɛ wɔbɛda sum mu ɔkyena, Wukuada, Ahinime 26, 2022.
Amammerɛ

Tɛma ne ne mpɔtam mmoa wɔn ho sɛ wɔbɛda sum mu ɔkyena, Wukuada, Ahinime 26, 2022.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
10/25/2022
Mperewanyinsɛn, ɔhaw foforɔ a ɛredi Ghana nya
Adwenkyerɛ

Mperewanyinsɛn, ɔhaw foforɔ a ɛredi Ghana nya

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
10/07/2022
Asuafoɔ binom atɔ baha ama afoforɔ nso abɔ wɔn akyerɛkyerɛfoɔ dua wɔ WASSCE nsɔhwɛ no mu
Awerɛhosɛm

Asuafoɔ binom atɔ baha ama afoforɔ nso abɔ wɔn akyerɛkyerɛfoɔ dua wɔ WASSCE nsɔhwɛ no mu

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/16/2022
Wɔakye nnipa 164 a wɔtu galamsey wɔ Ghana.
Adwadie mu nsɛm

Wɔakye nnipa 164 a wɔtu galamsey wɔ Ghana.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/16/2022
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ayamkuro ne deԑ ԑde ba: ano aduro ne sԑ wobԑbᴐ wo ho ban afiri ho

Ayamkuro ne deԑ ԑde ba: ano aduro ne sԑ wobԑbᴐ wo ho ban afiri ho

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?