• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – Ebenezer Ako-Adjei

Abakɔsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
03/27/2023
wɔ Adesua, Amanyɔsɛm
0 0
0
Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – Ebenezer Ako-Adjei
0
SHARES
117
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Dr. Ebenezer Ako-Adjei (Ayɛwohomumɔ 17, 1916 – Ɔpɛpɔn 14, 2002) yɛ Ghana dehyeɛ a ɔsomm sɛ amanyɔni, mmaranimfoɔ ne nsɛntwerɛni. Ɔka mpanimfoɔ a wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu tee amanyɔkuo a ɛdi kan wɔ Ghana abaɔksɛm mu, United Gold Coast Convention (UGCC) no ho. Ɛsiane sɛ, deɛ ɔkyerɛ mmusuo no yɛde n’akokɔ na ɛyie nti, ɔka Ghana mpanimfoɔ nsia a wɔkyeree wɔn guu afiase berɛ a na wɔrepere faahodie ama Ghana no ho.

Wɔwoo Ebenezer Ako-Adjei wɔ kuro ketewa bi a wɔfrɛ no Adjei kurom a ɛwɔ Akyem Abuakwa hɔ baabi. Ɔkɔɔ ne suapɔn wɔ Amerika ne United Kingdom. Ɔwiee suapɔn no na ɔbaa Ghana bɛkaa mpanimfoɔ a na wɔrepere faahodie ama ɔman no ho maa wɔtee United Gold Coast Convention (UGCC) amanyɔkuo no.

Dr. Ebenezer Ako-Adjei korɔ yi ara na ɔkamfoo Dr. Kwame Nkruma kyerɛeɛ sɛ, wɔmfa no mmɛka amanyɔkuo no ho na ɔmmɛyɛ wɔn twerɛtwerɛfoɔ. Ɛno na ɛnam so maa Kwame Nkruma firii aseɛ de ne ho hyehyɛɛ amanyɔsɛm mu.  Berɛ a Ghana nyaa faahodie firii aborɔfo no nsam no, Ako Adjei bɛyɛɛ Ɔsoafoɔ a ɔdi kan wɔ Ghana abakɔsɛm mu, na ɔhwɛ ɔman yi mu nhyehyɛeɛ ne atɛntenenee so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Afe 1961 mu no, Dr. Ebenezer Ako-Adjei sane bɛyɛɛ Ɔsoafoɔ a ɔdi kan wɔ Ghana abakɔsɛm mu a na ɔhwɛ Ghana ne aman afoforɔ ntam nkitahodie so. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, Ako-Adjei amanyɔsɛm ne ne dwumadie nyinaa ho baa asɛm. Deɛ ɛkɔbaeɛ ne sɛ, Kitawonsa 31, 1962 mu no,  Ghana manpanin Ɔsagyefoɔ Dɔkota Kwame Nkruma kɔɔ Togo ne ɛhɔ manpanin no kɔdiii nkitaho faa sɛdeɛ Abibifoɔ bɛtumi aka wɔn ho abom sɛ ɔman baako ho.

Berɛ na ɔrefiri n’akwantuo no mu resan aba Ghana wɔ Ɔsannaa 1 mu no, nsubrane bi tɔeɛ nti, lɔre ahodoɔ a wɔde kɔeɛ no antumi amfa faako sɛdeɛ daa na wɔyɛ no, ɛsiane sɛ na akwan no nyɛ papa. Yei na wɔbɛduruu Kulungugu a ɛwɔ Ghana no, wɔmaa abarimmaa kumaa bi de nhwiren kɔhyiaa ɔmanpanin. Berɛ a ɔman gyinaeɛ a ɔyɛɛ sɛ ɔrekɔgye nhwiren no, wɔanhunu deɛ ɛyɛeɛ na topaeɛ bi paee wɔ hɔ. Abɔfra no hweree ne nkwa amonom hɔ ara nanso ɔmanpanin deɛ, Ɔsoro dii ne ho afofie.

Ɛba saa no, wɔde kwaadu bɔɔ Dr. Ebenezer Ako-Adjei, Tawia Adamafio, Hugh Horatio Cofie Crabbe, Joseph Yaw Manu, ne Robert Benjamin Okyere sɛ wɔn na wɔahyehyɛ ho sɛ anka wɔredi ɔmanpanin no awu wɔ saa kwan no so.

Berɛ a Owura F. E. Takyi Menson rema ɔkasa wɔ mmarahyɛbadwafie Ɛbɔ 6, 1962 mu no, ɔde too dwa sɛ,

“Yɛnam kwan so reyɛ aduru baabi a asɛm no siiɛ no, saa nnipa yinom; Adamafio, Crabbe ne Ako Adjei tee wɔn ho firii ɔkannifoɔ a na wɔde wɔn ho abɔ no pampee te sɛ obi a wɔdɔ no ara ma, ɛso bi mmaeɛ no ho. Wɔforoo lɔre afoforɔ de mmirika ntɛntɛ twee wɔn ho dii anim koraa gyaa ɔmanpanin no wɔ akyire a na obi nhunu wɔn atikɔ mpo.”

Wɔyii no firii afiase 1966 mu no, Dr. Ebenezer Ako-Adjei amfa ne ho annye Ghana amanyɔsɛm mu sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no bio. Saa ara na wamfa n’ano anto ɔman no mu nsɛm mu te sɛ kane no. Mmom, ɔnyaa berɛ maa n’abusua, na ɔmaa n’ani kɔɔ n’adwuma so sɛ mmarnimfoɔ. 1992 mu no, ɔtwerɛɛ nwoma faa Ghana dwadini kunini Owura George Grant ho. 1977 mu no, wɔde abasobɔdeɛ a na ɛsom bo pa ara wɔ Ghana no maa no. Na wɔfrɛ saa abasobɔdeɛ no, Nsoroma no Akwankyerɛ. Ɛyɛ animuonyamhyɛ a wɔhyɛɛ da de maa no ɛsiane dwuma titire a ɔdi de boa maa Ghana tumi nyaa faahodie no nti.

Ɔpɛpɔn 14, 2002 mu no, owuyareɛ bi bɔɔ Dr. Ebenezer Ako-Adjei berɛ tiawa bi maa no nam so hweree ne nkwa wɔ Korlebu ayaresabea kɛseɛ a ɛwɔ Nkran no mu. Ɔno ne onipa a ɔtwa toɔ a ɔwuiɛ wɔ Ghana adehyeɛ akunini nsia no mu. Ɔdii mfeɛ 85, ɛnna ɔgyaa ɔbaa kunani ne mmɔfra nnan wɔ akyire.

Ne wuo akyi no, wɔde ne din too Sankara Interchange a ɛwɔ Nkran no so bɛfrɛɛ no Ako-Adjei Interchange. Afei nso, wɔayɛ pramma bi wɔ Osu a ɛwɔ Nkran de ne din ato so.

Asɛm a ɔkaeɛ a ɛma yɛhunu sɛdeɛ na ɔwɔ ɔman Ghana ho dɔ ne adwene pa ne sɛ:

“Ghana yɛ yɛn man. Yɛnni baabiara kɔ. Ɛha yi ara na Onyankopɔn de yɛ adua, nti ɛsɛ sɛ yɛhunu yei ntɛm ansa na nneɛma aka akyi dodo.”

Tags: AbakɔsɛmBig sixDr. Ebenezer Ako-Adjei
Deɛ atwam

Ekuro/Ekunini a ԑtᴐ onipa nan ase

Deɛ ɛdi hɔ

Animia ne mmɔdemmɔ wie nkonimdie.

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Animia ne mmɔdemmɔ wie nkonimdie.

Animia ne mmɔdemmɔ wie nkonimdie.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?