• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – J. B. Danquah

Abakɔsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
02/27/2023
wɔ Adesua, Amanyɔsɛm
0 0
0
Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – J. B. Danquah
0
SHARES
162
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Edin a nnipa nyinaa de nim Owura yi yie pa ara ne J. B. Danquah, nanso ne din a ɛwɔ nkrataa mu a n’awofoɔ de maa no pa ara ne Joseph Kwame Kyeretwie Boakye Danquah. Wɔwoo no Ɔpɛnima 21, 1895 mu wɔ Ghana kuro bi a wɔfrɛ no Bepɔn so. Ɔtoaa nananom wɔ nseɛdo wɔ Ɔgyefuo 4, 1965 mu. Awerɛhosɛm yi sii Nsawam a ɛwɔ Ghana.

Owura Danquah yɛɛ adwuma sɛ mmaranimfoɔ, nwomatwerɛfoɔ, ne amanyɔni. Ɔsane somm sɛ Ghana amanyɔfoɔ a na wɔrepere ɔman no nkɔsoɔ no nyinaa sahene, na ɔdii Ghana faahodie a na wɔrepere no mu akotene yie pa ara kɔsii sɛ ɔdomankoma wuo twaa ne nnwuma so. Bio, ɔno ne amanyɔni a na ɔne Ɔsagyefoɔ Dr. Kwame Nkrumah repere ɔmanpanin adwa no wɔ Ghana saa berɛ no.

Ɔsuaa mmara wɔ London suapɔn mu. Yei nti, berɛ a ɔsane baa Ghana 1927 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔno ara n’adwuma sɛ mmaranimfoɔ. Afei, ɔyɛɛ nkoowaa nkrataa a na wato din “The Times of West Africa” a ɛkyerɛ “Abibifoɔ mmerɛ” a na wɔtwerɛ no wɔ Ghana. Ɔsane de mfeɛ du somm sɛ Ghana Mmabunu Kuo no twerɛtwerɛfoɔ panin firii 1937 kɔsii 1947.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ɛsiane ɔmanpɛ honhom a na Danquah wɔ nti, ɔberee ne mogya ani yɛɛ biara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ghana bɛtumi ade ne ho afiri aborɔfo no nhyɛsoɔ ase. Yei nam so maa no bɛyɛɛ aborɔfo Mmarahyɛ badwa no mu ni wɔ 1946 mu. Ɛno akyi, 1947 mu no, Danquah tee amanyɔkuo a na wɔfrɛ no United Gold Coast Convention (UGCC). Nnipa a na wɔwɔ saa manyɔkuo yi mu no, na wɔn nyinaa yɛ animdefoɔ a wɔaben wɔ nwomasua mu yie pa ara. Atirimpɔ a Owura J. B. Danquah de tee amanyɔkuo yi ne sɛ, wɔde bɛpere ama Ghana nam mmarakwan so anya ne faahodie ntɛm so. Ɛno mu na Owura J. B. Danquah too nsa frɛɛ Nkrumah sɛ ɔmmɛyɛ amanyɔkuo no twerɛtwerɛni nanso ɛduruu baabi no, mpaepaemu baa animdefoɔ a na wɔwɔ amanyɔkuo no mu no ntam maa wɔn mu kyekyɛeɛ ɛfiri sɛ, na wɔn mu binom ne Owura J. B. Danquah nyɛ adwene wɔ ne nhyehyɛeɛ binom ho.

Mente-me-ho-ase yi akyi no, Dr. Kwame Nkrumah tee ne ho kɔtee amanyɔkuo bi a na wɔfrɛ no Convention People’s Party (CPP) wɔ 1949 mu. Nanso saa berɛ no, na Owura J. B. Danquah ne n’amanyɔkuo no mu mpanimfoɔ binom a wɔka ne ho adi kan ama aborɔfo no de wɔn nsa ahyɛ nkrataa bi ase a na ɛbɛboa ama Ghana atumi anya ne faahodie. Yei nti, ɛmaa nnipa dodoɔ no ara kɔdii Owura J. B. Danquah amanyɔkuo no akyi.

1951 mu no, wɔtoo aba maa Owura J. B. Danquah sɛ ɔnkɔka aborɔfo no mmarahyɛ badwa no ho nnyina Ghana anan mu. Nanso, 1954 ne 1956 mu no, wɔanto amma no bio. Ɛno akyi, 1960 mu no, ɔne Ɔsagyefoɔ Dr. Kwame Nkrumah peree ɔmanpanin adwa no maa Nkrumah dii ne so nkunim berɛ a Owura J. B. Danquah nyaa aba no nyinaa mu ɔha mu nkyɛmu du pɛ. Anso hɔ ara, ɔkɔɔ so ara ne Nkruma dii asie, na ɔko tiaa Nkruma amammuo no fa a na akɔyɛ sɛ wayɛ ne ho ka-a-anka-bi no. Ɛno nam so maa wɔkyee no too afiase 1961 mu ɛnna wɔsan yii no 1962 mu. Akyiri yi, wɔtoo aba maa no sɛ Ghana Mmaranimfoɔ Kuo no nyinaa so panin.

Ɛsiane sɛ, sɛ abɔfra ka sɛ ɔremma ne maame nna anadwo a bɛntoa mpa ne to da nti, berɛ a Owura J. B. Danquah kɔɔ so ara sɔre tiaa Nkrumah amammuo no, wɔsan kyee  no too afiase 1964 mu wɔ Nsawam. Ɔkɔdaa afiase no, afe pɛpɛɛpɛ na ɔtwaa n’ani hwɛɛ ban wɔ afiase hɔ.

Tags: AbakɔsɛmamanyɔsɛmJ. B. Danquahthe big six
Deɛ atwam

Ghana adehyeɛ akunini nsia no ho abakɔsɛm – Ɔsagyefoɔ Dr. Kwame Nkrumah

Deɛ ɛdi hɔ

NHYEHYƐEƐ A ƐBƐMA AHAFO MFASODEƐ APAM NO ABA MU: YƐREHWEHWƐ MPƆTAMU AHOFAMA WƆ NEWMONT SIKA KƆKƆƆ AGUDEƐTUO MU WƆ GHANA

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ

NHYEHYƐEƐ A ƐBƐMA AHAFO MFASODEƐ APAM NO ABA MU: YƐREHWEHWƐ MPƆTAMU AHOFAMA WƆ NEWMONT SIKA KƆKƆƆ AGUDEƐTUO MU WƆ GHANA

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?