Ɔsagyefoɔ Dr. Kwame Nkrumah yɛ Ghanani a wɔwoo no Ɛbɔ 21, 1909 wɔ Nkroful. Yɛreka nnipa a wɔgyinaa wɔn nan so peree faahodie maa Ghana berɛ a na Britainfoɔ di yɛn so a, ɔdi mu akotene pa ara. Berɛ a Ghana nyaa faahodie wɔ 1957 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔmanpanin a ɔdi kan wɔ Ghana abɔkɔsɛm mu dii adeɛ firii 1957 kɔsii sɛ wɔde asraafoɔ tuu no adeɛ so wɔ 1966 mu. Yei kyerɛ sɛ, ɔdii adeɛ mfeɛ nkron sɛ Ghana manpanin.
Na Dr. Kwame Nkrumah papa yɛ ɔtomfoɔ, ɛnna na ne maame nso yɛ odwadini. Wɔbɔɔ Nkrumah asu wɔ Roman som mu. Ne saa nti, Nkruma de mfeɛ nkron kɔɔ sukuu wɔ Roman mfitiase sukuu a na ɛwɔ Half Assini, wɔ Ghana. Ɛno akyi no, ɔkɔtoaa n’adesua so wɔ Achimota Kɔlegyi. Ɔwiee ntoasoɔ sukuu yi wɔ 1930 mu. Afei, ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛɛ adeɛ wɔ Edena ne Akyem wɔ Roman Catholic adantam sukuu mu.
Berɛ a ne kɔn bɛdɔɔ sɛ ɔbɛyɛ amanyɔsɛm no, Nkrumah kɔtoaa n’adesua so wɔ Amerika. Ɔkɔɔ Lincoln Suapɔn a ɛwɔ Pennsylvania wɔ1935 mu. Ɔwiee n’adesua wɔ suapɔn yi mu wɔ1939 mu no, ɔsan toaa so de mfeɛ mmienu suaa adeɛ bio wɔ Lincoln suapɔn no ne Pennsylvania suapɔn no mu. Nneɛma a Nkrumah suaa ho adeɛ no, na ɛfa nipa ne nnipa ntam nkitahodie ne ɔmampɛ ho. Ɛduruu baabi no, Nkruma kaa sɛ watwe ne ho afiri Nyamesom kuo biara ho. Afei ɔde kaa ho sɛ, ɔyɛ obi a ɔrepere ne man nkɔsoɔ ne ne yiedie. Ɛhɔ na ɔfirii aseɛ de ne ho hyehyɛɛ amanyɔsɛm mu. Deɛ ɛdi kan no, ɔbɛdii adeɛ sɛ asuafoɔ a wɔfiri Abibirem a wɔresua adeɛ wɔ Amerika ne Kanada Nkabom kuo no kannifoɔ.
Berɛ a na Nkruma resua adeɛ wɔ amanɔne no, na J.B. Danquah nso ate amanyɔkuo bi a wɔfrɛ no United Gold Coast Convention (UGCC). Atirimpɔ a ɔde tee amanyɔkuo ne sɛ, ɛbɛfa mmarakwan so aboa ama Ghanaman atumi ade ne ho afiri aborɔfo nkoasom mu. Wɔtoo nsa frɛɛ Nkrumah sɛ ɔmmɛyɛ amanyɔkuo yi twerɛfoɔ. Yei nti, ɔsane baa Ghana 1947 mu. Ɔnso nso bɛduruiɛ no, ɔde ɔpɛ pa gyee amanyɔkuo no atirimpɔ no toom, firii aseɛ yɛɛ nhyiam ahodoɔ boaboaa nnipa ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛdɔm ama wɔaboa ama wɔako atia aborɔfo no nhyɛsoɔ ne wɔn nkoasom no. Ogyefuo 1948 mu no, basabasayɛ bi sɔree ɔman no mu maa aborɔfo no kyee Nkruma ne UGCC amanyɔkuo no akannifoɔ binom kaa ne ho de wɔn kɔguu afiase.
Ayɛwohomumɔ 1949 mu no, Nkruma tee ɔno ara n’amanyɔkuo a na wɔfrɛ no Convention People’s Party (CPP). Atirimpɔ a ɔde tee amanyɔkuo yi ara ne sɛ wɔde bɛpere faahodie anim anim hɔ ara. Yei nti, Ɔpɛpɔn 1950 mu no, Nkruma hyɛɛ dwumadie bi ase a na ɛbɛma wɔate aborɔfo no so atua a wɔrenyɛ basabasa biara. Ɛsiane sɛ na aborɔfo no suro sɛ Nkruma bɛma ɔman no atu wɔn so sa nti, wɔsan kyee no ne mprenu so de no kɔtoo afiase. Nanso Ogyefuo 8, 1951 mu berɛ a wɔtoo aba wɔ Gold Coast no, Nkrumah amanyɔkuo no dii nkunim. Afei, wɔyii no firii afiase maa no bɛyɛɛ ɔkannifoɔ a na ɔda aban nnwuma ahodoɔ ano. Ɛno akyi 1952 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔsoafoɔ wɔ Gold Coast.
Berɛ a Ghana nyaa faahodie 1957 mu no, Nkruma bɛyɛɛ ɔman no soafoɔ a ɔdi kan wɔ Ghana abakɔsɛm mu. Adeɛ baako a ɔyɛeɛ a nnipa dodoɔ no ara ani annye ho ne sɛ, ɔhyɛɛ mmara sɛ, sɛ obi sɔre tia n’aban no wɔ ɛkwan biara so a, wɔde saa nipa no bɛto afiase a wɔnni n’asɛm. Yei nyinaa akyi no, ɔyiyii akwan, sisii sukuu ne ayaresabea ahodoɔ, sane buebuee nnwuma maa Ghanafoɔ asetena tuu mpɔn pa ara.
Berɛ a wɔtoo ɔman aba a ɛdi kan wɔ 1960 mu no, Nkruma bɛyɛɛ ɔmanpanin a ɔdi kan wɔ Ghana abakɔsɛm mu. Ɔsanaa 1962 mu no, anka nnipa binom nam esum ase reyɛ adi Nkrumah awu wɔ Kulugungu. Deɛ ɛsiiɛ maa Nkrumah ani baa ne ho so pa ara nti, ɔfirii aseɛ hyehyɛɛ asraafoɔ a na wɔbɛbɔ ne ho ban berɛ biara.
Yei nyinaa akyi, Ogyefuo 24, 1966 mu berɛ na Nkruma rekɔ aporɔ wɔ Beijing no, Asraafoɔ ne apolisifoɔ a wɔwɔ Ghana kaa wɔn ho bɔɔ mu tuu no adeɛ so berɛ mpo a na ɔnni ɔman no mu. Ɛno nti, Nkrumah firi akwantuom baa Abibirem no, ɔkɔbɔɔ ne ho adwaa wɔ Guinea a wantumi amma Ghana bio kɔpem sɛ kokoram kum no wɔ Bucharest wɔ 1972 mu.