Bɔ nsɛm yi tie:
Dr. Owusu Afriyie Akoto a ↄyɛ Ↄsoafoↄ a ↄhwɛ Aduane ne Kuayɛ nsɛm so no de ato dwa sɛ aban abara aduane a wↄde firi yɛn man yi mu kↄ aman afoforↄ a atwa yɛn ho ahyia so no.
Dr. Akoto kyerɛɛ mu sɛ, sɛdeɛ yɛretete wↄ nhwehwɛmu mu sɛ aduane ho rekↄ atwee wↄ wiase afanan nyinaa no nti, wↄretu saa anammↄn yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wↄbɛtumi akora aduane pii wↄ ↄman no mu.
Ↄne nsɛntwerɛfoↄ bi nkↄmmↄdie wↄ Kumase mu no, ↄsii no pi sɛ Ghana wↄ nnuane pii, na wↄreyɛ nnuane pii nso ho adwuma.
Sei na ↄkaeɛ:
“Yɛabara sɛ yɛde nnuane mane aman afoforↄ a atwa yɛn ho ahyia no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi ayere aduane ahobammↄ mu yie. Aduane ho akↄ atwee wↄ aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa mu yie a agorↄ nni mu koraa, na ɛnyɛ nnipa nko ara yafunu nti na yɛresie aduane, na mmom yɛpɛ sɛ yɛsie aduane ma yɛn ayɛmmoa nso.”
Sɛ yɛhwɛ Abibiman binom a atwa yɛn ho ahyia mu a, ɛkↄm a aba wↄn so no nyɛ ɛkↄmwa. Ne saa nti sɛ aban no ahunu deɛ ɛyɛ ma ↄman yi a ɛno ne sɛ ↄde mmara bɛto saa dwumadie yi so a, ɛnneɛ na ne papa mu ara ne no. Afei, aban no reyɛ wei no, yɛbɛserɛ sɛ anka akuafoↄ bɛboa abↄ aduane ho ban wↄ berɛ a wↄmfa nnuro ngu so wↄ ne dua mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a aduane no nsɛe ntɛm, na atumi agu hↄ akyɛre, na yɛn apↄmuden nso asi pi. Ankorɛankorɛ biara nso nhwɛ sɛ ↄbɛkora aduane, na wↄnyɛ no basabasa, ɛfiri sɛ mpanin se: “Sɛ wokↄto sɛ wo yↄnko abↄdwesɛ rehye a, sa nsuo si wo deɛ ho.”