• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

FDA rebɔ ɔmamfoɔ nyinaa kɔkɔ wɔ ‘Artificial tears’, aduro a yɛde sɔ yɛn ani so no ho.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
03/31/2023
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
FDA rebɔ ɔmamfoɔ nyinaa kɔkɔ wɔ ‘Artificial tears’, aduro a yɛde sɔ yɛn ani so no ho.
0
SHARES
209
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Adwumakuo a ɛhwɛ nnuane ne nnuro soɔ (FDA) no rebɔ ɔmamfoɔ nyinaa kɔkɔ wɔ nnuro ahodoɔ mmienu bi a yɛde sɔ yɛn ani so, na wɔtontɔn no nnutɔnbea ahodoɔ no sɛ wɔnnyae tɔ.

Saa nnuro yi din ne ‘Ezricare artificial tears’ ne ‘Delsam Pharma’s artificial tears’ a Global Pharma, adwumakuo bi a ɛyɛ nnuro ayɛ de aba abɔntene no.

Artificial tears (aduro a yɛde sɔ yɛn ani so) a akum nnipa baasa.

Wɔn a wɔyɛɛ nnuro yi ankasa rebɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛyi nnuro yi afiri dwa so sɛdeɛ ɔmamfoɔ nsa rentumi nka bi mma wɔmfa nkɔgu wɔn ani so ɛnam kwan bɔne a aduro yi nam so redi dwuma nti.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Adwumakuo a ɛda nnuane ne nnuro ano (FDA) yi de ato dwa sɛ: “Wɔn nhwehwɛmu ama wɔahunu sɛ nnuro mmienu yi kura mmoawa bi a ani nhunu, a wɔn din ne ‘pseudomonas aeruginosa’. Nnipa binom a wɔde saa nnuro yi bi asosɔ wɔn ani so no mu mmiɛnsa ahwere wɔn nkwa, ama afoforɔ nso ani afirafira, na wɔn nhwehwɛmu mu no wɔgye di sɛ mmoawa a ɛwɔ nnuro yi mu no na ama saa nsunsuansoɔ bɔne yi ada adi.”

Aduro yi abɔ ebinom anifira.

Adwumakuo a ɛhwɛ nnuro ne nnuane so wɔ Ghana ha no nnyee nnuro yi ntoo mu, ɛno nti wɔnhwehwɛ sɛ wɔbɛhunu no wɔ Ghana adwadie mu.

Wei nti, “FDA bɔ ɔmamfoɔ kɔkɔ sɛ obiara a ɔnam kwan biara so ama ne nsa aka nnuro yi mu biara no nyɛ ntɛm mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛgyae sɔ a ɔde sɔ n’ani soɔ no na ɔmmɔ nwura FDA ɔfese biara a ɛwɔ ɔman yi mu mfa nnuro yi nkɔ.”

Obiara a wadi kan de nnuro yi bi asɔ n’ani so na ɛho nsunsuansoɔ kakra reda ne ho adi – sɛ n’ani poro nsuo a ani no yɛ akokoɔsradeɛ anaa ahabammono, sɛ ɔte yea wɔ n’ani so, sɛ n’ani no redane yɛ kɔkɔɔ, sɛ ɔte nka sɛ biribi da n’ani so, sɛ ne ho yerayera no berɛ a hann bi atɔ n’ani so, na n’ani so ayɛ no wisiwisi no nyɛ ntɛm nkɔhunu ne dɔkota. Mma no ntwentwɛn so koraa.

Hwɛ sɛ ntɛm pa ara wobɛhunu wo dɔkota berɛ a nsɛnkyerɛnneɛ a yɛabobɔ so yi bi reda adi wɔ w’ani so no.

“FDA ma ɔmamfoɔ nyinaa awerɛhyɛmu sɛ wɔreyɛ deɛ wɔbɛtumi biara sɛ nneɛma pa a ɛyɛ ma apɔmuden pa nko ara na yɛbɛhunu no ɔman Ghana mu.”

Bɔ mmɔden sɛ wokenkan wie a wobɛkyɛ ama afoforɔ nso anya wei ho nimdeɛ.

Tags: aniapɔmuden padɔkotaFDA
Deɛ atwam

Kisikuro/ Ekunini a ԑyԑ onipa “ayapadeԑ” (Mmaa ne mmarima)

Deɛ ɛdi hɔ

Sereɛ so mfasoɔ

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Sereɛ so mfasoɔ

Sereɛ so mfasoɔ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?