• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwadie mu nsɛm

FDA ada no adi sɛ ɔhaw biara nni akokɔnam ne mogyanam a wɔakra aba ɔman yi mu no ho.

Adwadie mu nsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
11/09/2022
wɔ Adwadie mu nsɛm
0 0
0
FDA ada no adi sɛ ɔhaw biara nni akokɔnam ne mogyanam a wɔakra aba ɔman yi mu no ho.
0
SHARES
34
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Asoeɛ a Wɔhwɛ Nnuane Ho Nsɛm so wɔ Ghana, FDA de abɛto ɔmanfoɔ nyinaa anim sɛ ɔhaw biara nni akokɔnam ne mogyanam ahodoɔ a wɔakra aba ɔman yi mu no ho na mmom deɛ nnipa binom rekeka sɛ ɛnam no nyɛ papa no nyinaa yɛ atosɛm.

Wɔde nsɛm yi nyinaa bɛtoo dwa ɛsiane amanebɔ binom a nsɛntwerɛfoɔ binom de bɛtoo dwa sɛ nnipa bi akra nam a aporɔ aba ɔman yi mu no.

Nnipa a na wɔrebɔ soboɔ yi kaa sɛ, ɛnam ahodoɔ a ɛwɔ ɛdwa so wɔ ɔman yi mu no yɛ mmoa a wɔkum wɔn bɛyɛ afe nie nam. Wɔde kaa ho sɛ, ɛsiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔkora nam yi so kyɛre yie pa ara nti, wɔde nnuro binom ahyɛ nam no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnsɛe na saa nnuro yi bɛtumi akɔfa ɔhaw kɛseɛ pa ara abrɛ onipa biara a ɔbɛdi nam no bi.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Yei nam so ama Asoeɛ a Wɔhwɛ Nnuane Ho Nsɛm so wɔ Ghana no abɛbɔ nsɛm yi agu koraa. Wɔkyerɛɛ mu sɛ, akokɔnam ne mogyanam ahodoɔ a wɔkra ba ɔman yi mu no nyinaa di kan fa nhwehwɛmu ahodoɔ mu ansa na wɔama kwan ama no aba dwa ahodoɔ so. Yei nti, wɔbɔ mmɔden pa ara sɛ ɛnam biara a ɛbɛba dwa no so yɛ deɛ ɔhaw biara nni ho.

Afei, wɔka kaa ho sɛ, akwan ahodoɔ a wɔfa so hwehwɛ ɛnam yi mu ne sɛ, wɔbisa akwannya krataa a ɛdi adanseɛ sɛ ɛnam no yɛ papa, wɔsan nso gye krataa a ɛkyerɛ sɛ adɔkotafoɔ a wɔhwɛ mmoa ho nsɛm so no agye atom sɛ saa aboa a wɔakum no no te apɔ na ɔhaw biara nni ne ho wɔ baabi a ɛfiri reba no. Ɛno akyi no, wɔsan gye akwannya krataa firi Asoeɛ a Ɛhwɛ Mmoa a Wɔkra Wɔn Firi Amanɔne ba Ghana ho nsɛm so no hɔ wɔ Ghana ha.

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔatumi aboa ɔmanfoɔ ama wɔate asɛm yi ase yie na wɔaka wɔn akoma ato wɔn yam nti, FDA no kaa nhyehyɛeɛ pa a wɔyɛɛ no 2018 mu no ho asɛm de yɛɛ nhwɛsoɔ sɛ, wɔahyɛda asi ɛdan kumaa bi wɔ Tema mpoano a wɔde hwehwɛ ɛnam a wɔkra ba ɔman yi mu no mu ansa na wɔama kwan ama no akɔ dwa so.

Wɔkyerɛɛ mu sɛ, wɔhwɛ hunu sɛ wɔmfaa nnubɔne biara nhyɛɛ nam no anaasɛ ɔkwan a wɔfaa so de ɛnam no baeɛ no yɛ ɔkwan pa.

Wɔde kaa ho bio sɛ, nhwehwɛmu ahodoɔ a wɔyɛ no mu baako nso ne sɛ, wɔhwɛ sɛ mmoawa biara nni nam no mu. Yei nti, wɔde fa mifdie ahodoɔ mu hwehwɛ mu yie pa ara, na ɛkɔba sɛ wɔhunu mmoawa nketenkete biara wɔ nam no mu a, wɔmma kwan mma wɔmfa mma dwa so na mmom, wɔgye ne nyinaa kɔto gu baabi a ɛsɛ na ankɔfa ɔhaw biara amma.

Bio nso, wɔhwɛ anim sɛ nnipa a wɔkra nam ba ɔman yi mu no nyinaa de wɔn nsa bɛhyɛ nkrataa ase sɛdeɛ Amansan Apɔmuden Mmara a wɔyɛɛ no 2012 no, ne fa 99 nkyekyɛmu 851 kyerɛ no. Ɛhɔ ka sɛ, “Sɛ onipa bi mfaa ne nsa nhyɛɛ nkrataa ase sɛdeɛ mmara kyerɛ no a, ɔntumi nkra nnuane mma ɔman yi mu na ɔntumi mfa bi nkɔ amanɔne nso nkɔtɔn.”

Wɔde hokwan no hyɛɛ ɔmanfoɔ nyinaa bɔ sɛ, Asoeɛ a Wɔhwɛ Nnuane Ho Nsɛm so wɔ Ghana no bɛyɛ adwumaden pa ara sɛ wɔremma obi mfa asokwaa mmɛdane wɔn akyenkyena na ankɔfa ɔhaw biara ammrɛ ɔmanfoɔ no. Wɔkaa sɛ, wɔbɛhwɛ sɛ ɔmanfoɔ nyinaa bɛnya nnuane papa adi na wɔanya ɛnam papa nso awe wɔ afe 2022 buronya berɛ yi mu sɛdeɛ daa wɔyɛ no.

Afei, wɔsan hyɛɛ ɔmanfoɔ nyinaa sɛ, sɛ ɛkɔba sɛ wɔhunu sɛ aduane anaa ɛnam bi ho atɔ kyima wɔ edwa so a, wɔnyɛ ntɛm mmɛbɔ wɔn amanneɛ mma wɔntu ho anamɔn ntɛm sɛdeɛ ɛnkɔfa ɔhaw biara mma.

Megye di sɛ, sɛ yɛn nyinaa boa sɛdeɛ wɔaka no a, ɛbɛtumi ama Asoeɛ a Wɔhwɛ Nnuane Ho Nsɛm so wɔ Ghana no ayɛ wɔn adwuma yie na yɛn nso yɛatumi anya aduane pa adi na yɛanya ɛnam pa nso awe anya apɔmuden pa.

Tags: FDAhealth newsJoseph Aboagye
Deɛ atwam

Aban no awe ahinam so sɛ ɔbɛma sidi no agyina ne nan so bio – Ken Ofori-Atta

Deɛ ɛdi hɔ

Adinkra Agyinahyɛdeɛ- N’abɔseɛ, deɛ ɛgyina hɔ ma ne mfasoɔ a ɛwɔ so

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu
Adwadie mu nsɛm

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/10/2023
Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana
Adwadie mu nsɛm

Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/09/2023
Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie
Adwadie mu nsɛm

Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/07/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ
Adwadie mu nsɛm

Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/28/2022
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Adinkra Agyinahyɛdeɛ- N’abɔseɛ, deɛ ɛgyina hɔ ma ne mfasoɔ a ɛwɔ so

Adinkra Agyinahyɛdeɛ- N’abɔseɛ, deɛ ɛgyina hɔ ma ne mfasoɔ a ɛwɔ so

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?