• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Adesua yi firi Owura Desmond Manu

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
0
SHARES
652
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yadeε biara nni hɔ a εnni deε εkɔtwetwe no de ba. Saa ara na εteε wɔ ɔbarima a n’ahoɔden wɔ fam wɔ nna mu nkitahodie mu no ho. Nneεma ahodoɔ bebree na εtumi bɔ kwan ma ɔbarima bi tumi yε mmerε wɔ mpam Ɛmu biara a ɔbarima no bεhunu no ntεm na watu ho anammɔn no, adɔkotafoɔ tumi boa no ma no sɔ ano ntεm.

Ɛdeεn na εtumi ma ɔbarima bi dɔ benada?

Yadeε ahodoɔ bi tumi nya nsunsuansoɔ wɔ ɔbarima mpa mu ahoɔden so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Yadeε baako a εdi mu ntintinman pa ara ne asikyire yadeε. Asikyire yadeε tumi sεe ntini ahodoɔ a mogya ne atenka nam mu kɔ ɔbarima barima ho no. Mpεn dodoɔ a asikyire regyina ntini no mmienu nyinaa mu no, mpεn dodoɔ no ara na na εresεe saa ntini no. Na wei ma no yε den ma ɔbarima bi sε ne barima bεgyina so akyε berε a ɔne ɔbaa rehyia no anaasε ɔbεnya atenka bi sε ɔne ɔbaa bi nkɔhyia.

Asikyire yadeε firi hɔ a, mogyaborosoɔ nso tumi sεe ntini yi ara ma no kɔfa saa ɔhaw yi ba.

Deε εtɔ so bio yε akoma yadeε. Akoma no na εbɔ mogya kɔ honam akwaa no nyinaa mu a ɔbarima no barima nso ka ho bi. Nna mu nhyiamudie mu no, akoma no bɔ ntεm pa ara sεdeε εbεtumi de mogya akɔgyina ɔbarima no barima ho ntεm ama no ayε n’adwuma. Wei nti εkɔba no sε akoma no ho te kyema a na εkyerε sε εntumi mmɔ mogya dodoɔ a εsε nkɔ akwaa ahodoɔ no ho mma bi nso ɔbarima no barima so εnam sε εrentumi mmɔ ntεm nti.

Yadeε ahodoɔ bi te sε akoma yadeε, asikyire yadeε ne mogyaborosoɔ tumi kɔ mmarima mmerεyε wɔ mpam ba.

Nna mu nyarewa ahodoɔ bi te sε odeepua, babaso, nkekaeε ne deε εkeka ho no tumi kɔfa saa ɔhaw yi ba.

Afei, sε ntini a mogya fam ne deε εma atenka no mu biara ho te kyema nso a saa ɔhaw yi tumi ba. Saa ntini no ne honam akwaa no nyinaa wɔ twaka bi, εno nti nipadua no fa bi a saa ntini no bi wɔ no te kyema a εtumi ka kɔfa ɔhaw a εmma ɔbarima no nnya atenka no ba.

Bio nso, nsuo a εsε sε εkyi ma ɔbarima no tumi ne ɔbaa hyia no nkyi sεdeε εsε no a εtumi de saa ɔhaw yi ba.

Ɛnam yadeε a mmarima bi wɔ no wɔn nipadua mu dada nti wɔwɔ nnuro ahodoɔ bi a wɔrenom de ako atia yadeε no, mmom saa nnuro yi tumi ma ɔbarima ahoɔden wɔ mpam no kɔ fam. Saa nnuro yi binom ne nnuro a obi nom sεdeε εbεyε a adwennwene anaa ateetee bi a ɔrefam no ho dadwene bεba fam wɔ n’adwene mu. Mogyaborosoɔ nnuro no bi nso tumi kɔfa ɔhaw yi ba. Wei nti na εsε sε yadeε biara mu no wohunu wo dɔkota ma ɔno ara twerε nnuro ma wo. Ɛsiane sε adɔkotafoɔ no ankasa nim aduro biara ne ho nsunsuansoɔ ne nipa a wɔtumi ma no kwan ma no nom saa nnuro no nti, wɔwɔ ho nimdeε pii a wɔbεtumi aboa yεn. Nnuro a yεnom no bebree de dwodwo yεn yadeε bi te sε tipaeε ne yam yadeε no bi tumi de yadeε yi bi.

Kεseε mmorosoɔ tumi de ɔhaw yi ba.

Adwennwene ne kɔdaanna tumi ma ɔbarima bi mpa mu ahoɔden kɔ fam.

Adwennwene bebree tumi ma ɔbarima bi yε mmerε wɔ mpam.

Sε ɔbarima bi nnye berε nna dɔnhwere dodoɔ a εsε sε ɔda no a, εma nipadua no ahoɔden ba fam, na εterε ka ne barima no nso.

Nsanom bebree ne nnubɔnenom tumi kɔfa mpa mu mmerεyε ba.

Obi nya ɔhaw wɔ ne ntini kεseε a εsa n’akyi no ho a, εtumi ma saa nipa no nya ɔhaw yi.

Afei obi a ɔwɔ brεboɔ anaa saa mu yadeε no nso tumi nya saa yadeε yi.

Sε obi nya ɔhaw wɔ ne dwonsɔtoa a dwonsɔ fam ba abɔntene no ho a, εma ne mpam ahoɔden kɔ fam.

Afei mmarima a wɔtotɔ nnuro ahodoɔ nom ne mma da yie no nso tumi nya saa ɔhaw yi berε a mmerε rekɔ n’anim no.

Ͻkwan bεn na yεbεtumi asɔ saa yadeε yi ano?

1. Woyε obi a wowɔ yadeε yi bi dada a adɔkotafoɔ reboa wo wɔ ho a, εsε sε wo ankasa wodi si agyinaeε sε wobεyε nsesaeε wo ɔbra bi a wobɔ mu. Wopε sradeε, asikyire fitaa ne nkyene nnuanedie bebree a εsε sε wogyae. Mpo woni yadeε yi bi a wobεte ate saa nnuane yi die bebree so ama no abɔ wo ho ban afiri saa ɔhaw yi ho.

2. Di nnuane pa.

3. Twe wo ho firi nnubɔne ne nsaden nom ho. Ɛtumi ma ntini no yε mmerε, na εsane ma ɔbarima no atenka a εma no nya ɔpε sε ɔne ɔbaa bi hyia no kɔ fam.

4. Apɔmutenetene tumi boa sɔ yadeε yi ano. Mpεn dodoɔ a woretenetene w’apɔm no na ntini a mogya fam no mu rebue yie ma εmu kwan no da hɔ. Wei nti berε so sε ɔbarima no pε sε ɔne ɔbaa hyia a, εnam sε ntini no mu da hɔ yie no nti mogya tumi fam duru ɔbarima no barima ho, na εnam εno so ma no tumi sɔre yε n’adwuma sεdeε εsε.

Taa tenetene w’apɔm.

5. Afei, hyε no nso sε wobεtwe wo ho afiri nnuro ahodoɔ a yεnom de pε ahoɔden kɔyε adwuma ho.

6. Woyε obi a wo so pii nso a, bɔ mmɔden sε wobεtenetene w’apɔm ama wo so ate kakra.

7. Te adwennwene so.

8. Da berε a εsε mu na fa nnɔnhwere dodoɔ a εsε da.

9. Awarefoɔ mmɔ mmɔden sε wɔbεdi nkɔmmɔ afa wɔn nhyiamudie ho, εba sε ɔhaw bi wɔ hɔ a εtumi pue wɔ nkɔmmɔdie no mu ma wɔhunu no ntεm sane si anon so ntεm.

Ɛyε pii sε wobεhunu kwan pa a wobεtumi afa so abɔ wo ho ban na wode ayε adwuma a wonkɔtɔ yadeε biara mu. Mmom, sε ɔhaw no anya aba a, kɔhunu wo dɔkota na kɔ so ara fa akwan ahodoɔ a yεada no adi sε εtumi sɔ ano no di dwuma. Hwε sε wo ankasa wonkɔtotɔ nnuro mma wo ho nnom wɔ berε a dɔkota ntwerεε aduro biara mmaa wo. Kae sε wobεkyε ama afoforɔ, ebia na wɔanya adesua yi so mfasoɔ bi.

Tags: Adidi paahobaa nsuoakoma yadeεapɔmuteneteneasikyire yadeεmogyaborosoɔnna mu nhyiamudie
Deɛ atwam

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Deɛ ɛdi hɔ

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?