• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Deɛn na wonim fa adwene no ho?

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
04/24/2023
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Deɛn na wonim fa adwene no ho?
0
SHARES
208
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Adwene no yɛ akwaa nwanwasoɔ bi a ɛkura nipadua no dwumadie ahodoɔ nyinaa mu, ɛboa ma yɛte nneɛma ahodoɔ a yɛn ani hunu, yɛn aso te, yɛn hwene hua, deɛ tɛkrɛma no ka hwɛ ne deɛ ɛka yɛn wedeɛ anaa nipadua no ase yie. Obi adenim, n’atenka, ne nsɛm a ɛka ne tirim nyinaa gyina adwene no dwumadie so.

Adwene no

Adwene no sane nso wɔ dwumadie soronko a ɛdi boa nipadua no wɔ yɛn kasa mu, yɛn nan tutuo ne yɛn nsatoɔ mu, yɛn nna ne yɛn sɔreɛ mu, yɛn home mu, sɛdeɛ akoma no bɔ, yɛn wabɔ mu, yɛn yafunu mu aduane yam mu ne deɛ ɛkeka ho.

Ɛnam sɛ adwene no ho hia pa ara wɔ nipadua akwaa ahodoɔ no mu nti, Onyankopɔn abɔ ho ban a ɛhyɛ yɛn ti kɔnkora no mu. Wei boa si ɔhaw biara a ɛbɛtumi afiri abɔntene abɛka adwene no ama ho ate kyema no ho kwan. Bammɔ wei nyinaa akyi no, yɛwɔ su ne ban bi a yɛtumi da no adi ma ɛde adwene no kɔto asiane mu, na ɛntumi nni ne dwuma sɛdeɛ ɛsɛ. Di m’akyi ma yɛnhwɛ saa nneyɛeɛ yi.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Adwene no hyɛ ti kɔnkora no mu, na ɛnya bammɔ wɔ hɔ.

1. Nhwehwɛmu ama yɛahunu sɛ, wɔn a wɔntaa nni nkɔmmɔ no te adwene no dwumadie so. Saa nhwehwɛmu yi bɛdaa adi sɛ, wɔn a wɔtumi gye berɛ bɛyɛ sɛ simma du rekɔ soro ne afoforɔ kasa no boa ma wɔn adwene dwumadie no kɔ so. Wo ne afoforɔ rekasa anaasɛ woreda w’atenka adi akyerɛ afoforɔ no boa kanyan adwene no ma no tumi di ne dwuma nwanwasoɔ a yɛadi kan aka ho asɛm no. Saa ara nso na wɔn a wɔntaa nni nkɔmmɔ anaasɛ wɔma nneɛma hyɛ wɔn so a wɔnsusu ho nkyerɛ obiara no brɛ adwene no dwumadie ase.

2. Abɔdeɛmunyansapɛfoɔ kyerɛ sɛ, wɔn a wɔntaa mfa wɔn adwene nni dwuma bi te sɛ nwoma akenkan, agodie a ɛhia adwennwene kɛse, nkontabuo ne deɛ ɛtete sei no te adwene no mmɔdemmɔ so.

Kenkan pii na yɛ nneɛma a ɛde adwene no di dwuma kɛse.

3. Wɔn a wɔma nsukɔm de wɔn kyɛ na wɔn ho nsuo we no nso ma adwene no dwumadie ba fam sɛdeɛ adɔkotafoɔ ama yɛahunu sɛ, nsuo a adwene no hia de adi ne dwuma da koro biara yɛ ɔha nkyekyɛmu aduoson kɔsi aduowɔtwe no. Nipadua no nya nsuo a ɛsɛ sɛ ɛnya a, ɛboa ma adwene no tumi di ne dwuma ahodoɔ nyinaa. Wei nti, mpɛn dodoɔ a nsuo rewe wɔ nipadua no mu no, mpɛn dodoɔ no ara na na adwene no nso mmɔdemmɔ reba fam.

4. Wɔn a wɔda de wɔn nnabua kata wɔn ti nyinaa no nso si adwene no dwumadie ho kwan kɔduru mpɔmpɔnsoɔ bi. Sɛ obi da de ne nnabua kata ne tiri so nyinaa a, ɛte mframa pa a adwene no repɛ de adi ne dwuma no so, mmom mframa bɔne a ɛfiri ɔhome mu reba abɔntene no sane kɔ nipadua no mu ɛsiane sɛ ɛnni kwan biara a ɛbɛfa so apue afiri nnabua no mu nti.

Wɔn a wɔde wɔn nnabua kata wɔn ti wɔ nna mu no ha adwene no.

5. Adwennwene, ateetee ne ɔhaw pii a nnipa taa kɔ mu no tumi nya nsunsuansoɔ bɔne wɔ adwene no so. Ɛwom sɛ onipa biara dwene anaa ɔkɔ ateetee mu deɛ, nanso ne mmorosoɔ ma nipadua no kyikyi nsuo bi a ɛnya nsunsuansoɔ bɔne wɔ adwene no so.

6. Wɔn a wɔmpɛ berɛ nna no nso si adwene no mmɔdemmɔ ho kwan pa ara. Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ, deɛ ɛteɛ biara no ɛsɛ sɛ onipa biara nya kwan gye n’ahome wɔ nna mu ɛfiri nnɔnhwere nson rekɔsi nnwɔtwe so dabiara. Wei bɛboa ama adwene no anya ahoɔden a ɛhia de adi ne dwuma nyinaa.

Da ntɛm. Bɔ w’adwene ho ban.

7. Nsadennom ne tawanom nso wɔ nsunsuansoɔ bɔne wɔ adwene no so.

Ɔkenkanfoɔ anaa ɔtiefoɔ, na wonnim a, afei deɛ woabɛhunu sɛ adwene no ho hia yie wɔ nipadua no mu. W’asase yi so dwumadie nyinaa kura adwene no, ɛte saa deɛ a ɛnneɛ na deɛn na woreyɛ ama w’adwene no anya apɔmuden pa?

Nnwennwene bebree. Ma w’ani ntaa ngye, na w’adwene no nnya apɔmuden pa.

Bɔ mmɔden sɛ wobɛtwe wo ho afiri nneyɛeɛ ahodoɔ a ɛbɛtumi de adwene no akɔ mu no ho, na yɛ nneɛma a ɛbɛboa no no pii. Afei, kyɛ ma afoforɔ na wɔn nso nnya saa nimdeɛ yi bi.

Tags: adwene noadwennweneanigyeɛnnansadennomnwomakan
Deɛ atwam

Deɛ nti a ɛsɛ sɛ wonom nsafufuo

Deɛ ɛdi hɔ

Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?