• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Deɛ nti a wɔdi Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no Ɔsanaa 4, wɔ Ghana.

Abakɔsɛm ne adesua

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/04/2023
wɔ Adesua
1 0
0
Deɛ nti a wɔdi Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no Ɔsanaa 4, wɔ Ghana.

Wɔn a wɔdii Ghana fawohodie ko no anim

0
SHARES
3.5k
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Wɔfirii aseɛ dii Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no berɛ a Ghana bɛnyaa ahofadie firii nkoasom mu no. Ahyɛaseɛ no deɛ, na wɔdi no Ɛbɔ 21, afe biara ɛfiri sɛ, saa da no yɛ Ɔsagyefoɔ Kwame Nkruma awoda.

Ɛfiri berɛ a wɔde saa da yi sii hɔ sɛ ɛmmɛyɛ ɔmam mu no nyinaa afoofida no, ɔman no nni saa da no ho agorɔ koraa. Yei nti, sɛ ɛduru saa da no a, asukuufoɔ ne aban adwumayɛfoɔ nyinaa gye wɔn ahome, na ɔman no nyinaa nso de wɔn ho hyɛ mu bi.

Atirimpɔ titire pa ara nti a wɔde di saa afoofida yi ne sɛ, wɔde bɛkae ahofama ne afɔrebɔ a yɛn mpanimfoɔ a wɔdii ɔman yi anim ko gyee fawohodie maa yɛn no daa no adi no. Yei nti sɛ ɛduru saa da no a, ɔman no de kyerɛ wɔn adwumasono no ho anisɔ.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Berɛ a Ghana Mampanin Nana Addo-Dankwa Akufo-Addo bɛdii ɔman yi so no, ɔsesaa Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no firii Ɛbɔ 21, de baa Ɔsanaa 4. Ɔmampanin no faa Ɔsoafoɔ a na Ɔhwɛ Ɔman yi mu Nkitahodie soɔ, Owura Ambrose Dery, so de mmara foforɔ a ɛbɛtumi ama wɔasesa saa da yi kɔtoo Mmarahyɛ Badwa no anim maa wɔpenee so. Ne saa nti, ɛfiri afe 2018 reba nyinaa, wɔdi Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no Ɔsanaa 4, afe biara.

Deɛ nti a ɔmampanin no yɛɛ saa nsakraeɛ yi

Mmara a wɔde yɛɛ nsakraeɛ yi mu nsɛm no daa no adi sɛ, mpanimfoɔ a wɔdii ɔman yi anim ko gyee fawohodie maa yɛn no firii wɔn agyinatuo no ase Ɔsanaa 4, 1947 mu.

Wɔkyerɛ sɛ, saa berɛ no na Ghanafoɔ akukudam binom kaa wɔn ho boom yɛɛ sɛ wɔbɛko agye fawohodie ama ɔman no. Saa nnipa yinom ne George Alfred Grant, a na wɔsan frɛ no Paa Grant, J.B Danquah, R.A Awoonor- Williams, Edward Akufo-Addo, Ebenezer Ako-Adjei ne ahemfo nkaeɛ binom. Mpanimfoɔ yinom na wɔkaa wɔn ho boom tee Amanyɔkuo a ɛdi kan wɔ ɔman yi mu a wɔfrɛ no United Gold Coast Convention (UGCC) no.

Na amanyɔkuo yi atirimpɔ nyinaa ne sɛ, wɔde bɛpere ahofadie ama ɔman Ghana, na aboa ama yɛatumi ade yɛn ho afiri aborɔfo nkoasom ase. Yei kɔɔ so wɔ afe 1897 mu.

Ɛno nti, wɔayi Ɔsanaa 4, asi hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi de akae nsɛntitire mmienu binom a ɛsisii wɔ Ghana abakɔsɛm mu saa da no. Ɔsanaa 4, ne ɛda a John Mensah Sarbah tee Aboriginefoɔ Hokwan Ho Bammɔ Fekuo no wɔ 1897 mu, ɛnna saa da korɔ yi ara nso na J.B.Danquah ne George Alfred “Paa” Grant tee UGCC Amanyɔkuo no wɔ afe 1947 mu.

Atirimpɔ nti a wɔde di afoofida yi

Atirimpɔ pɔtee nti a wɔde di Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no ne sɛ ɛbɛboa ama Ghanafoɔ nyinaa atumi akyerɛ mpanimfoɔ a wɔko gyee ɔman no afɔrebɔ ne wɔn ahofama no ho anisɔ. Ɛsiane sɛ abɛyɛ ɔman afoofida nti, ɔmanfoɔ nya kwan tumi dwennwene nnwuma pa a saa mpanimfoɔ yinom di de boaa ɔman no berɛ bi a atwam no nyinaa ho yie.

Bio nso, Ɔman Ahyehyɛfoɔ Da no kae Ghanafoɔ a wɔwɔ ɔman no mu ne wɔn a wɔwɔ akwantuo mu nyinaa sɛ, biribi titire bi sii wɔ wɔn abakɔsɛm mu saa da no nti, wɔnkae wɔn nkyi na wɔnkyerɛ deɛ ɛsiiɛ no ho anisɔ.

Afei nso, wɔde saa da yi kae nkyirimma a wɔwɔ hɔ seesei no nyinaa sɛ, wɔnhwɛ wɔn mpanimfoɔ no nhwɛso pa no so, na wɔnsuasua wɔn ahofama ne wɔn afɔrebɔ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wɔn ama wɔatu wɔn ho ama de aboa ɔman yi mpuntuo ne ne nkɔsoɔ.

Deɛ ɛtwa toɔ koraa no, ɛsan kae ɔman ba biara sɛ, suban pa ne nneɛma a yɛde bɔ afɔreɛ de pere ɔman yi nkɔsoɔ no, ɔman no anisɔ pa ara, na sɛ yɛkɔ so ara yɛ saa a, wɔrenyi yɛn bonniayɛ da.

Tɔfabɔ

Ghana nkɔsoɔ ne ne yiedie nyinaa gyina ɔman ba biara nneyɛɛ so. Sɛdeɛ yɛn nananom a wɔdii yɛn anim no anyɛ pɛsɛmenkomenya na mmom wɔde wɔn nkwa, wɔn ahoɔden ne wɔn nimdeɛ peree ɔman yi nkɔsoɔ no, saa ara na ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ ɔman ba pa biara suasua saa nhwɛsoɔ yi. Yɛtumi suasua sɛ yɛbɛma Ghana nkɔsoɔ ne ne mpuntuo ho ahia yɛn wɔ yɛn nneyɛɛ nyinaa mu a, Ghana bɛtumi afa ne ntoma pa afura, na ɛbɛyɛ asuadeɛ pa nso ama nkyirimma nyinaa.

Tags: Founder's DayGhana ahofadieGhana fawohodiethe big six
Deɛ atwam

Nneɛma ahodoɔ binom a ɛtumi ma awoɔ ho yɛ den ma mmaa

Deɛ ɛdi hɔ

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?