• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Deɛ nti a Asantefoɔ di Adɛɛ Kɛseɛ

Akanfoɔ Afahyɛ

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
12/24/2022
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Deɛ nti a Asantefoɔ di Adɛɛ Kɛseɛ
0
SHARES
274
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Akanfoɔ nnabuo mu no, wɔwɔ nnapɔnna anaa nna bɔne ahodoɔ nsia. Saa nnapɔnna yinom si Kwasiada, Dwoada, Benada, Wukuada, Efiada ne Memeneda. Nnafua nson a ɛwɔ nnawɔtwe no mu nyinaa, Yawoada nko ara ne ɛda a ɛntumi nyɛ da bɔne wɔ Akanfoɔ nnabuo mu. Ebia yɛbɛsua deɛ nti a ɛte saa akyire yi.

Sɛdeɛ Akanfoɔ frɛ nnapɔnna a ɛsisi nna nsia yinom mu na ɛdidi soɔ yi:

1. Kwasiada – Akwasidɛɛ/Kurukwasie

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

2. Dwoada – Dwoada Fɔdwoɔ

3. Benada – Benada Dapaa/Nkyibene

4. Wukuada – Awukudɛɛ/Kurudapaakuo/Kuruwukuo

5. Efiada – Efiada Fofie

6. Memeneda – Memeda Dapaa/Nkyimene.

Akanman mu no, da bɔne biara tɔ adaduanan akyi. Ɛduru da bɔne a, Akanfoɔ nyɛ adwuma. Mmom, wɔtena fie ma nkonnwa, nananom abosom ne nsamanfoɔ no aduane. Saa nna yi mu biara yɛ da kronkrkon a wɔntoto no ase koraa.

Ɛwom sɛ Akanfoɔ ntoto nnapɔnna yi mu biara ase deɛ, nanso deɛ wɔn ani ku ho pa ara ne Akwasidɛɛ. Yei nti, Asanteman afahyɛ titire pa ara ne Adɛɛ Kɛseɛ.

Akwasidɛɛ ahodoɔ nkron na ɛwɔ afe biara mu. Akwasidɛɛ a ɛtɔ so nkron a ɛtwa toɔ wɔ afe no mu no na Akanfoɔ frɛ no Adɛɛ Kɛseɛ no. Ɛsiane sɛ Akanfoɔ ani ku Adɛɛ Kɛseɛ yi ho pa ara nti, wɔdi kan butu Awukudɛɛ a ɛtɔ so nnwɔtwe no. Wɔbutu Adɛɛ a, wɔnyɛ dede anaa wɔmmɔ twene biara. wɔde saa berɛ no nyinaa siesie wɔn ho ma afahyɛ titire a ɛda wɔn anim no.

Sɛdeɛ Asantefoɔ amammerɛ ne wɔn abakɔsɛm kyerɛ no, nnipa titire binom na wɔde wɔn nkwa too wɔn nsam, de wɔn ti ko gyee akyerɛma maa Asanteman. Saa ahemfo, ahemmaa ne nnipa titire yinom atuhoama, wɔn akokoɔduro, wɔn som pa, wɔn nokorɛdie ne wɔn dɔ a wɔnya maa Asanteman nti na wɔtumi dii ako bɔɔ Sika Dwa ho ban maa Asanteman nyaa n’asomdwoe ne n’animuonyam.

Yei nti, atirimpɔ titire a Asantefoɔ de hyɛ Adɛɛ Kɛseɛ fa no pa ara ne sɛ, wɔbɛkae dɔmmarima ne mmaa akokoɔdurufoɔ a wɔde wɔn nkwa bɔɔ afɔreɛ maa Asanteman no ɛfiri sɛ, onipa yɛ adeɛ a ɔsɛ ayeyie.

Mpanimfoɔ se, “Deɛ waturu wo akɔhwɛ nkwa no, yɛnturu no nkɔhwɛ owuo. Ɛno nti, sɛ ɛduru Adɛɛ Kɛseɛ biara a, Asanteman adehyeɛ a wɔwɔ bata mu nyinaa de wɔn ntoma bɛbɔ wɔn a wɔwɔ Asanteman mu no deɛ ano ma wɔhyɛ fa yi de kae nnipa titire yinom de hyɛ wɔn animuonyam.

Saa berɛ no, wɔgu nsa frɛ saman pa biara a ɔfata sɛ wɔto no badin wɔ Akanman mu sane ma nananom abosom ne nsamanfoɔ no nyinaa aduane.

Afahyɛ berɛ no, wɔkyekyɛ nnuane, yɛ adɔeɛ ma mmɔborɔfoɔ, nwisia ne nnyanka ne nnipa nyinaa ani gye.

Adeɛ baako a ɛyɛ fɛ wɔ Adɛɛ Kɛseɛ afahyɛ no ho nso ne sɛ, ahemfo a wɔfiri mmeammea ne nnipa ahodoɔ nyinaa tumi ba afahyɛ yi ase bɛsua adeɛ sane hwɛ Asanteman afahyɛ fɛɛfɛɛ a agye din wɔ wiase nyinaa no.

Ɛduru Akwasidɛɛ a, Akanfoɔ kyea “Mema wo Adɛɛ Tɔkye”

Tags: AdaeAdaekeseAdɛɛ KɛseɛAkwasidaeAsantemanAshanti festvalAshanti KingdomCulture of AshantisFestival of the AkansHistory of Ashantis
Deɛ atwam

Akan mmusuakuo ahodoɔ no, wɔn abakɔsɛm ne ɛmu nsɛm binom

Deɛ ɛdi hɔ

Bonwire Kentenwonobea – Ɔfa 2

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Bonwire Kentenwonobea – Ɔfa 2

Bonwire Kentenwonobea - Ɔfa 2

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?