• Twi
  • Fante
21:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Deɛ nti a ɛsɛ sɛ wonom nsafufuo

Nnuane ne apɔmuden

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
04/22/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Deɛ nti a ɛsɛ sɛ wonom nsafufuo
0
SHARES
409
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɛfiri tete na Akanfoɔ nam wɔn nimdeɛ ne nyansakwan ahodoɔ so ate abɛ so nsa abɛsi sɛsɛɛ. Yɛn nananom berɛ so no, na ɔbɛtwani animuonyam te sɛ ɔhene ɛfiri sɛ, Akanfoɔ astena nyinaa mu no, nsa yɛ biribi a wɔntoto no ase koraa.

Wɔde nsa di dwuma wɔ Akanfoɔ amammerɛ nyinaa mu. Awerɛhoɔ berɛm o, anigyeɛ berɛm o, Akanfoɔ de nsa di dwuma. Ɛno nti na mpanimfoɔ kaa asɛm bi too hɔ sɛ, “Aketetwia ho nyɛ akɔnnɔ nanso sɛ mpanimfoɔ hyia mu a, na ɔsi wɔn mfimfini.”

Nsa a Akanfoɔ nya firi abɛ mu no na wɔfrɛ no nsafufuo. Ɛno da nkyɛn a, wɔwɔ nsa bi a wɔfrɛ no doka. Ɛno nso wɔnya firi adobɛ mu. Saa nsa mmienu yinom mu na wɔtumi noa, sɔne so, bɛnya apɛtɛsi. Ansa na aborɔsa ahodoɔ te sɛ senaapo ne deɛ ɛkeka ho rebɛpue Akanman mu no, na yɛn nananom de nsafufuo, doka ne apɛtɛsi yɛ wɔn biribiara.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Mmerɛ ahodoɔ binom a Akanfoɔ de nsa di dwuma ne awaregyeɛ berɛm, ayiyɔ mu, awaregyaeɛ mu, abadintoɔ mu, bragorɔ mu, kyiribra mu, afahyɛ berɛm, ahensie ne ahentuo mu, ne deɛ ɛkeka ho.

Sɛdeɛ nsafufuo di akotene wɔ Akanfoɔ asetenam nti, ɛnnɛ, yɛrebɛhwɛ mfasoɔ binom a sɛ obi nom nsafufuo a ɔnya firi mu.

Vaetamɛn C ahyɛ nsafufuo mu ma

Animdefoɔ kyerɛ sɛ, ahoɔdennuro Vaetamɛn C ahyɛ nsafuo mu ma. Saa Vaetamɛn C yi wɔ nipadua no mu a, ɛboa ma nkwammoa a ɛwɔ yɛn mu no tumi ko tia nyarewa ahodoɔ ma yɛnya apɔmuden pa. Afei nso, ɛbɔ nipadua no ho ban firi nsaayareɛ ahodoɔ binom ho.

Vaetamɛn A  a ɛwɔ nsafufuo mu no dɔɔso pa ara

Vaetamɛn A nso yɛ ahoɔdennuro foforɔ a ahyɛ nsafufuo mu ma. Ɛno na ɛboa ma onipa aniwa tumi hunu adeɛ yie, na ɛsane nso bɔ yɛn ani ho ban firi nyarewa binom a ɛbɛtumi asɛe yɛn ani no ho.

Vaetamɛn B nso ahyɛ nsafufuo mu ma

Nhwehwɛmufoɔ de ato dwa sɛ, Vaetamɛn B pii wɔ nsafufuo mu. Wɔka Vaetamɛn B ho asɛm sɛ, ɛboa ma yɛnya ahoɔden a nipadua no hia firi nnuane ahodoɔ a yɛdi no mu.

Vaetamɛn E wɔ nsafufuo mu pa ara

Vaetamɛn E a ɛwɔ nsafufuo mu no dɔɔso yie pa ara. Animdefoɔ kyerɛ sɛ, saa Vaetamɛn E no na ɛbɔ onipa honam ho ban firi honam ani nyarewa binom ho. Afei, ɛsane boa ma onipa honam ani yɛ fɛ.

Potasium bebree wɔ nsafufuo mu

Ahoɔdennuro foforɔ a ahyɛ nsafufuo mu ma ne potasium. Potasium yi boa ma onipa akoma tumi yɛ adwuma yie, na ɛma mogya nso di aforosiane wɔ yɛn ntini mu wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Magnisium nso ahyɛ nsafufuo mu ma

Magnisium dwuma a ɛdi wɔ nipadua no mu ne sɛ, ɛboa ma yɛn nnompe mu yɛ den, na ɛbɔ yɛn ho ban firi nnompe mu nyarewa ahodoɔ no ho.

Kalsuim bebree wɔ nsafufuo mu

Kalsium boa ma onipa nnompe ne ne nse mu yɛ den yie pa ara. Ɛno nti, sɛ kalsium a ɛwɔ wo nipadua mu no nnɔɔso a, ɛbɛtumi ama woanya nnompe mu nyarewa anaa kaka.

Nsafufuo tumi boa ma ahobene ano berɛ ase

Animdefoɔ kyerɛ sɛ, mfasoɔ foforɔ a yɛnya firi nsafufuo mu ne sɛ, sɛ wonom na wo ho abene a, ɛtumi boa ma yareɛ no ano berɛ ase koraa. Deɛ nti a wɔreka saa ne sɛ, ahoɔdennuro bi wɔ nsafufuo mu a wɔfrɛ no pirogallol, na ɛno na ɛko tia ahobene a ɛba yɛn nipadua mu no.

Nsafufuo boa ma nnuane tumi yam yie wɔ yɛn yafunu mu

Nhwehwɛmufoɔ kyerɛ sɛ, ɔkwan foforɔ a nsafufuo fa so boa yɛn nipadua no ne sɛ, ɛboa ma nnuane tumi yam yie wɔ yɛn mu. Wɔkyerɛ sɛ, ahoɔdennuro bi a wɔfrɛ no pɛktin wɔ nsafufuo mu. Wɔkɔ so kyerɛ mu sɛ, pɛktin no na ɛtwetwe nsuo ne nneɛma bi firi yɛn nsono mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnuane a yɛdi no bɛtumi ayam yie. Ne saa nti, sɛ obi yam tim na ɔnom nsafufuo a, ɛbɛtumi aboa ama watumi ayi ne yam yie.

Ɛboa ma yɛn apɔmuden di mu

Vaetamɛn C a ɛwɔ nsafufuo mu a yɛadi kan aka ho asɛm no boa ma onipa akwaa ahodoɔ no tumi yɛ adwuma yie. Afei nso, ɛma yɛn nkwammoa tumi nya ahoɔden ko tia nyarewa ahodoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn apɔmuden bɛtumi adi mu.

Nsafufuo tumi sa atiridii yareɛ

Animdefoɔ de ato dwa sɛ, nsafufuo ho mfasoɔ titire baako pa ara ne sɛ, ɛtumi tu atiridii yareɛ no ase. Wɔka sɛ, ahoɔdennuro bi a wɔfrɛ no quinine ahyɛ nsafufuo ma, na ɛno na ɛboa ko tia atiridii yareɛ wɔ nipadua no mu.

Ɛtumi ma ayamtuo twa

Obi nya ayamtuo na ɔnom nsafufuo a, ɛtumi boa no pa ara. Animdefoɔ kyerɛ sɛ, ahoɔdennuro bi a wɔfrɛ no  tannin wɔ nsafufuo mu, na ɛtumi boa ma onipa yafunu mu yɛ den wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛdeɛ ɛbɛyɛ yɛn yafunu mu renhwie.

Ɛtumi sa borɔmpete

Borɔpete yɛ yareɛ bi a ne ho yɛ ahomete yie pa ara. Ɛgugu wo honam ani a, ɛtumi yɛ hene nanso sɛ wotiti mu nso a, na ɛyɛ wo ya. Nhwehwɛmufoɔ kyerɛ sɛ, sɛ borɔmpete gugu obi honam ani na ɔnom nsafufuo a, ɛtumi boa ma yareɛ no ase hye koraa. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, wɔka sɛ ahoɔdennuro bi a wɔfrɛ no saponin wɔ nsafufuo mu a ɛtumi ko tia borɔmpete ne nsaayareɛ afoforɔ binom.

Nsafufuo so mfasoɔ a yɛabobɔ so yinom nyinaa da nkyɛn a, animdefoɔ kyerɛ sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobɛnom nsafufuo pii ama no aboro so. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ wonom nsafufuo ma no boro so a, ɛbɛtumi de ɔhaw ahodoɔ a ɛdidi so yinom abrɛ wo:

  • anisobiri
  • tipaeɛ
  • abofono
  • ayamtuo
  • yafunukeka
  • wobɛtumi nso afe bebree

Afei nso, nnuro binom wɔ hɔ a, sɛ worenom na wosan nom nsafufuo ka ho a, ɛbɛtumi apira wo. Yei nti, ɛbɛyɛ papa sɛ, sɛ worenom aduro bi a, wobɛdi kan abisa wo dɔkota ansa na wode nsafufuo aka w’ano.

Hyɛ no nso sɛ, nsɛm yi nyinaa yɛ adesua nsɛm ara kɛkɛ. Ɛnna nsafufuo nso nyɛ aduro. Ne saa nti, sɛ wo ho mfa wo a, kɔ ayaresabea ma wɔhwɛ wo.

Tags: Abɛtwansansafufuoɔbɛtwanipalm wine
Deɛ atwam

Nneԑma nson binom a ԑde ᴐpᴐn anaa nyinsԑnsԑeԑ ba

Deɛ ɛdi hɔ

Deɛn na wonim fa adwene no ho?

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Deɛn na wonim fa adwene no ho?

Deɛn na wonim fa adwene no ho?

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?