• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Deɛ nti a yɛbɛnyaa edin ‘Ntoma’

Abakɔsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
03/14/2023
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Deɛ nti a yɛbɛnyaa edin ‘Ntoma’
0
SHARES
217
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Akanfoɔ amammerɛ mu no, afadeɛ ne ahosiesie yɛ biribi a wɔntoto no ase koraa. wohwɛ mu a, wɔn ahosiesie ka nneɛma ahodoɔ a ɛma wɔda nso firi kasakuo afoforɔ ho no ho. Yei nti, wɔto wɔn bo ase siesie wɔn ho yie pa ara.

Ɔkwan baako a Akanfoɔ fa so siesie wɔn ho ne ntomafura. Akanman mu no, ɛfiri adehyeɛ so kɔsi ananafoɔ so, obiara de ntoma yɛ ne ho. Wɔtumi fura no saa ara anaasɛ wɔde pam ntaadeɛ hyɛ.

Akanfoɔ wɔ mmerɛ pɔtee binom  a wɔde fura ntoma ahodoɔ binom. Ɛno nti, wɔwɔ ntoma a wɔde hyia ayeforɔ, deɛ wɔde kɔ ayie, deɛ wɔde hyɛ fa, ne deɛ ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ anigyeɛ anaa aniberɛ mu. Ɛsiane dwuma titire a ntoma di wɔ Akanfoɔ asetenam nti, wɔto wɔn bo ase nwene ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛsom bo pa ara de yɛ wɔn ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nanso deɛ ɛteɛ ne sɛ, ntoma ankasa deɛ, n’abɔseɛ mfiri Akanman mu. Mmom, aborɔfo na wɔde bɛpuee Abibiman mu maa Akanfoɔ too no din sɛdeɛ wɔfrɛ no ɛnnɛ yi. Ebia ɛbɛyɛ wo naa kakra, ɛfiri sɛ ntoma deɛ, ɛnyɛna wɔ Akanman mu, nanso megye di sɛ ɛnnɛ adesua yi bɛboa wo ama woahunu ntoma ho mpaninsɛm bi.

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, tete no, na yɛn nananom nnim sɛdeɛ wɔde asaawa nwene ntoma nti, na wɔde dua bi a wɔfrɛ no kyɛkyɛn abena na ɛyɛ ntoma tware wɔ asene mu. Deɛ na wɔyɛ ne sɛ, wɔkɔwaewae kyɛnkyɛn abena no boro ma no yɛ mmerɛ te sɛ sapɔ, na wɔahata no awia mu ama no awo. Ɛwo a, na afei wɔkeka abom ama ɛmu ayɛ duru na wɔde atware wɔn asenem. Mmaa no nso de bi atware wɔn bo so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mpokua so bɛtumi akata.

Berɛ a aborɔfo no baa Abibirem a wɔbɛhunuu ɔkwan a yɛn nananom fa so siesie wɔn ho no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa pa ara. Yei nti, wɔsusuu ho sɛ wɔde ntoma a wɔwɔ no bi bɛbrɛ yɛn nananom ama wɔde asiesie wɔn ho. Wɔde ntoma baa Akanman mu no, ɛsiane yɛn nananom dodoɔ nti, na wɔntumi nto santene nnye no baako baako. Ɛno nti, deɛ na aborɔfo no yɛ ne sɛ, wɔpɛ baabi gyina a, na wɔato ntoma no ama yɛn nananom.

Ɛduruu baabi no, sɛ na obi rekɔgye ntoma yi bi a, ɛsiane sɛ na aborɔfo no to ma wɔn nti, na yɛn nananom ka sɛ merekɔgye ‘nto-ma’ a ɛkyerɛ sɛ, woreto biribi ama obi. Afei deɛ, edin nto-ma no bɛgyee din wɔ baabiara, na ɛno na adidi mu ara de abɛsi ɛnnɛ yi a yɛn nyinaa nso yɛfrɛ no ntoma saa ara.

Ɛno akyi na Akanfoɔ tumi nwenee kente, ne ntoma afoforɔ binom a ɛnnɛ, ɛsiane nimdeɛ a adɔɔso nti, wɔyɛ ntoma bebree wɔ Akanman mu no. Ntoma ahodoɔ no binom din ne Ahwene pa nkasa, Akyekyedeɛ akyi, Aniwa, Abuburo nkosua, Owuo sɛe fie, Abɔfra bɔ nwa, Nsaasaawa, Sika wɔ ntaban, ne deɛ ɛkeka ho.

Megye di sɛ woasua mpaninsɛm bi wɔ ɛnnɛ adesua yi mu. Tete wɔ bi ka, tete wɔ bi kyerɛ ampa.

Tags: Akanfoɔ afadeɛAkanfoɔ ahosiesienotma ho abakɔsɛmntoma
Deɛ atwam

Ahosiesie mapa.

Deɛ ɛdi hɔ

Nyinsεn mu nsanom de abᴐtᴐfoa a ᴐnnya mmaa wiase no nkwa to asiane mu

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nyinsεn mu nsanom de abᴐtᴐfoa a ᴐnnya mmaa wiase no nkwa to asiane mu

Nyinsεn mu nsanom de abᴐtᴐfoa a ᴐnnya mmaa wiase no nkwa to asiane mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?