• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Bonwire Kentenwenebea. Ɔfa 1

Asante Mantam Nsrahwɛbea ahodoɔ no mu baako

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
12/11/2022
wɔ Adesua
0 0
0
Bonwire Kentenwenebea. Ɔfa 1
0
SHARES
103
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nsrahwɛbea ahodoɔ pii na ɛwɔ ɔman kronkron Ghana. Yɛhunu saa mmeaeɛ yi binom wɔ Asante Mantam. Ɛnnɛ, Asante Mantam mu nsrahwɛbea pii no mu baako a ɛyɛ Bonwire Kentenwenebea na yɛrebɛka ho asɛm.

Bonwire yɛ kuro bi a ɛwɔ Ghanaman mu. Ɛka Edweso-Dwaben kuro kɛseɛ a ɛwɔ Asante Mantam mu no ho. Deɛ ama saa kuro yi agye din kɛse yɛ kente a wɔnwono no wɔ hɔ no. Mmom, ɛnyɛ hɔ nko ara ne beaeɛ a wɔnwono kente wɔ Asante Mantam, kentenwene dwumadie yi ara bi kɔ so wɔ Adanwomase nso. Ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ ɛdeɛn na ɛma Bonwire din a yɛbɔ no da nso wɔ kentenwene ho? Momma yɛnhwɛ ɛ!

Bonwire kentenwenebea

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, mfe ha 17 mu no, anuanom baanu bi a wɔfiri Bonwire kuro no so na wɔdii kan nwonoo kente yi. Na adwuma titire a wɔyɛ yɛ abɔfodwuma. Wɔhwɛɛ sɛdeɛ ananse nwono ne ntentan wɔ wiram, wɔsuaeɛ, na wɔbɔɔ mmɔden faa saa kwan no ara so de nhoma nwonoo ntoma fɛɛfɛ bi. Wɔfrɛɛ saa ntoma no “Nwen-ntoma” ɛsiane sɛ wɔanwene. Wɔde wɔn anwenneɛ a ɛdi kan yi kɔkyerɛɛ Bonwirehene, Nana Bobie Ansa. Ɔdii wɔn anim ne wɔn kɔɔ Kumase, na wɔde ntoma yi kyerɛɛ Asantehene, Otumfoɔ Ɔpemso Ɔsɛe Tutu I. Otumfoɔ ani gyee ntoma no ho, ɛno nti ɔfa de yɛɛ adehyeɛ ntoma. Na wɔfrɛ ntoma a wɔdii kan nweneɛ no sɛ “Gagamuga”.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Mfeɛ bi akyi no, anuanom baanu yi kɔɔ wɔn anim wɔ wɔn anwenneɛ no mu. Na ɔfoforɔ a wɔnweneɛ no ani te sɛ kɛntɛn. Wei nti nnipa a wɔwɔ kuro no mu hɔ frɛɛ no sɛ”kɛntɛn-nwen-ntoma”.  Ɛno na berɛ rekɔ anim no, kasa nnanemu ama no abɛyɛ kente no.

L
Kentenwenefoɔ bi a ɔde anigyeɛ renwene ne kente.

Bonwirehene sane dii wɔn anim maa wɔde foforɔ yi nso kɔkyerɛɛ Asantehene foforɔ a na ɔsi so no, Otumfoɔ Ɔkatakyie Opoku Ware I. Afe 1721 mu no, Asantehene bɔɔ kente akonnwa too hɔ, na ɔde Kuruga ne Ameyaw sii so de hyɛɛ wɔn animuonyam wɔ wɔn anwenneɛ no ho. Wei maa wɔbɛyɛɛ Nana Kuruga ne Nana Ameyaw.

Ahyɛaseɛ no deɛ, na ahosuo a ɛwɔ kente no mu yɛ tuntum, fufuo ne beredum nko ara, nanso akyire no Otaa Kraben a ɔyɛ Ɔyɔkoni no de ahosuo foforɔ te sɛ kɔkɔɔ, ahahanmono ne akokɔsradeɛ bɛkaa ho. Wei maa Asantehene sane bɔɔ akonnwa de no sii so sɛ Ɔyɔkomanhene

Mfe ha a ɛtɔ so du nkron mu nso no, Nana Ɔsɛe Kofoɔ daa adwini ahodoɔ adi wɔ kentenwene no mu. Afe 1990 mu no, Asantehene Otumfoɔ Opoku Ware II nso bɔɔ akonnwa maa Ɔsɛe Kofoɔ asefoɔ sɛ wɔnni Anwenfohene.

Afe no 1990 no ara mu na wɔsii ɔbarima bi a ɔfiri Adangomase Fufutomahene. Adangomasefoɔ hunuu kentenwene berɛ a wɔwarewaree wɔ Bonwire na wɔkɔɔ hɔ kɔsuaa kentewene no.

Nkonnwa ahodoɔ a Asantehene ahodoɔ no bobɔ too hɔ a ɛfa kente ho no nyinaa hyɛ Gyaasehene ase. Amammerɛ mu no, ɛtwa sɛ Asantehene kente biara a ɔbɛfira no yɛ deɛ ne kente ahemfo (Kentehene, Ɔyɔkomanhene, Anwenfohene) anwene ama no wɔ Bonwire.

Kente Ho Dwom No

Ɔdwomtoni ne dwomtwerɛfoɔ bi a na wɔfrɛ no Owura Ephraim Amu tiee sɛdeɛ kentenwene ho dede teɛ, ne kwan a ɔnwonofoɔ no fa so toto ne nsa na ɔde ne nan di dwuma no so na twerɛeɛ. Saa dwom wei ma kente yɛ fɛ kɛkɛ, ɛsane twe adwene si so pii. Momma yɛnhwɛ sɛdeɛ dwom no kɔ ɛ!

Akyinkyinakyinkyin ama mahu

Akyinkyinakyinkyin ama mahu nneɛma,
Akyinkyinakyinkyin ama mate nsɛm nnɛ,
Asante Bonwire Kentenwene deɛ,
Menhunuu bi da o,
Asante Bonwire Kentenwene deɛ,
Mentee bi da o,
Kwame nim adeɛ yɔ
Ne kentenwene na abɔ me gyɛ
Ne nsa; ne nan, ne nsadua sɛ ɛregyegye nie:
Kro, kro, kro, kro,
Hi, hi, hi, hi,
Krohikro hi krokrokro,
Hi, hi, hi, hi,
Krohikro,
Na ɛyɛ me dɛ o,
Na ɛyɛ me dɛ o,
Na abɔ me gye koraa,
Na ɛyɛ me dɛ o,
Na abɔ me gye koraa.

Kente amfiti prɛko pɛ na ɛbaeɛ sɛdeɛ yɛhunu no nnɛ yi. Afa mmerɛ pii mu adi adaneadane. Mmerɛ rekɔ anim no na adwene foforɔ reda adi wɔ ho. Wei ma yɛnya n’ahodoɔ pii.

Kente gu ahodoɔ, adwinneɛ a ɛwɔ ɛmu biara mu no kyerɛ adwene pɔtee bi a ɛtaa akyire. Bɔ mmɔden sɛ wobɛgye berɛ ama Ɔfa 2 no nso, ɛno mu na yɛbɛhunu nkyekyɛmu ahodoɔ no binom.

Kakra a woasua afa Bonwire kentenwonobea ho yi, mfa nhyɛ wo nko ara wo ho. Kenkan, kyɛ na ka ho asɛm.

Tags: AmammerɛAsante MantamAsanteheneBonwireEphraim AmuKenteKro Hi KroNsrahwɛbea
Deɛ atwam

Dɔmkuo kɛseɛ no Mmarahyɛbadwafoɔ no sɔre firii aba a wɔto de kyerɛ sɛ obi fata dibea bi anaa sɛ ɔmfata a wɔde retia Ken Ofori-Atta no ase berɛ a na wɔreto aba no

Deɛ ɛdi hɔ

Ayamtim

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ayamtim

Ayamtim

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?