• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ayamkuro ne deԑ ԑde ba: ano aduro ne sԑ wobԑbᴐ wo ho ban afiri ho

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
03/28/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Ayamkuro ne deԑ ԑde ba: ano aduro ne sԑ wobԑbᴐ wo ho ban afiri ho
0
SHARES
49
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ayamkuro ne kisikuro anaa ekunini a nnipa pii no ara nim. Mpԑn pii no wᴐhunu no so ԑno nko ara mpo ne kisikuro ԑsiane sԑdeԑ abu no ne ano den no nti. Ayamkuro gu ahodoᴐ pii; yԑwᴐ deԑ ԑtu yafunu no nsԑmu no, deԑ ԑtᴐ nsono nketewa no soro fa mu, ne deԑ ԑtᴐ menem kwan a ԑda kᴐ yafunu no mu no.

Nsԑnkyerԑnne a ԑnyԑ na a ԑda adi wᴐ ayamkuro ho no ne sԑ, onipa no yafunu bԑyԑ ne ya anaa ԑbԑkeka no pa ara. Mpԑn pii no ara, ԑyԑ a yaw no hyԑ aseԑ firi yafunu no mfimfini, na ԑtumi foro kᴐ onipa no menem sane ba ne yafunu mu. Saa yaw yi bԑtumi adi simma anaa nnᴐnhwere kakra na asane ate kᴐ. Wᴐtumi de nnuro binom dwodwo yaw yi ano mmerԑ kakra. Mpԑn pii sԑ aduane tᴐ mu a na yaw no ba. Ԑtᴐ da nso a, onipa no nnidiiԑ na yaw no ba.

Ԑtumi ma onipa yare pa ara, na ᴐtumi fᴐn yԑ tantanntan. Ayamkuro tu nnipa berԑ a nsuo soronko a ԑboa ma aduane nane yԑ adwuma no ape  agu yafunu no nkatasoᴐ no mu wᴐ yafunu no mu anaa ԑgu nsono no mu sԑe saa akwaa no. Saa kisikuro yi nyԑ na koraa.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Mmoawa a wᴐde ayamkuro ba ne Helicobacter pylori mmoawa. Sԑ obi nonom honam yaw ne nnuro binom a wᴐde kum yaw a ԑnyԑ papa kyԑre a, ᴐtumi nya ayamkuro. Sԑ obi nom nsaden pii a ᴐnya ayamkuro. Sԑ obi nom gyᴐᴐto anaa ntampe a, ᴐnya ayamkuro. Sԑ obi nhwԑ so nnidi anaa ᴐnnidi yie nso a, ᴐnya ayamkuro. Sԑ mfidie mu nkanea ne ᴐhyew kᴐ obi mu pii a, ᴐnya ayamkuro.

Nsԑnkyerԑnne a ԑtaa da adi pa ara ma obi hunu sԑ wanya ayankuro ne sԑ, ne bo anaa n’akoma ho taa hyehye no. Nsԑnkyerԑnne ahodoᴐ binom a ԑkeka ho ne sԑ;

  • Mframa gyina onipa no yafunu mu ma no yԑ kutuu, anaa ԑyԑ no sԑ wamen anaa aduane ahyԑ ne soᴐ no.
  • Onipa no taa gugu so, ԑsiane mframa a agyina ne yam no nti.
  • Ne bo anaa n’akoma ho hyehye no.
  • Ↄtaa fefe, na ԑtᴐ da a, ᴐfe mogya.
  • Ne so tumi te sei hu.
  • Ne bo nso tumi yԑ ne ya.
  • Ne bo taa fono no.
  • N’agyanan no ani taa yԑ tuntum anaa agyanan no ani sesa
  • Onipa no nya yafunu yareԑ a ano yԑ den pa ara a ԑkᴐ so ara yԑ kԑse, na mmom ano nnwo.
  • Onipa no anom taa to.

Ayamkuro ho ayaresa gyina deԑ ԑde baeԑ no so. Sԑ Helicobacter pylori mmoawa no na ԑde ayamkuro no baeԑ a, dᴐkotani no bԑkyerԑ wo nnuro a ԑkum mmoawa no ama wode akum saa mmoawa a wᴐn ho yԑ ahomete yԑ hu yi. Bio ayamkuro pii wᴐ hᴐ a wᴐma nnuro a ԑbrԑ asede a ԑwᴐ nipadua no mu no ase ma no bᴐ yafunu no mu nsԑmu no ne ԑmu nsuo no ho ban firi asede no ho, na berԑ rekᴐ anim no, onipa no ho tumi tᴐ no kora kora.

Nsonsonoeԑ nna nsԑnkyerԑnne a ԑda adi wᴐ mmarima a wᴐanya ayamkuro ne mmaa a wᴐanya ayamkuro no ntam. Nanso apᴐmuden mu nhwehwԑmu kyerԑ sԑ mmarima na wᴐtaa nya saa ayamkuro ahodoᴐ yinom pa ara.

Sԑ ayamkuro tu obi na sԑ wampԑ ano aduro a, ԑtumi de ᴐhaw ne nyarewa ahodoᴐ brԑ onipa no. Mmerԑ rekᴐ anim no, onipa no nsono mu tumi tutu ntokuro ma ᴐnya yafunu mu nnyarewa ahodoᴐ ne yafunukeka.

Mogya tumi nwunu gu nipa no mu, na ԑba no saa a, ԑma onipa no hwere mogya, na wᴐtumi gye no to ayaresabea. Deԑ ԑkyerԑ sԑ mogya renwunu wᴐ obi yam ne sԑ, onipa no agyanan yԑ tuntum, n’ani so biri no, na ᴐyԑ mmrԑ.

Sԑ ekuro no tu onipa no yafunu mu na sԑ ԑyԑ sԑ ԑrewu no a, ebi wᴐ hᴐ a ԑgya etwa wᴐ beaeԑ a ԑtu no, enti ԑtᴐ da a ԑma no yԑ den ma aduane sԑ ԑbԑfa mu akᴐ akwaa ahodoᴐ a ԑyԑ aduane no ho adwuma no mu. Sԑ onipa no nya saa etwa yi a, nsԑnkyerԑnne a ԑda adi ne sԑ, ᴐtaa fefe, na ne so nso te.

Saa nyarewa ne ᴐhaw a yԑabobᴐ soᴐ yi yԑ deԑ ano yԑ den pa ara, na ne nyinaa bԑhia sԑ wᴐpae onipa no yԑ no aprehyԑn.

Sԑ obi pԑ sԑ wᴐsi ayamkuro ano a, ԑnni kwan sԑ ᴐnom nsa a ano yԑ den pii. Afei sԑ onipa no renom ayamkuro aduro a, ԑnni kwan sԑ ᴐde nsa ka ho. Ԑsԑ sԑ onipa no hohoro ne nsa waano waano sԑdeԑ ԑbԑyԑ a ԑbԑbᴐ ne ho ban afiri nyarewa ho.

Ԑsԑ sԑ onipa no te nnuro a wᴐde te yaw biara soᴐ no so. Ԑsԑ sԑ ᴐgyae gyᴐᴐto anaa ntampe nom na ᴐdi nnuaba ne atosodeԑ pii.

Tags: ahobammɔAno aduroAyamkuroYafunukekaYafunuyarԑ
Deɛ atwam

Ghana tɔ so ɔha ne du baako wɔ nhwehwɛmu a ɛfa aman anigyeɛ ho no mu

Deɛ ɛdi hɔ

Anumkuro, ne kᴐfabaeԑ ne nsԑnkyerԑnne a ԑda adi

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Anumkuro, ne kᴐfabaeԑ ne nsԑnkyerԑnne a ԑda adi

Anumkuro, ne kᴐfabaeԑ ne nsԑnkyerԑnne a ԑda adi

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?