• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Ayɔnkofa a ɛda Asanteman ne Anlogafoɔ ntam

Asante Abakɔsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
11/06/2022
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Ayɔnkofa a ɛda Asanteman ne Anlogafoɔ ntam
0
SHARES
84
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mpanimfoɔ se, “Aboa biara didi kɔ baabi a n’asom bɛdwo no.” Saa ara nso na nnomaa a wɔn ntakra korɔ na wɔtu bɔ mu.

Amammerɛ ne abakɔsɛm kyerɛ sɛ, berɛ a Anlo hene a na wɔfrɛ no Torgbui Adeladza II kɔɔ akuraa wɔ mfeɛ 1998 mu no, Ɔpemsoɔ a na ɔte adwa so saa berɛ no, Otumfoɔ Opoku Ware II soma maa wɔde sika futuro ne nnoɔma afoforɔ binom kɔmaa Anlofoɔ no sɛ wɔmfa nnya wɔn wura Awoamefia a na ɔdi Anlo so no kwan.

Yei nti, amammerɛ mu no, ɛyɛ Asantehene na ɔsie Anlo Awoamefia biara a ɔbɛkɔ akuraa.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Atetesɛm kyerɛ sɛ, Asante ne Anlo ayɔnkofa no atena hɔ firi bɛyɛ mfeɛ 1750, afeha a ɛtɔ so dunwɔtwe  no mu. Animdefoɔ a wɔhwehwɛ abakɔsɛm mu no frɛ saa twaka yi sɛ “Adamfofa Nkitahodie.”

Tete no, ɛsiane sɛdeɛ na Asanteman ne Britainfoɔ ne nnipa a wɔtete mpoano no ani nhyia nti, na ɛtumi ba sɛ wɔsi Asantefoɔ no kwan sɛ wɔremma wɔnnyi nnoɔma mfiri nsuo no so. Sɛ ɛba no saa a, na ɛyɛ Anlofoɔ yi na wɔwia wɔn ho de atuo ne akodeɛ ahodoɔ kɔma Asantefoɔ asraafoɔ no sɛdeɛ wɔbɛtumi ne wɔn atamfo de asi ani. Ɛno da nkyɛn a, na wɔsan nso de nkyene kɔma Asantefoɔ no.

Ɛtɔ da mpo a, na Anloman no tu abɔfoɔ binom ma wɔkɔ Asanteman mu ma wɔde Awoamefia ne ekuo a wɔhwɛ akodie soɔ no anom nsɛm kɔma Asantehene.

Mfeɛ 1965 mu no, Anlo ne Asanteman ne Akwamu yɛɛ asomdwoeɛ apam. Saa berɛ no, na Asantehene Otumfoɔ Kwaku Dua na na ɔdi Asanteman so. Odupɔn tutuiɛ no, onipa a ɔbɛdii Asantehene Kwaku Dua adeɛ ne ne wɔfaase Asantehene Kofi Kakari a na wadi mfeɛ 25 saa berɛ no.

Ɛsiane sɛ deɛ ɔdi akyire sua deɛ ɔdi kan nanteɛ nti, Asantehene Ɔpemsoɔ Kofi Kakari bɛdii adeɛ ara pɛ na ɔde akofena kɔmaa Anlofoɔ sahene Awadada Axorlu I de kyerɛɛ sɛ, asomdwoeɛ apam a Anlo ne Asante ne Akwamu ayɛ no, ɔrebɛhyɛ mu kena.

Wɔde akofena a Ɔpemsoɔ Kofi Kakari de kɔmaa Anlo sahene no aka Anlo adwa Kaklaku ademudeɛ ahodoɔ a wɔakora so firi tete abɛsi ɛnnɛ no ho.

Ayɔnkofa sononko a ɛda Asante ne Anlo ntam yi nti na ɛmaa Asantehene maa Anlofoɔ no asaase kakraka tenaa so wɔ Kumasi. Saa beaeɛ yi na wɔfrɛ no Anloga anaa Anloga Junction wɔ Kumasi no. Ɛwom sɛ wɔfiri Frao mantam mu deɛ, nanso wɔwɔ asaase ne afie wɔ Kumasi nso.

Mpanimfoɔ se, “Sɛ wo biribi ne kankabi na ɔwu a, ɔgya wo kawa.” Yei nti, abusuabɔ a ɛbɛdaa Asante ne Anlofoɔ yi ntam nti, Asantenhene de Asante mmrane no kaa Anlofoɔ din ho maa wɔbɛnyaa din sɛ Anlo Kɔtɔkɔ.

Abakɔsɛm yi nti, ɛnnɛ, Anlo dehye kronkron biara bɛtumi afata sɛ ɔka Asantehene dɔm no ho ma wɔyi mmusuo anaa apaeɛ wɔ nkonnwafieso berɛ a wɔredi Akwasidɛɛ anaa Odwira. Anlofoɔ hene a ɔda Anlofoɔ nyinaa ano wɔ Kumasi seesei ne Torgbui S.K Fuggah.

Ɛsiane sɛ deɛ ɔnim amammerɛ nsɛe amammerɛ nti, tete asomdwoeɛ apam a Anlo ne Asante yɛeɛ no da so ara yɛ adwuma ɛnnɛ nyinaa. Ɛno nti na sɛ Anlogahene redi afahyɛ a, ɔtumi to nsa frɛ Asantehene no.

Tete wɔ bi ka, tete wɔ bi kyerɛ!

Tags: AnloAnlo peopleAsante KotokoAsanteheneCulture of AshantisHistory of AshantisHistory of the Anlo peopleJoseph AboagyeManhyiaManhyia Palace
Deɛ atwam

“Ku Me Prɛko” atuatedɔm no ate wɔn ho agu Nkran mmɔntene so reyɛ sikasɛm mu ahohiahia ne ahokyerɛ no ho yɛkyerɛ

Deɛ ɛdi hɔ

Yɛbɛma Ghana sika ɔpepem $500 de aboa ɔman no nkɔsoɔ

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Yɛbɛma Ghana sika ɔpepem $500 de aboa ɔman no nkɔsoɔ

Yɛbɛma Ghana sika ɔpepem $500 de aboa ɔman no nkɔsoɔ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?