• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwenkyerɛ

Awofoɔ nhyɛsoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ abammuo a wɔde ka mmɔfra hyɛ.

So, ɛyɛ ne kwan so sɛ ɔwofoɔ bi de adwuma pɔtee bi hyɛ ne ba kɔn anaa? Adɛn ntira?

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
02/05/2023
wɔ Adwenkyerɛ
0 0
0
Awofoɔ nhyɛsoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ abammuo a wɔde ka mmɔfra hyɛ.
0
SHARES
173
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, ɔbarima ho nsuo bɛyɛ ɔpepe ɔha ne akyire na ɛpere sɛ ɛbɛnya kwan wɔ ɔbaa kosua mu. Nanso wonim sɛ saa akansie yi awieeɛ mu no nkonimdifoɔ baako pɛ na pue wɔ mu? Aane, saa nkonimdifoɔ no ne wo ɔkenkanfoɔ anaa ɔtiefoɔ no. Ɛsane nso yɛ wo ba, wo nua, wo maame, wo papa, wo yɔnko bi anaa obi a wohunu no biara. Obiara yɛ nkonimdifoɔ a wako adi nim wɔ ne na yafunu mu. Wei kyerɛ sɛ ɔdasani biara nni asase yi so a ɔde nkoguo firi ne na yam baeɛ.

Sɛ ɔdii nkonim wɔ ne na yafunu mu a, ɛdeɛn na ɛkyerɛ sɛ wadi nkoguo wɔ abrabɔ mu? Obiara yɛ nkonimdifoɔ.

Ɔwofoɔ biara pɛ sɛ n’abɔfra kɔ nkan sene sɛdeɛ ɔno ankasa teɛ seesei. Wei yɛ adepa deɛ, nanso saa nsusuiɛ yi tumi ma awofoɔ binom hyɛ wɔn mma ketee sɛ wɔmfa kwan bi a wɔn mmɔfra no ahoɔden nnuru so. Yɛtaa te no nnipa binom kasa mu sɛ adwuma bi a wɔreyɛ anaa adesuadeɛ bi a wɔresua no nyɛ wɔn pɛ so adeɛ, mmom wɔn awofoɔ na wɔde ataataa wɔn, apiapia wɔn ara sɛ wɔnyɛ. Yɛtaa hunu nnipa binom nso a wɔyɛ wɔn nnwuma basaa. Adɛn ntira? Ɛsiane sɛ awofoɔ bi hyɛɛ wɔn abɔfra maa ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛni nti, ɔnni atenka biara ma mmɔfra a ɔkyerɛ wɔn adeɛ no. Sɛ mmɔfra no bɛsua adeɛ anaa wɔnsua no nyɛ no asɛm, deɛ ɛhia no ara ne sɛ bosome aso na wagye n’akatua.

Awofoɔ yi ara sane tumi hyɛ wɔn ba ma ɔbɛyɛ dɔkotani deɛ, nanso ɛsiane sɛ ne bo nnwo adwuma no so nti ɔmfa ayarefoɔ no atenka nyɛ hwee. Wei yɛ hu pa ara ɛfiri sɛ wɔn a wɔte saa no ntaa nnwene nnipa nkwa ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Awofoɔ binom de adesuadeɛ ne adwuma pɔtee bi ho dadwene hyɛ wɔn mmɔfra kɔn wɔ ɔhyɛ so.

Abɔfra biara nim adwuma a ne kra ani gye ho sɛ ɔyɛ no daakye, ne adesuadeɛ pɔtee a ɔyɛ no sukuu mu a ɛde no bɛduru saa botaeɛ no ho. Wei nti, sɛ ɔwofoɔ bi hyɛ ne ba ketee sɛ ɔnkɔyɛ adesuadeɛ pɔtee bi a ɛde ne ba no bɛduru adwuma a ɔpɛ sɛ ne ba no yɛ no daakye ho, wɔ berɛ a abɔfra no ani nnye ho a, ɛtumi ma abɔfra no adesua kɔ fam yie ɛsane sɛ n’ani nnye ho no nti. Mpo ɔtumi yere ne ho wɔ sukuu mu, na ɔkɔduru adwuma a n’awofoɔ ahyɛ no ama ɔyɛ no ho a, ɔmfa anigyeɛ ne akoma pa nyɛ. Mmɔfra binom suro mogya, ɛno nti wɔrempɛ da sɛ wɔbɛyɛ adɔkotafoɔ. Ebinom mpɛ kasa tenten, ɛno nti wɔrempɛ sɛ wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfoɔ. Ɛnyɛ abɔfra biara na ɔbɛtena sikakorabea ayɛ adwuma wɔ hɔ. Ebinom pɛ sɛ wɔsua adepam na wɔkɔ nkan wɔ mu ankasa, ebinom pɛ sɛ wɔma kaseɛbɔ, ebinom pɛ sɛ wɔyɛ mmaranimfoɔ, adansifoɔ, mfonitwafoɔ ne nnwuma pii a ɛkeka ho. Wei nti sɛ wo ba bi mmɔ ne ho mmɔden wɔ beaeɛ pɔtee bi a ɛhia wo mu a, ɛno nkyerɛ sɛ abɔfra no nni botaeɛ, na wadi nkoguo wɔ abrabɔ yi mu. Daabi, abɔfra biara wɔ ade titire bi a ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ mu. Ebia na ɔrentumi nyɛ mmaranimfoɔ, mmom n’ahoɔden wɔ ayaresa adwuma mu. Ebi nso a ɔrentumi nyɛ adepam adwuma, nanso n’ahoɔden wɔ adekyerɛ adwuma mu. Ɛte sei deɛ a, ɛnneɛ adɛn na awofoɔ binom bu wɔn mma abam ma wɔhunu wɔn ho sɛ mfasoɔ biara nni wɔn so yi? Yɛnam saa suban yi so ka mmɔfra no anigyeɛ ne wɔn pɛ hyɛ.

Wonam ɔhyɛ so de adwuma pɔtee bi hyɛ wo ba kɔn a, ɛbɛyɛ adesoa ne ɔbrɛ ma no. Na ɔnnya anigyeɛ biara wɔ mu.

Akyerɛkyerɛfoɔ binom nso ma abammuo dware asuafoɔ. Ɔkyerɛkyerɛni a wokyerɛ Nkonta, ɛyɛ sɛ woboa osuani no deɛ, nanso adɛn na wonyɛ no kwan pa so? Abɔfra bi nyɛ adeɛ wɔ Nkonta mu a na ɛnkyerɛ sɛ wadi nkoguo wɔ abrabɔ mu, na ne ti awu a biribiara nnim. Wobɛkɔ mu no na saa suani yi ara bɔ ne ho mmɔden yie wɔ akenkan, mfoniyɛ ne nneɛma ahodoɔ a ɛkɔ so wɔ sukuu mu hɔ no bi mu. Berɛ a ɔkyerɛkyerɛni bi bɛgyina bɔ a abɔfra bi mmɔ ne ho mmɔden wɔ adesuadeɛ bi a ɔkyerɛ mu so de agu n’anim ase no, ɛnya nsunsuansoɔ bɔne wɔ abɔfra no so. Na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkɔ so ara abɔ ne ho mmɔden wɔ adesuadeɛ afoforɔ a aka no mu. Adɛn ntira? Ɛfiri sɛ woakum akokoɔduro ne gyidie a na ɔwɔ wɔ ne mu no nyinaa ara. Ɛnyɛ nsunsuansoɔ wei nko, ɛtumi toa so ara di abɔfra no nya berɛ a waduru ne mpanimfie so nyinaa, ɛfiri sɛ ɔbɛkɔ so ara asusu wɔ ne tirim sɛ ɔyɛ obi a mfasoɔ biara nni ne so, kɔsi sɛ ɔbɛnya ɔboafoɔ bi ama no asesa sɛdeɛ ɔdwene yi. Ɔkyerɛkyerɛni, wokyerɛ asuafoɔ kwan de wɔfa kwan pa so. Ɔkyerɛkyerɛni pa biara nni hɔ a ɔbu asuafoɔ abam. Woyɛ saa a, wokum wɔn sene sɛ anka wobɛma wɔn adi yie.

Ɔkyerɛkyerɛni, fa ɔdɔ ne nkuranhyɛ kyerɛkyerɛ wo suani. Mfa abammuo nka ho, ɛku mmɔfra no.

Mmɔfra da so ara yɛ afoforɔ wɔ asase yi so. Wɔnnim pii, ɛno nti wɔhia wɔn awofoɔ ne wɔn akyerɛkyerɛfoɔ mmoa na wɔatumi adi yie. Mmom, atitire baanu a ɛtwa sɛ wɔbɔ wɔn akyi dɔm yi de nhyɛsoɔ ne abammuo tete wɔn a, ɛnneɛ na wɔn daakye wɔ hen?

Hyɛ no nso, ebia na wo ba bi pɛ sɛ ɔfa adwuma bi a ɛho nte na mmara mma ho kwan to ne ho so daakye. Ɛnyɛ tea a wobɛtea no wɔ ɛno ho no na yɛrekyerɛ sɛ ɛmmoa abɔfra no. Mmom, deɛ abɔfra no pɛ sɛ ɔyɛ no nyɛ mfomsoɔ, na ɛbɛboa no daakye a, ɛnneɛ ɔwofoɔ, wo ba no daakye nti ma no kwan.

Akyerɛkyerɛfoɔ reyɛ wɔn fam deɛ a ɛsɛ, na awofoɔ nso renya gyidie wɔ wɔn mmɔfra mu de ahoɔden kɛseɛ ataa wɔn akyi a, anka yɛbɛhunu nsesaeɛ kɛseɛ pa ara wɔ mmɔfra no mu, na nneɛma akɛseɛ pii nso na wɔbɛyɛ no daakye.

Abɔfra biara yɛ nkonimdifoɔ. Wɔn mu biara nni hɔ a ne tiri awu na wadi nkoguo wɔ abrabɔ mu. Momma yɛmmɔ wɔn apɛdeɛ ho ban.

Kenkan bio, kyɛ ma afoforɔ nso na yɛmmɔ mmɔfra fawohodie wɔ wei ho dawuro. Ɛbɛboa de nsesaeɛ aba. Afei, wobɛtumi akyerɛ w’adwene wɔ ho.

Tags: adwumaahobaa nsuoakyerɛkyerɛfoɔAwofoɔnkoguonkonimdie.
Deɛ atwam

Wobɛyɛ dɛn adi adwennwene so? Nneɛma du binom a wobɛtumi ayɛ.

Deɛ ɛdi hɔ

Ahonidie ho nneyɛɛ binom a ɛsɛ sɛ woyɛ no da biara

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani
Adesua

So, nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ adwene no so?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/25/2023
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani
Adesua

Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ahonidie ho nneyɛɛ binom a ɛsɛ sɛ woyɛ no da biara

Ahonidie ho nneyɛɛ binom a ɛsɛ sɛ woyɛ no da biara

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?