• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Twaka a εnne amammerε afoforᴐ ne nneyεeε afoforᴐ wᴐ. Na Akanfoᴐ nam akwan yinom nyinaa so kasa kyerε nnipa

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/26/2023
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ
0
SHARES
283
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Amanneε ne nneyεeε ahodoᴐ pii na εkᴐ so wᴐ awaregyaeε mu hyireguo mu. Ԑmu nnum na εidid soᴐ yi

  • Ↄbarima no na ᴐma ᴐbaa no hyire.

Sε yεba Akanman mu a, sε εyε ᴐbaa no na ᴐregyae ᴐbarima no anaa ᴐbarima no na ᴐregyae ᴐbaa no no, ᴐbarima no na ᴐgu ᴐbaa no hyire. Wei kyerε sε hyire no bεfiri ᴐbarima no nkyεn. Sεdeε εteε wᴐ awareεgyeε mu sε ᴐbarima no na ᴐyε ᴐbaa no ho adeε na ᴐtua ne tiri nsa no, saa ara na awaregyaeε mu hyireguo no nso teε. Ԑsiane sε ᴐno ne tire wᴐ abusua no mu, na ᴐno na ᴐkᴐwaree ᴐbaa no nti, ᴐno ne hᴐ na hyire no bεfiri aba. Ԑba no saa a, εkyerε sε n’akoma nu fitaa te sε hyire no, enti ᴐtumi kᴐ baabiara kᴐbᴐ ne bra. Hyire di dwuma pii wᴐ Akanman mu. Ԑnnε yi, yεwᴐ hyire a n’ahosuo no yε sononko deε, nanso hyire a Akanfoᴐ de di dwuma no ahosuo yε fitaa. Nkyerεaseε a Akanfoᴐ de ma adeε fitaa ne nkunimdie anaa anigyeε, enti sε woba Akanman mu na obi ayε fufuo a, εkyerε sε onipa no ani agye, anaa wadi nkunim. Amammerε ahodoᴐ a wᴐde hyire di mu dwuma tirire bi no bragorᴐ. Wᴐbᴐ asakyimma no hyire de ma no amo sε watena ase atumi atwεn mmerε tenten saa. Wᴐde siesie nnipa, na εsiane n’ahosuo no nti, baabiara a εwᴐ biara obiara hunu.

Afei sε wᴐwo abᴐfra foforᴐ a, wᴐde hyire bᴐ no kyerε sε wako apere ne nkwa afiri ahonhom mu aba ateasefoᴐ mu. Mpεn pii nso, sε wᴐwo ntaafoᴐ a, εyε wᴐtaa bᴐ wᴐn hyire wᴐn kra da mpo berε a wᴐrenyini de ma wᴐn kra ani gye. Sε wᴐdi asεm na obi di bem a, wᴐgu no hyire de kyerε ne nkunimdie. Sε yεhwε awaregayeε mu hyireguo no a, ᴐbarima no de gu baa no ma no amo sε wanya akokoᴐduro atena awareε no mu aduru saa berε no. Afei εkyerε bem a wadi wᴐ nkurobᴐ no mu.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
  • Ↄbarima no nnua mma na wᴐde hyire no gu ᴐbaa no.

Akanfoᴐ wᴐ asεm bi a wᴐtaa ka sε, wᴐware abusua, na wᴐgye di nso sε ᴐbaa na yεde no kyekyere abusua. Wᴐgye di sε mma na awareε no gyina wᴐn so εsiane sε wᴐdi εnadeε, afei wᴐyε mmaa te sε wᴐn akumaa no ara, enti wᴐbεte no ase.  Wei nti na wᴐmfa mma ne nua mmarima, na mmom wᴐde ma mmaa no mmom. Hyireguo no mu no, sε nkumaafoᴐ no tie wᴐn nua barima no na wᴐhunu sε ᴐbaa no adi bᴐne bi te sε wafa ne kunu no akyi nti na ᴐpε sε ᴐgya awareε no a, wᴐde dua teaa to ᴐbaa no anim de hyire no ne adwera no hyε ne nsam, de kosua ka ho se no sε, sε ᴐnnii bᴐne biara a, ᴐmmᴐ ntra dua no ansa ma wᴐagu no hyire no. Sε ᴐbaa no tumi tra dua no a, εkyerkε sε wasane ne ti, enti wᴐtoa so de hyire no gu no. Dua no a wᴐde to hᴐ se ᴐbaa no sε ᴐntra no gyina hᴐ nsᴐhwε a wᴐresᴐ ne nokwaredie ahwε saaberε no. Asase a εda n’anim no kyerε baabi a ᴐbaa no gyina, a εyε awareε a ᴐwᴐ mu saa berε no a ᴐpε sε ᴐne ne kunu no di ntetemu no. Beaeε a ᴐbaa no retra akᴐsi no yε abᴐnten a ᴐrekᴐ, enti sε ᴐtumi tra dua no a, εkyerε sε ᴐrete ne ho afiri ne kunu no ho akᴐ abᴐntene akᴐbᴐ ne bra.

Sε yεhwε kosua a, εdi honhom mu dwuma pii wᴐ Akanman mu. Deε εdi kan, kosua gyina hᴐ ma nkwa, na sεdeε wankura mu yie na εfiri wo nsa tᴐ a womfa bio no, saa ara na nkwa teε. Sε yεregoro bra mpo a, wᴐde kosua no hyε asakyimma no anom a, wᴐhyε no sε mma no mmᴐ mu, εnyε saa a wᴐawe ne mma. Wei da no adi pefee sε kosua gyina hᴐ ma nkwa, na nkwa foforᴐ tumi firi mu ba. Afei yεde kosua bᴐ dua de srε ahonhom ma wᴐdi obi asεm ma no. Saa ara nso a abosomfoᴐ bi de pata wᴐn suman. Wei kyerε sε wᴐde wo nkwa ahyε wo nsam saa berε no, enti sε εyε adeε a wayε biribi bᴐne bi na wobᴐ tra a, wotumi hwere wo nkwa. ᴐpanin baako daa no adi sε sε ᴐbaa no antumi ammᴐ antra a, εkyerε sε wayε bᴐne, na ne saa no, wᴐde adwera no nko ara na εhyε ne nsam kyerε no sε wagyae no bᴐkᴐᴐ, na mmom εsiane sε hyire no nni ne ho no nti, sε ᴐpue abᴐntene a, obiara hunu n’animguaseε.

  • Wᴐde hyire no gu dwono ahahan, adwera anaa adᴐma ahahan mu.

Dwono ahahan yε ahahan a εtumi fefε wᴐ baabiara, enti wᴐde gu mu de kyerε sε ᴐnnwene ne ho bᴐne biara, na baabiara a ᴐbεduru biara no, ᴐmfefε fεfεεfε na ᴐnyini nnuru baabi a εsε sε ᴐnyini duru. Sε yεkᴐ Akanman afoforᴐ binom mu a, wᴐde hyire no gu adwera anaa adᴐma ahaban mu. Adwera di honhom ne honam mu dwuma pii wᴐ Akanman mu. Adwera yε ahaban a Akanfoᴐ gye di sε εte wᴐn ho wᴐ honhom mu na εbᴐ wᴐn kra ho ban. Mpanimfoᴐ kyerε sε ansa na ᴐhene bεpue akᴐ badwam no wᴐde adwera gu nsuo mu ma no de dwera ne ho ansa na wakᴐ. Wᴐgye di sε honhom mu no, εbᴐ ne ho ban firi ani bᴐne ho. Sε wᴐregoro bra a, wᴐde adwera korᴐ yi ara bi bᴐ nsuo mu de pete akyεdeε no so pam ani bᴐne biara firi ho. Afei nso sε yεhwε awaregyeε ankasa mu a, Akanman mu fa baabi no, sε wᴐde tiri nsa no rekᴐma ᴐbaa no abusuafoᴐ no a, ᴐbarima no nua maa te adwera ka ho de kᴐma ᴐbaa no abusua, se wᴐn sε wᴐremmεware wᴐn dehyeε no mma no nkᴐtu anaa nkᴐdᴐ too, na mmom wᴐrebεware no ama no akᴐdᴐ adwera. Nsonsonoeε a εda adwera ne too ntam ne sε, adwerε yε ahaban bi a ne tu anaa ne dᴐ nyε den, na mmom too yε nwura bi a εyε den na ne tu nso yε den pa ara. Wᴐde wei di dwuma de kyerε sε, wᴐnware wᴐn ba no mma no mmεbrε nnyε deε εbεboro ne so. Saa ara nso na sε wᴐde hyire gu adwera mu de kyerε sε, wagyae no bᴐkᴐᴐ a akyire nni asεm biara.

Saa ara nso na adᴐma yε dua kεseε a εma nwunu pa ara, enti sε wᴐde ka tiri nsa ho de kᴐma ᴐbaa no abusua no a, wᴐde kyerε sε wᴐmma owia nhye wᴐn dehyeε no, wᴐbεhwε ne so ama no asetena a asomdwoeε wᴐ mu. Sε wᴐde hyire gu mu de gu ᴐbaa wᴐ awaregyaeε mu a, εkyerε sε ᴐde asomdoeε na agyae ᴐbaa no.

  • Wᴐde hyire no sra anaa gu ᴐbaa no abasa ho.

Honam akwaa pii wᴐ hᴐ a wᴐtumi gu hyire, nanso awaregyaeε mu deε wᴐde gu n’abati de ba n’abasa ho. Akanfoᴐ hunu no asεm yε adeε a yεdi, εfiri sε yεde yεn ano na εka, sεdeε yεde yεn ano didie no ara. Afei sε yεhwε Akanfoᴐ asetena mu a, yεhunu no sε wᴐde wᴐn nsa na εdidi, enti sε asεm ba a, wᴐhunu obi a ne ho wᴐ mu biara sε ᴐde ne nsa atom redi bi. Wei nti sε asεm ba na sε obi pε sε ᴐyi ne ho firi mu a, nipa no taa ka sε wahohoro ne nsa afiri mu, te sε deε wᴐredidi na obi ayi ne nsa afiri no ahohoro ne nsa a ᴐnni bio no. Mpεn pii no εyε a yεtaa hunu no sε onipa no de ne nsa siam n’abasa ho de kyerε sε wahohoro no nsa ampa ara. Saa ara nso na sε wᴐde hyire no gu ᴐbaa no abasa ho a, εkyerε sε wagyae awareε ampa, na wade ne ho. Wᴐde hyira ᴐbaa no ano de kyerε ne nkunimdie.

  • Ↄbaa a ᴐregyae awareε no tua hyirekokᴐ de ma n’akumaa no.

Mpanimfoᴐ kyerε sε hyirekokᴐ yε sika a εnso biara. ᴐbaa no tua de kyerε anisᴐ ma n’akumaa no sε waboa no ama no atete ne ho afiri awareε no mu na wabᴐ no nkunim abotire. Twaka a εda saa sika yi ne akokᴐ ntam ne sε, tete no, ne mpo nnε yi, sε dunsini bi sa obi yareε a, mpεn pii ᴐma onii no de akokᴐ bεda ase. Saa ara nso na sε ᴐkᴐmfoᴐ bi yε adeε ma obi a, ᴐma onii no de akokᴐ bεda nananom ase. Ԑtᴐ da nso a wᴐgye akokᴐ de yi mmusuo, sεdeε εbεyε a adebᴐne a εtoo nipa no bi nto deε ᴐyεε εho adwuma no. ᴐbaa no tua saa sika yi de gyina hᴐ ma akokᴐ a wᴐtaa de da ase wᴐ Akanman mu no. Wei kyerε sε n’ani asᴐ mmoa a n’akumaa no de aboa no ama no ade ne ho asomdoweε mu no. Mpanimfoᴐ binom nso kyerε sε εsiane sε Akanfoᴐ hunu awaregyaeε sε εnyε papa, na εtumi sae nti, akumaa no gye saa sika yi sεdeε awaregyaeε nto no wᴐ n’abrabᴐm (Sεdeε akᴐmfoᴐ ne adunsifoᴐ gye de yi musuo no ara pεpεεpε).

Saa nneyεeε ne amanneε yinom nyinaa kᴐ so wᴐ hyireguo mu, na ne nyinaa ne daa daa nneyεeε ne amanneε afoforᴐ mu deε no wᴐ twaka.

Tags: AkanfoᴐAmammerε afoforᴐAwaregyaeεHYIREGUOTwaka
Deɛ atwam

Akyiwadeɛ binom a akanfoɔ wɔ fa apemfoɔ ho

Deɛ ɛdi hɔ

Mfasoɔ a ɛwɔ apɔmutenetene so ne ɛho ahwɛyie

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Mfasoɔ a ɛwɔ apɔmutenetene so ne ɛho ahwɛyie

Mfasoɔ a ɛwɔ apɔmutenetene so ne ɛho ahwɛyie

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?