• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Awareɛ mu awudie – Asuadeɛ ma mmabunu

Deɛ wobɛtumi ayɛ de abɔ wo ho ban afiri awareɛ mu awudie ho

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/20/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Awareɛ mu awudie – Asuadeɛ ma mmabunu
0
SHARES
134
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nnansa yi, owuo ho amanebɔ a ɛrekɔ so wɔ awarefoɔ dodoɔ no ara ntam no ani ayɛ nyan yie pa ara. Ɛwom sɛ mpanimfoɔ se, “Yɛda sɔre na yɛante asɛm foforɔ a ɛyɛ mmusuo” deɛ, nanso anka asɛm pa nko ara na yɛrepɛ atie.

Da biara ne amanebɔ foforɔ a ɛbɛtɔ dwa wɔ awarefoɔ binom ntam. Ɛnyɛ obi na wabɔ ne hokani tuo a, na ɛyɛ obi na ɔde sekan adi ne yere anaa ne kunu awu. Ɛnyɛ obi na wasi ne yere aboɔ a, na ɛyɛ obi na waboro ne yere akum no. Saa nsɛm yinom nyinaa yɛ akomatusɛm a ɛtumi sɛe nnipa asomdwoeɛ ne yɛn anigyeɛ wɔ asetenam.

Ɛnnɛ, yɛrebɛhwɛ nneɛma a ɛbɛtumi de awudie a ɛsisi wɔ awarefoɔ ntam no aba ne akwan ahodoɔ a yɛbɛtumi afa so asi ano.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Adeɛ a ɛdi kan a ɛtumi ma obi adi ne yere anaa ne kunu awu ne nokorɛdie. Nokorɛdie yɛ adeɛ baako a ɛnsɛ sɛ ɔwarefoɔ biara toto no ase koraa, na ɛka nneɛma a ɛma awareɛ tu mpɔn ho no. Obi yi ne yam de n’akoma ma obi na sɛ onipa no anni nokorɛ amma no a, ɛtumi ma ɔdɔ a ɔwɔ ma saa nipa no tete n’ani so. Sɛdeɛ mpanimfoɔ ka no: “Ɔdɔ sa a, na ato adapaa.” Adapaa yi tumi didi mu ara ma awudie tumi firi mu ba.

Wobɛtumi abɔ wo ho ban afiri saa asiane yi ho a, nneɛ ɛsɛ sɛ wosua sɛ wobɛdi nokorɛ wɔ w’awareɛ mu. Yei hwehwɛ sɛ, woremfa biribi nsie wo kunu anaa wo yere. Woyɛ saa a, ɛbɛma wo hokani no agye wo adi, na ɛbɛma ɔdɔ a ɔwɔ ma wo no nso ayɛ kɛse pa ara.

Bio, ade foforɔ a ɛma ɔwarefoɔ bi tumi di ne hokani awu ne ayɔnkogorɔ bɔne. Awareɛ deɛ, ɛne koratwe ne ninkuntwe na ɛnam. Wɔtaa ka asɛm bi sɛ, sɛ ɔbarima yam yɛ sɛ deɛn mpo a, ɔremfa ne yere nkyɛ obiara da! Saa ara nso ɔbaa biara nso mpɛ sɛ ɔne ɔbaa foforɔ biara bɛkyɛ ne kunu. Yei nti, sɛ ɔbarima warefoɔ bi yɛ mmaasɛm anaa ɔbaa warefoɔ bi yɛ mmarimasɛm na ne hokani no ka na ɔbubu nnua gu n’asom a, ɛtumi ma wɔdi wɔn ho awu.

Yɛbɛtumi asi saa ɔhaw yi ano a, ɛsɛ sɛ awarefoɔ twa ayɔnkogorɔ bɔne biara a wɔn ahokafoɔ ani nnye ho no so. Wɔyɛ saa a, ɛbɛma wɔatumi anya berɛ adɔ wɔn ahokafoɔ, na yei bɛma anigyeɛ ne asomdwoeɛ atena wɔn ntam afebɔɔ.

Afei nso, awareɛ mu hwammɔdie nso tumi de awareɛ mu awudie ba. Hwammɔdie ne nokorɛdie bɔ abira koraa wɔ asetena mu. Ɔwarefoɔ bi tumi de ne dwetire ne n’ahonya nyinaa hwɛ ne hokani ɛsiane ɔdɔ a ɔwɔ ma no nti. Saa nneyɛɛ yi akɔyɛ sɛ asiwa awareɛ a na ɛkɔ so tete no nanso nsonsonoeɛ wɔ mu.

Asiwa deɛ, ɔbarima no hwɛ ɔbaa no berɛ a ɔyɛ abɔfra kɔpem sɛ ɔbaa no bɛnyini. Ɔbaa no nyini duru baabi a ɔtumi sisi gyinaeɛ wɔ n’abrabɔ mu a, ɔtumi ka sɛ ɔbɛware ɔbarima no anaasɛ ɔrenware no. Ɛno deɛ, mmara biara nkyekyere ɔbaa no ɛfiri sɛ, berɛ a na ɔbarima no rehwɛ no no, na ɔbaa no sua dodo nti wanhyɛ ɔbarima no bɔ sɛ ɔbɛware no.

Ɛnnɛ yie dɛe, sɛ ɔbaa bi boapa gyegye ɔbarima bi sika, anaa ɔma no sɛe ne mmerɛ wɔ ne ho na wanware no a, ɛtumi bubu ɔbarima no pa ara. Saa hwammɔdie yi mu awerɛhodie ne ɛho yea nti, ɔbarima no tumi tɔ ɔbaa no so werɛ di no awu.

Wobɛtumi abɔ wo ho ban afiri saa ɔhaw yi ho a, ɛsɛ sɛ wosua sɛ wobɛdi wo bɔhyɛ so aware ɔbarima biara a ɔbɛsiam n’anim mfifire ahwɛ wo. Wonim sɛ wompɛ ɔbarima korɔ no nso deɛ a, sɛdeɛ mpanimfoɔ ka no, “Ɛnam a yɛnnwe no, yɛmfa yɛn nse nkyɛ” nti, ɛnsɛ sɛ wogyegye ne sika anaa wokɔ so ara daadaa no wɔ ɔkwan bia ara so.

Adeɛ a ɛtwa toɔ a yɛbɛka ho asɛm ne ahobrɛaseɛ. Ahobrɛaseɛ yɛ suban a ɛho hia wɔ awareɛ mu pa ara. Tweaduampɔn a ɔhyehɛyɛɛ awareɛ maa nnipa no aka sɛ, ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom na mmaa nso kyerɛ obuo kɛsɛeɛ ma wɔ kununom.

Awerɛhosɛm ne sɛ, nnansa yi, mmaa dodoɔ no ara susu sɛ deɛ mmarima yɛ biara nni hɔ a wɔrentumi nyɛ bi nti, wɔhunu no sɛ mfasoɔ biara nni so sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn kununom, nanso saa adwene yi mfata. Ahobrɛaseɛ ne obuo deɛ, woda no adi kyerɛ obi a, ɛkyerɛ sɛ wɔtetee wo yie na ɛnkyerɛ sɛ wonnim nyansa. Ɛno nti na mpanimfoɔ kaa sɛ, “Obuo nyɛ osuro” no.

Obi bɛtumi adi nokorɛ ama ne hokani wɔ awareɛ mu na wadɔ no yie pa ara a, ɛgye obuo ne ahobrɛaseɛ. Ɔbaa bi mmu ne kunu pa ara a, ɛbɛyɛ mmrɛ sɛ ɔbɛfa ɔbarima no akyi ama ɛde ntawantawa aba wɔn ntam. Saa ntawantawadie yi tumi ma ɔbarima no di ɔbaa no awu.

Wopɛ sɛ wobɔ wo ho ban firi saa ɔhaw yi ho a, sua sɛ wobɛbu wo hokani, na woada ahobrɛaseɛ nso adi akyerɛ no.

Tɔfabɔ mu no, yɛabɛhunu sɛ biribi ankɔka papa a ɛrenyɛ dede. Yei nti, ɛsɛ sɛ awarefoɔ nyinaa hunu sɛ, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔbɛma asomdwoeɛ ne anigyeɛ atena wɔne wɔn hokani no ntam. Wɔbɛtumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ wɔsua nokorɛdie, wɔgyae ayɔnkogorɔ bɔne, na wɔda ahobrɛase ne obuo adi kyerɛ wɔn ahokafoɔ.

Tags: Awareɛawareɛ mu awudieawarefoɔdeɛ ɛde anigyeɛ ba awareɛ mudeɛ ɛma awareɛ sɔ
Deɛ atwam

Intanɛte so korɔnobɔ ne asiane a ɛwɔ mu – Kɔkɔbɔ ma mmabunu

Deɛ ɛdi hɔ

Kradin a wᴐde to nnipa, wᴐn ho nsεm ne suban a wᴐda no adi (Kwasiada de kᴐsi Wukuada)

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Kradin a wᴐde to nnipa, wᴐn ho nsεm ne suban a wᴐda no adi (Kwasiada de kᴐsi Wukuada)

Kradin a wᴐde to nnipa, wᴐn ho nsεm ne suban a wᴐda no adi (Kwasiada de kᴐsi Wukuada)

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?