• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Asikyire yadeɛ

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
02/20/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Asikyire yadeɛ
0
SHARES
105
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Berɛ bi a abɛsene kɔ no, adɔkotafoɔ hunuu sɛ ayarefoɔ binom wɔ hɔ a na wɔdwonsɔ bebree. Berɛ korɔ no ara nso wɔhunuu sɛ na ntateɛ taa bɛfam dwonsɔ no ho berɛ a wɔadwonsɔ awie no. Wei maa asɛmmisa sɔree wɔ wɔn tirim sɛ ɛdeɛn koraa na ɛwɔ dwonsɔ no mu a ɛfrɛfrɛ ntatea ba ho saa?  Ɛno akyi no wɔbɛhunuu sɛ dwonsɔ no mu yɛ dɔkɔdɔkɔ. Wei nam so maa wɔtoo yadeɛ yi din sɛ asikyire yadeɛ.

Obi a ɔwɔ asikyire yadeɛ no dwonsɔ tumi twetwe ntatea.

Berɛ gu so ara rekɔ n’anim no, nimdeɛ bebree na adɔkotafoɔ anya afa yadeɛ yi ho ɛfa ne kɔfaba, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi wɔ ho ɛne kwan a yɛbɛfa so asi ano kwan. Wei nti momma yɛnnye berɛ na yɛnhwɛ adesua yi mu.

Ɛdeɛn koraa ne asikyire yadeɛ? Yɛbɛtumi ate asikyire yadeɛ ase yie pa ara a, deɛ ɛdi kan no ɛho bɛhia sɛ yɛhunu deɛ ɛkɔ so wɔ yɛn nipadua mu berɛ a yɛadidi awie no. Nnuane ahodoɔ a yɛdi no binom boa yɛn ma yɛn nipadua no tumi nyini frɔmfrɔm, ɛnna ebinom nso ma yɛn ahoɔden. Saa ahoɔden a yɛnya firi nnuane a yɛdi mu no na ɛboa yɛn ma yɛtumi kɔ yɛn daa daa dwumadie ahodoɔ so. Nkwammoa a ɛwɔ yɛn nipadua akwaa no nyinaa mu hia saa ahoɔden a ɛfiri nnuane mu yi na ɛde adi ne dwumadie ahodoɔ aboa nipadua no.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Hyɛ no nso sɛ, sɛdeɛ ɛhyɛn hia fangoo ansa na atumi asi kwan so no, saa ara na yɛn nipadua no nso hia ahoɔden.

Aduane biara a yɛdi no kɔ kyenkyenfuro no mu wɔ yafunu no mu na ɛyam wie a, ɛsesa kɔ tebea foforɔ mu ma no bɛyɛ dɔkɔdɔkɔ te sɛ asikyire ansa na atumi akɔ mogya no mu. Saa dɔkɔdɔkɔ tebea yi na apɔmudenfoɔ frɛ no sɛ gulukoso, na ɛno nso na ehia ma nipadua no nkwammoa pa ara sɛ ɛde bɛdi ne dwuma aboa nipadua no wɔ ahoɔden fa mu. Berɛ a nipadua no gu so ara de saa asikyire yi redi dwuma no, na dɔkɔdɔkɔ tebea a ɛwɔ mogya no mu no so rete ba fam sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔ dɔnhwere baako ne mmienu ntam so. Sei ara na ɛkɔ so wɔ onipa biara nipadua mu berɛ a wadidi awie.

Ɛba wɔn a wɔwɔ asikyire yadeɛ so no a, ɔkwan a nipadua no fa so yi asikyire anaa gulukoso firi mogya no mu berɛ a wɔadidi awie no yɛ soronko. Deɛ ɛkɔ so wɔ mogya no mu ne sɛ, berɛ a ɛtwa sɛ anka asikyire no firi mogya no mu wɔ dɔnhwere baako ne mmienu ntam no, ɛmma no saa. Mmom, gulukoso no kyɛ wɔ mogya no mu pa ara. Ɛkɔba no saa a, nipadua nkwammoa no ntumi mfa saa gulukoso ahoɔden a akyɛ wɔ nipadua no mu no nni dwuma. Ɛkɔba no sei a na yɛka no sɛ obi anya asikyire yadeɛ.

Gulukoso no kyɛ wɔ nipadua no mu saa ara a, ɛtumi nya nsunsuansoɔ bɔne wɔ nipadua akwaa no binom te akoma, saa, ani, wades/honam, adwene ne ntini a mogya nam mu na ɛma atenka no so.

Akoma – Ɛtumi ma akoma no yɛ mmerɛ wɔ ne bɔ mu. Deɛ ɛkyɛn so koraa ne sɛ ɛtumi ma no gyae bɔ mpo.

Saa – Ɛtumi ma saa no dwumadie ba fam anaa ɛgyae koraa. Ɛkɔba saa a, gye sɛ saa nipa a ne saa ho aka yi kɔda afidie so ma no di saa no dwuma ma no.

Ani – Ɛtumi sɛe ani no ntini ahodoɔ ma ebinom ani mpo tumi fira.

Asikyire yadeɛ tumi bɔ obi anifira mpo.

Ntini a mogya nam mu na ɛma atenka no – Asikyire yadeɛ tumi sɛe ntini a ɛma nan ne nansowa mogya no. Saa ara na ɛtumi sɛe ntini a ɛma saa akwaa yinom atenka. Ɛkɔba no saa a, ɛtumi ma binom nan yɛ titiritii ma wɔnnya atenka biara berɛ a adeɛ atwa wɔn no. Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a wɔn tebea no kɔwie wɔn sɛ ɛtwa sɛ yɛtwa wɔn nan.

Adwene – Asikyire yadeɛ tumi ma obi nya ndwodwoeɛ yadeɛ firi adwene no mu. Saa ara nso na ɛtumi ma obi nipadua no fa dwodwo.

Nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi wɔ asikyire yadeɛ ho.

Ɛwɔ mu sɛ asikyire yadeɛ ntaa mmɔ nnipa dodoɔ no ara nkaeɛ, nanso nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ bi wɔ hɔ a ɛtaa daa adi wɔ binom deɛ ho. Ɛno na ɛdidi soɔ yi:

1. Nipa no bɛtaa adwonsɔ bebree, afei sukɔm ne ɛkɔm taa di no ntɛntɛm so.

2. Nsesaeɛ ba sɛdeɛ nipa no hunu adeɛ fa mu ho. N’ani so tumi yɛ no wisii sɛdeɛ ɛbɔ asi no.

3. Afei ɔnnya atenka biara wɔ ne nsa ne ne nan mu, ne titire ne berɛ a adeɛ atwa no. Ekuro tu saa nnipa yi nso a, ɛkyɛ ansa na awu.

4. Honam ani nsaa nso tumi ha saa nnipa yi.

5. Obi a ɔwɔ saa yadeɛ yi bi no atenka wɔ mpam kɔ fam.

Deɛ ɛde asikyire yadeɛ ba anaa nneyɛeɛ ɛtumi kɔfa ba.

Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ, ɛrekame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ asikyire yadeɛ no nya firi sɛdeɛ ɔbɔ ne bra wɔ n’adidie ne ne nom mu. Momma yɛnhwɛ ɛ!

  • Kɛseyɛ mmorosoɔ
  • Sradeɛ nnuanedie bebree
  • Sɛ obi ntenetene n’apɔm
  • Awoɔ mu
  • Anadwodidie
  • Mogyaborosoɔ

Kwan a yɛbɛtumi afa so asi ano kwan

Hyɛ no nso sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsi asikyire yadeɛ ano kwan no sua ɔkwan pa a ɔbɛfa so adidi yie. Woredi aduane pa no tumi si asikyire yadeɛ ahodoɔ no ano kwan.

1. Ɛtwa sɛ obi a ɔwɔ asikyire yadeɛ no di nnuane pa bi te sɛ nnuane a ntɛtɛ wɔ ho te sɛ ayuo, atokoɔ ne deɛ ɛkeka ho. Afei atosodeɛ ahodoɔ bi te sɛ gyeene, ntoosi, nnyaadowa.

Ɛtwa sɛ obi a ɔwɔ asikyire yadeɛ no taa di ntɛtɛ nnuane.

2. Ɛnni kwan sɛ wɔn a wɔwɔ asikyire yadeɛ no taa di nnuane a gulukoso wɔ mu bebree bi te sɛ borɔdwoma, bayerɛ, ahwedeɛ, ɛmo fitaa ne paanoo fitaa ne nnuaba ahodoɔ a ɛmu yɛ fremfrem.

3. Adua ne nkateɛ nnuane nso tumi boa.

4. Ɛtwa sɛ wɔn a wɔwɔ asikyire yadeɛ no tenetene wɔn apɔm.

5. Wo mu yɛ duru boro so nso a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden hwɛ sɛ wo so bɛte, na wogyae sradeɛ nnuane di.

Twe wo ho firi adɔkɔdɔkɔdeɛ ho, na di nnuane pa.

Asikyire yadeɛ yɛ yadeɛ a ɛyɛ hu yie, ne saa nti ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden pa ara sɛ yɛbɛsi ano kwan. Deɛ yɛdi, deɛ yataa di ne mpɛn dodoɔ a yɛtenetene yɛn apɔm na yɛgye yɛn ahome no nyinaa ka bɔm boa ma yɛtumi de yɛn ho firi asikyire yadeɛ ho. Afei, bɔ mmɔden nso sɛ wobɛtaa akɔ ayaresabea akɔhwehwɛ wo mogya mu ahwɛ sɛ asikyire a ɛwɔ mu no wɔ soro anaa. Wei bɛboa ama wo nsa atumi aka mmoa biara a wohia no ntɛm so.

Megye di sɛ adesua yi aboa wo yie, na abue w’ani wɔ nneɛma pii mu nso. Ɛnneɛ wobɛtumi akyɛ ama afoforɔ na wɔn nso anya mu kyɛfa. Wobɛtumi akyerɛ w’adwene na woaka ho asɛm nso.

Tags: asikyiremogyaborosoɔnkwammoannuane pasaa
Deɛ atwam

Europe Aman binom a wᴐn nso bεdii Sika Mpoano (Ghana) soᴐ

Deɛ ɛdi hɔ

Akoma yadeɛ

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akoma yadeɛ

Akoma yadeɛ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?