• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Apolisifoɔ akyere Agradaa bio ɛnam kwaadu ahodoɔ a Ɔsɔfo Appiah de abɔ no nti.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
10/25/2022
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Apolisifoɔ akyere Agradaa bio ɛnam kwaadu ahodoɔ a Ɔsɔfo Appiah de abɔ no nti.
0
SHARES
38
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Kwaadu a wɔde bɔɔ Nana Agradaa fa apoo a ɔde bɔɔ n’asɔremma nti, wɔkyeree no too afiase hyɛɛ aseɛ dii n’asɛm. N’afiaseda no mu na ɔtuaa Ghana sika 150,000 de pɛɛ sɛ ɔbɛde ne ho kakra ansa na asɛnnie no ntoasoɔ a ɛhyɛ Obubuo 15, 2022 no aduru.

Ampa ara, kɔɔto maa no saa fawohodie a na ɔrehwehwɛ no nnora, Ahinime 24, 2022. Mmom ɛnkyɛɛ biara na Ɔsɔfoɔ Appiah a wɔsane frɛ no Sɔfo Biblical yi kɔtwerɛɛ n’ano asɛm tiaa Agradaa a ɛno nti apolisifoɔ asane akɔkyere no.

Ɔsɔfo Appiah Biblical a wabɔ Agradaa kwaadu no.

Saa ɔsɔfoɔ yi ne deɛ afe 2018 mu no ne ho oyikyerɛ bi bɛtɔɔ dwa na ɔpɛ sɛ ɔne ɔbaa bi di mpa so agorɔ no. Ɔno ara nso ne deɛ ɛmmerɛ bi a atwam oyikyerɛ bi a ɛfa ne ho sane baa abɔntene a na mmeranteɛ bi a ɔsusu sɛ ɛyɛ Agradaa nkurɔfoɔ de mmirika sa no rebɔ no ntutuo sɛ ɔyɛ korɔmfoɔ no. Ɔgye di sɛ Nana Agradaa ne ne nkurɔfoɔ na wɔdii no saa dwuma no.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ɔkyerɛ ne nsɛm mu a, mfeɛ nnan ni nanso afei na wakɔtwerɛ n’ano asɛm ɛsiane sɛ ɔrentumi nhwɛ mma Agradaa mfa ne ho nni wɔ nneɛma bɔne pii a ɔde ayɛ no no ho.

Ɔsane toaa so sɛ mpo Agradaa de ne nkwa bɔɔ no hu, sane de n’adagya ho mfoni kɔtoo tɛlɛbihyɛn so. Yei nti ɔkyerɛ mu a, ne mma no mu mmienu gyaee sukuukɔ saa berɛ no ɛnam atweetwee ne ehuro a na wɔn mfɛfoɔ de huru wɔn sɛ wɔn papa yɛ korɔmfoɔ ne obi a ɔne afoforɔ yerenom da nti.

Ɔde too dwa sɛ kwaadu ahodoɔ nsia na ɔwɔ de bɔ Agradaa a ne din ne Evangelist Patricia Asieduaa Oduro yi.

Saa kwaadubɔ yinom ho na apolisifoɔ asane akyere Agradaa. Wɔde no bɛkɔ asɛnnibea nnawɔtwe yi ara mu akɔdi n’asɛm wɔ nsɛm yeinom ho.

Tags: ApoobɔNana AgradaaSerwaa AmihereSika Gari
Deɛ atwam

Sɛ wɔampamo Ken Ofori-Atta a, NPP Mmarahyɛbadwafoɔ bɛpo afe 2023 sikasɛm ho ntotoeɛ no

Deɛ ɛdi hɔ

Tɛma ne ne mpɔtam mmoa wɔn ho sɛ wɔbɛda sum mu ɔkyena, Wukuada, Ahinime 26, 2022.

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Tɛma ne ne mpɔtam mmoa wɔn ho sɛ wɔbɛda sum mu ɔkyena, Wukuada, Ahinime 26, 2022.

Tɛma ne ne mpɔtam mmoa wɔn ho sɛ wɔbɛda sum mu ɔkyena, Wukuada, Ahinime 26, 2022.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?