• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Sikasɛm ne mpuntuo

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
wɔ Adesua, Adwadie mu nsɛm, Amanyɔsɛm, Awerɛhosɛm, Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
0
SHARES
442
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛreka wiase aman nyinaa a, wɔkan Ghana fra aman ahodoɔ a afei na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtu mpɔn no ho. Yei kyerɛ sɛ, yɛn sikasɛm nhyɛ da nkɔ yie saa.

Nhwehwɛmu bi nso a wɔyɛ faa amantam ahodoɔ a wɔdi hia pa ara ho wɔ Ghana ha ho no nso ada no adi sɛ, ɛwom sɛ Ghana sikasɛm nhyɛ da nkɔ yie saa deɛ, nanso ɛsono sɛdeɛ ahokyerɛ no teɛ wɔ mantam biara mu.  Ebia na mekaeɛ yi, amantam binom a wosusu sɛ wɔn ho kyere wɔn pa ara binom din afiri aseɛ aba wo tirim. Nanso sɛ woanhwɛ yie pa ara a, deɛ ɛfiri nhwehwɛmu a yɛbɛka ho asɛm yi mu baeɛ no bɛma wo ho adwiri wo.

Wɔgyinaa mfeɛ 2010 nnipa dodoɔ a wɔkan wɔn wɔ Ghana no so na wɔyɛɛ saa nhwehwɛmu yi. Ɛsiane sɛ wɔyɛɛ nhwehwɛmu yi ansa na wɔrebɛte amantam afoforɔ aka deɛ na ɛwɔ hɔ dada no ho nti, wɔde amantan dada du no ara na ɛdii dwuma.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nhwehwɛmu no baa awieeɛ no, sɛdeɛ ɛbɛdaa adi wɔ amantam a wɔdi hia pa ara  kɔpem wɔn a wɔn hia ano nyɛ den ahe biara wɔ Ghana no na ɛdidi soɔ yi.

Atifi Atɔeɛ Mantam mu

Mantam a nhwehwɛmu no daa no adi sɛ wɔn na wɔdi kan wɔ ohia buruburoo ho nhwehwɛmu a wɔyɛɛ no Ghana no ne Atifi Atɔeɛ Mantam no. Saa mantam yi mu no, ɔmansini a ɛmu nnipa ho kyere wɔn pa ara ne Wa Atɔeɛ mansini no. Ɛmu nnipa (92.4%) na nhwehwɛmu no kyerɛɛ sɛ wɔdi ohia buruburoo.

Wa Apueeɛ mansini no na wɔtɔ so mmienu wɔ ahokyerɛ yi mu Atifi Atɔeɛ Mantam no mu. Ɛhɔ nso, nnipa (83.8%) na nhwehwɛmu no daa no adi sɛ wɔn ho kyere wɔn pa ara. Ɔmansini a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛmu nnipa ho kyere wɔn pa ara wɔ Atifi Atɔeɛ Mantam no mu ne Sissala Atɔeɛ mansini a ɛmu nnipa
(81.2%) na ɛbɛdaa adi sɛ wɔdi ohia buruburoo no.

Atifi Apueeɛ Mantam mu

Saa mantam yi ne mantam a nhwehwɛmu no daa no adi sɛ, wɔtɔ so mmienu a ɛmu nnipa di ohia buruburoo wɔ Ghana. Mansini a ɛdi kan wɔ ahokyerɛ buruburoo yi mu ne Builsa Anaafoɔ Mansini no (84.4%). Wɔn a wɔtɔ so mmienu ne Bawku Atɔeɛ Mansini no (68.1%). Mansini a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ ahokyerɛ yi mu wɔ Atifi Apueeɛ Mantam no mu ne Bongo mansini no (67.4%). Ɛnna, mansini a ɛtɔ so nnan ne Nabdam mansini a ɛmu nnipa (63.0%) na nhwehwɛmu no daa no adi sɛ wɔdi ohia buruburoo no.

Mansini a ɛbɛdaa adi sɛ ɛmu nnipa nhyɛ da nni ohia buruburoo ne Kassena Nankana Atɔeeɛ mansini no. Ɛmu nnipa (13.1%) na nhwehwɛmu no daa no adi sɛ wɔdi ohia buruburoo.

Atifi Mantam mu

Sɛdeɛ nhwehwɛmu no daa no adi no, sɛ yɛreka amantam a wɔdi hia pa ara wɔ Ghana a, Atifi Mantam no na wɔtɔ so mmiɛnsa. Mansini a wɔdi kan a ɛmu nnipa di ohia buruburoo wɔ Atifi Mantam mu hɔ ne Apueeɛ Fam Gonja (84.2%). Wɔfiri hɔ a, na Bole (79.4%) nso atoa wɔn so. Afei, Kpandai (76.9%) Mansini no na ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ hɔ.

Mansini a ɛmu nnipa nhyɛ da nni ohia buruburoo ne Tamale Mansini no. Nanso ɛhɔ mpo, nnipa 24.6% na wɔn ho kyere wɔn pa ara wɔ hɔ.

Bono Ahafo Mantam mu

Bono Ahafo Mantam no na wɔtɔ so nnan wɔ ahokyerɛ ho nhwehwɛmu a wɔyɛeɛ yi mu. Saa mantam yi mu no, nhwehwɛmu no daa no adi sɛ, mansini a ɛdi kan wɔ hɔ a ɛmu nnipa ho kyere wɔn pa ara ne Kintampo Anaafoɔ Fam Manfini no mufoɔ (78.3%). Wɔn a wɔtɔ so mmienu ne Banda Mansini no mufoɔ (78.0%).

Mansini wɔn ho nhyɛ da nkyere wɔn pii wɔ Bono Ahafo Mantam mu sɛdeɛ nhwehwɛnu no daa no adi ne Dɔmaa Atɔeɛ Fam Mansini no mufoɔ (9. 9%).

Asante Mantam mu

Mantam foforɔ a nhwehwɛmu no daa no adi sɛ wɔn ho kyere wɔn pa ara nso ne Asante Mantam no. Wɔn na wɔtɔ so nnum wɔ nhwehwɛmu  yi mu. Mansini a ɛdi kan wɔ Asante Mantam mu a wɔn ho kyere wɔn pa ara, sɛdeɛ nhwehwɛmu no kyerɛ, ne Sekyere Afram Plains Atifi Famfoɔ. Ɛhɔ no, nhwehwɛmu no kaa sɛ, nnipa a wɔn ho kyere wɔ hɔ no dodoɔ bɛyɛ (59.6%). Mansini a wɔtɔ so mmienu ne Edwira Sekye Dumasi Mansini no. Saa mansini yi mu no, nnipa (47.0%) na wɔdi ohia buruburoo. Afei, mansini a ɛtwa toɔ a ɛmufoɔ ho kyere wɔn yie wɔ Asante Mantam mu ne Ahafo Ano Atifi Famfoɔ no. Ɛhɔ nso, nnipa (46.4%)  na wɔdi ohia buruburoo.

Ɛwom sɛ amansini ahodoɔ binom mufoɔ ho kyere wɔn wɔ Asante Mantam mu deɛ, nanso wɔn ahokyerɛ no nyɛ nea ano yɛ den saa. Saa amansini yinom ne Asɔkɔre Mampong (3.3%), Afigya Kwabre (4.0%) ne Atwima Kwanwoma (4.9%).

Apueeɛ Mantam mu

Apueeɛ Mantam no di Asante Mantam no akyi pɛɛ wɔ ahokyerɛ ho nhwehwɛmu yi mu. Yei kyerɛ sɛ, Apueeɛ Mantam no na wɔtɔ so nsia sɛdeɛ nhyehyɛeɛ no teɛ. Saa mantam yi mu no, mansini a wɔkyerɛ sɛ, wɔn no kyere wɔn yie pa ara ne Kwahu Afram Plains Anaafoɔ Mansini no. Nhwehwɛmu no kyerɛ sɛ, nnipa a wɔdi hia wɔ hɔ no dodoɔ bɛyɛ (59.7%). Wɔn a wɔtɔ wɔn so mmienu ne Kwahu Anaafoɔ Mansini no mufoɔ. Ɛhɔ nso, nnipa (48.0%) na wɔdi ohia buruburoo wɔ hɔ. Afei, mansini a ɛtɔ so mmiɛnsa ne Atifi Manya Mansini no mufoɔ a nnipa (43.6%) na wɔdi ohia wɔ hɔ.

Amansini nnan binom wɔ hɔ a, ɛwom sɛ wɔn ho kyere wɔn deɛ, nanso ɛnyɛ nea ano yɛ den sɛ nkaeɛ a yɛabobɔ so no. Saa amanini nnan yinom ne: New Dwaben Mansini no (4.6%), Dɛnkyɛmmoɔ (4.6%), Nsawam Adoagyiri Mansini (6.3%) ne Suhum Mansini (6.5%).

Frao Mantam mu

Frao mantam no tɔ so nson wɔ ahokyerɛ mu nhwehwɛmu yi mu. Wɔkyerɛ sɛ, baabi a ohia ano yɛ den pa ara wɔ saa mantam yi mu no ne Adaklu Mansini no mu. Saa mansini no mu no, nnipa dodoɔ bɛyɛ (89.7%) na wɔdi ohia buruburoo. Wɔn a wɔtɔ so mmienu nso ne Kadjebi mansini no mufoɔ. Ɛhɔ nso, nnipa bɛyɛ (66.8%) na wɔn ho kyere wɔn pa ara. Mansini foforɔ a ohia ano yɛ den wɔ hɔ wɔ Frao Mantam no mu ne Agotime Ziope Mansini no ɛfiri sɛ, nnipa a wɔn ho kyere wɔn pa ara wɔ hɔ no dodoɔ bɛyɛ (62.1%).

Mansini foforɔ a wɔdi hia nanso wɔn hia no ano nhyɛ da nyɛ den pa ara ne Akatsi Anaafoɔ mansini no. Nnipa a wɔn ho kyere wɔn wɔ hɔ no dodoɔ bɛyɛ  (10.5%) pɛ.

Nkran Mantam mu

Nkran Mantam no ne mantam a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ amantam ahodoɔ a wɔdi hia pa ara ho nhwehwɛmu yi mu. Mansini a ɛdi kan wɔ saa mantam yi mu ne Shai Osudoku Mansini no. Wɔkura ahokyerɛ no mu (55.1%). Deɛ ɛtɔ so mmienu wɔ hɔ ne Ningo Prampram Mansini no. Wɔn nso, wɔkura ohia no mu (31.2%). Yɛka amansini nkaeɛ no a, wɔn ahokyerɛ no nyɛ hu biara saa. La Dade Kotopon Mansini no sei, nnipa (1.3%) na wɔdi hia wɔ hɔ, Nkran Mansini no mu nso, nnipa (2.5%) na wɔn ho kyere wɔn pa ara wɔ hɔ. Ɛnna La Nkwantanang Madina Mansini no mu nso, ahokyerɛ a ɛwɔ hɔ no yɛ (2.8%).

Mfimfini Mantam mu

Mantam a ɛtɔ so nkron wɔ ahokyerɛ yi mu ne Mfimfini Mantam no. Wɔkyerɛ sɛ, mansini a ɛdi kan a wɔdi hia wɔ hɔ pa ara ne Ekumfi mansini no. Saa mansini yi mu nnipa bɛyɛ (48.4%) na wɔdi hia. Deɛ ɛtɔ so ne Awutu Senya mansini no. Ɛhɔ nso, nnipa a wɔn ho kyere wɔn no dodoɔ bɛyɛ (33.6%). Ɛnna deɛ ɛtwa toɔ ne Denkyira Atifi Apueeɛ. Wɔn nso, nnipa bɛyɛ (30.6%) na wɔdi hia wɔ hɔ.

Amansini nkaeɛ a ɛwɔ Mfimfini Mantam no mu deɛ, wɔnhyɛ da nni hia saa. Yɛfa Oguaafoɔ sɛɛ a, nnipa (2.6%) na wɔdi hia wɔ hɔ. Denkyira Atifi Atɔeɛ nso, nnipa (3.3%) na wɔdi hia wɔ hɔ. Ɛnna nnipa (4.4%) na wɔdi hia wɔ Agona Atɔeɛ fam.

Atɔeɛ Mantam mu

Atɔeɛ Mantam no na wɔtwa toɔ wɔ ahokyerɛ mu nhwehwɛmu a wɔyɛeɛ no mu. Yei kyerɛ sɛ, ɛno ne mantam a ɛmu nnipa a wɔdi ohia buruburoo no nnɔɔso ahe biara. Saa mantam yi mu no, Wasa Amanfi Mfimfini fam mansini no na wɔdi kan wɔ ahokyerɛ yi mu. Wɔkyerɛ sɛ, nnipa a wɔn ho kyere wɔn wɔ hɔ no bɛyɛ (51.9%). Wɔfiri hɔ a, na Bodi nso atoa wɔn so. Ɛhɔ nso, nnipa bɛyɛ (42.5%) na wɔn ho kyere wɔn. Afei, deɛ ɛdi hɔ bio ne Mpohor. Ɛhɔ nso, nnipa (40.4%) na wɔdi hia wɔ hɔ.

Wɔkyerɛ sɛ, sɛ wɔgyae akorɛnkorɛn na wɔka saa amansini yinom mu ahokyerɛ no bɔ mu a, Wasa Amanfi Mfimfini fam kura ohia no mu 17.1%, Bodi kura ɛmu 13.7%, Ɛnna Mpohor nso kura ɛmu 12.1%. Wɔde amansini mmiɛnsa yinom mu nnipa toto amansini nkaeɛ a aka wɔ saa mantam no mu no ho a, wɔnnuru wɔn baabiara. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, ahokyerɛ a ɛwɔ amansini binom te sɛ Suaman mu no yɛ (6.0%), Wassa Amenfi Atɔeɛ deɛ yɛ (6.9%), ɛnna Aowin nso kura ɛmu (8.9%) pɛ.

Tɔfabɔ

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛatumi abrɛ ohia bebrebe no ano ase wɔ Ghana no, ɛsɛ sɛ ɔman no di n’ani si nnipa a wɔtete mmeaeɛ a wɔn ho kyere wɔn pa ara te sɛ Frao mantam no mufoɔ, Bono Ahafo, Atifi mantam mufoɔ, Atifi Apueeɛ ne Atifi Atɔeɛ mantam no mufoɔ nyinaa so na wɔdom wɔn nneɛma binom a ɛboa ma nkuro tu mpɔn, na ama wɔn ho atumi ahenhan wɔn kakra.

Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu soronko bi a, ɛbɛtumi aboa ama wɔahunu nneɛma pɔtee a ɛde saa ohia buruburoo ne ahokyerɛ bebrebe yi aba mmeaeɛ a ɛtete saa na ama wɔatumi ahunu deɛ wɔbɛyɛ de asi ano anaa abrɛ no ase.

Tags: Ahokyerɛ a ɛwɔ Ghana ho nsɛmGhana sikasɛm ne ahokyerɛ ho nsɛmohiaOhia ho nsɛmsɛdeɛ ohia ho nsɛm teɛ wɔ Ghana
Deɛ atwam

Nneɛma ahodoɔ a ɛtumi sɛe awadeɛ anaa mpenatweɛ

Deɛ ɛdi hɔ

Sɛdeɛ Nsu pa a yɛnom ho nsɛm teɛ wɔ Ghana

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Sɛdeɛ Nsu pa a yɛnom ho nsɛm teɛ wɔ Ghana

Sɛdeɛ Nsu pa a yɛnom ho nsɛm teɛ wɔ Ghana

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?