Akanfoɔ gye di sε sε awareε ase bεtim ama anigyeε aba mu a na ne fa bi gyina awoɔ titire so, wei nti na ababaawa bi fa afuro wɔ awadeε mu a n’ani gye pii no, na ɔnya wo nso a ɔne abusua no nyinaa anigyeε wie pεyε εsiane sε wɔanya nipa foforɔ abεka wɔn ho wɔ abusua no mu. Anigyeε wɔ nyinsεn mu deε, nanso εnyε anigyeε nko ara ne atenka a εda adi wɔ mu. Adwennwene tumi bεtɔ ɔpemfoɔ no so yie εsiane sε saa berε no wabεyε nipa soronko, na wabεyε ɔyarefoɔ a ɔgyina owuo ne nkwa ntamu. Ɛfiri berε a ɔbεfa afuro no ara akɔsi berε a ɔbεwo no sε Onyankopɔn anyε no adom a owuo tumi bεfa no, ne ba no anaa wɔn baanu no nyinaa kɔ. Saa berε yi ara mu nso na ahonhom ahodoɔ ne nnipa abɔnefoɔ nya kwan de yε wɔn nneεma bɔne wɔ ɔpemfoɔ no ho. Ɛnam weinom nyinaa so nti sε ababaawa bi fa afuro a na asodie kεseε abεda ne kunu ne n’abusua no nyinaa so. Na εho bεhia sε wɔkyerεkyerε ɔpemfoɔ no nneεma ahodoɔ bi na abɔ ɔne ne ba ho ban. Ɛnam asiane a εtumi ba wɔ nyinsεn mu nti, εtwa sε ɔpemfoɔ no di akyiwadeε ahodoɔ so na abɔ ne ho ban saa ara.

Akyiwadeε ahodoɔ binom
Ɛyε akyiwadeε sε ɔpemfoɔ ne ɔbarima foforɔ a ɔnyε ne kunu bεnya mpa so nkitahodie. Ͻpemfoɔ a ɔyε akyiwadeε yi ho asoɔden na ɔfa ne kunu akyi no, ɔbrε yie wɔ n’awoɔ mu. Na εkɔba saa a gye sε ɔbɔ ɔbarima a ɔne no afa ne kunu akyi no din ansa na watumi awo wɔ asomdwoeε mu. Ebinom koraa tumi fa mu hwere wɔn nkwa mpo.
Ɛyε akyiwadeε wɔ Akanfoɔ mu sε wɔbεyε ɔbaa a ɔnyem ho adeε. Wei yε adeε baako a nnipa dodoɔ no ara bu wɔn ani gu su εnnε, awofoɔ binom mpo ma kwan ma wɔn mmammaa a wɔnyem ware wɔ berε a wɔnim saa akyiwadeε yi. Ͻpemfoɔ bi bu n’ani gu nyem a ɔnyem so na ɔma kwan ma ɔbarima bi yε ne ho adeε a, awareε no akyi abɔfra a na ɔnyem noɔ berε a na wɔreyε ne ho adeε no tumi hwere ne nkwa, anaa εma abɔfra biara a ɔbεwo noɔ no anaa ne mma binom sane kɔ wɔn kra akyi.
Ɛyε akyiwadeε sε ɔpemfoɔ ko anaa mpo ɔdi apipiragorɔ. Ɛkɔba sε ɔne obi reyiyi nsεm ano na ɔhwε hunu sε εrekɔ bɔne so a, ntεm ara ɔntwe ne ho mfiri hɔ na ankɔfa ɔhaw biara ammerε ne ho ne n’abɔfra no.
Abosome mmiεnsa a εdi kan wɔ nyinsεn mu no yε berε a εho hia papaapa. Saa berε no Akanfoɔ gye di sε abɔfra no da so ara yε mogya, εno nti εyε akyiwadeε sε ɔpemfoɔ no bεdi nnuane a εyε dɔkɔdɔkɔ bi te sε asikyire, ahwedeε, aborɔbε ne pii a εkeka ho saa berε no. Saa akyiwadeε yi wɔ hɔ εfiri sε yεn nanaom ankɔ sukuu deε, nanso na wɔnim sε adɔkɔdɔkɔdeε biara te sε asikyerε ne ahwedeε no tumi sεe yafunu no ma abɔfra no bεsene kɔ. Anka aborɔbε kura nnuanennuro a εbεtumi aboa abɔdoma no deε, nanso Akanfoɔ kyerε sε abosome mmiεnsa a εdi kan wɔ nyinsεn mu no deε ɔpemfoɔ no kɔdi a anhwε a na ama akɔkoa no abεsene ama nyinsεn no asεe. Wei nti saa akyiwadeε yi wɔ hɔ sεdeε εbεyε a ɔpemfoɔ bi nkɔdi adɔkɔdɔkɔdeε na ɔnkɔdi ɔno ankasa ne ba awu.

Ɛyε akyiwadeε sε ɔpemfoɔ de obi dεmdie anaa tebea bɔne a obi wɔ mu bεdi no atεm. Ɛnam saa kwan yi so ma ahonhom tumi nya ɔne ne ba no so tumi, anaa abɔfra a ɔbεwo noɔ no nso tumi di dεm sε nipa a ɔtoo ne ho no ara.
Mfanteman mu no, εyε akyiwadeε sε ɔpemfoɔ de nsεm bɔne bεhyε ne tirim ara akɔsi berε a ɔbεwo.
Ɛyε akyiwadeε sε ɔpemfoɔ yε ne kunu anaa ɔdi no atεm berε a εsε sε ɔdi no ni no.
Ɛyε akyiwadeε sε adeε bεsa ɔpemfoɔ wɔ abɔntene, εsane yε akyiwadeε sε ɔpemfoɔ bεyiyi ne ho basabasa wɔ n’ahosiesie mu.
Afei εyε akyiwadeε sε ɔpemfoɔ ma kwan ma obi fa n’akyi. Akanfoɔ gye di sε obi nante fa ɔpemfoɔ akyi a εtumi ma n’awoɔ mu yε den εsiane sε ebia na nipa a ɔbεtwaa mu wɔ n’akyi no yε obi a ne ho nyε hare anaa ɔnante bɔbɔɔ.
Ͻpemfoɔ biara redidi a εsε sε ɔtena adwa so. Ɛyε akyiwadeε sε ɔpemfoɔ bεkoto hɔ berε a ɔredidi.

Akanman mu no, akyiwadeε ahodoɔ yi nyinaa wɔ hɔ sεdeε εde bammɔ soronko bi bεma ɔpemfoɔ no ne akokoa a ɔda ne yafunu mu no. Wɔn a wɔdi akyiwadeε nsεm yi so pεpεεpε no nya wɔn ho tɔtorɔtɔɔ, na wɔn a wɔyε ho asoɔden no fa ho ɔhaw ne amanehunu mu.