HIV mmoawa a bronin ka no Human Immunodeficiency Virus no yԑ mmoawa a wᴐsᴐre ko tia nnipa nkwammoa no, na sԑ wᴐansᴐ ano anaa wᴐanyi amfiri hᴐ a, ԑdidi mu ara bԑdane AIDS. Yԑnim no yie sԑ, ᴐkwan titire baako a wᴐnam so de saa yadeԑ mmoawa yi sane no yԑ berԑ a obi ne obi adi nna mu nkitaho a ahobammᴐ nni mu. Nanso sԑ yԑyi nna mu nkitahodie no firi mu a, akwan ahodoᴐ bebree wᴐ hᴐ a ԑfa so sane, na ԑsԑ sԑ yԑhunu ᴐkwan a obi bԑtumi afa so anya saa yadeԑ mmoawa yi bi na yԑatumi asi ne trԑ ano.
- Mogyabᴐ ne mogya mu nsԑm anaa ԑmu dwumadie
Nhwehwԑmu kyerԑ sԑ, ᴐkwan titire baako a mmoawa a wᴐma nyarewa taa trԑ yԑ sԑ wᴐrema obi mogya, anaa mogya mu dwumadie biara a saa mogya no, HIV mmoawa yi bi wᴐ mu. Sԑ yԑhwԑ a, ԑda adi pefee sԑ nnԑ mmerԑ yi mu deԑ ԑsiane abԑԑfosԑ ne mpuntuo wᴐ ayarehwԑ mu nti, ԑntaa nni hᴐ saa nanso ԑsi.
- Ↄbaatan bi tumi de sane ne ba
Mmᴐfra nam akwan binom so nya yadeԑ mmoawa HIV yi bi firi wᴐn awofoᴐ hᴐ. Wei tumi si ansa na wᴐawo abᴐfra no, anaa ԑtumi si wᴐ awoᴐ no ankasa mu anaa berԑ a ᴐrema abᴐfra no nufoᴐ mu. Sԑ ᴐpemfoᴐ wᴐ saa mmoawa yi bi a, yԑwᴐ akwan ahodoᴐ a ᴐbԑtumi afa so abᴐ ne ba no ho ban sԑdeԑ ᴐnya bi. Ebi ne sԑ ᴐbaa no bԑnom nnuro binom a ԑtumi si mmoawa bi te sԑ HIV mmoawa no dwumadie no kwan (antiretroviral), anaa sԑ ᴐmma abᴐfra no nnum ne nufo.
- Sԑ wo ne obi de paneԑ koro anaa nneԑma a wᴐde yԑ nnuro ho adwuma
Ↄkwan a ԑnyԑ na baako a HIV mmoawa yi bԑtumi afa so asane obi yԑ sԑ obi ne obi a ᴐwᴐ yadeԑ mmoawa no bi rekyԑ paneԑ anaa nneԑma a wᴐde wᴐ nnipa, anaa sԑ wode adeԑ bi a ԑte sԑԑ a obi a ᴐwᴐ HIV mmoawa de adi dwuma ԑn redi obi a ᴐnni bi ho dwuma. Wᴐkyerԑ sԑ HIV mmoawa yi tumi tema mogya ne nipadua no mu nsuo binom mu, wei kyerԑ sԑ nneԑma binom tete sԑ paneԑ ne saa nneԑma a wᴐde di saa dwuma no tumi de mmoawa no sane ᴐfofoᴐ, mpo sԑ mogya antu nipa no a.
- Ↄkwan a wᴐfa so di adwini gu nipadua no ani ne nkawa ntokuro ahodoᴐ wᴐbᴐ toto nipadua no ho no
Nipadua no ho adwini die ne nkawa ntokuro a yԑbobᴐ toto nipadua no ho no yԑ nso bԑtumi obi anya HIV mmoawa yi bi, sԑ wᴐansiesie wᴐn nneԑma ne mpaneԑ a wᴐde di dwuma amfa nnuro a ano yԑ hye ampepa ho a. Sԑ wᴐde paneԑ ne nneԑma a wᴐde yԑ no yԑ obiara deԑ anaa sԑ wᴐde yԑ obi ho adwuma na wᴐsane de di onipa foforᴐ ho dwuma na sԑ ԑyԑ adeԑ a wᴐampepa anaa wᴐansiesie no yie a, ԑde ᴐmanfoᴐ to asane mu.
- Sԑ obi de “n’ano refa obi”
Kwan bi so no, sԑ ano agodie ba nna mu nsԑm mu a, HIV mmoawa yi tumi siane obi, ԑsiane sԑ mmoawa no tumi tena ntasuo mu nti. Wei yԑ adeԑ a ԑntaa nsi, na ԑwᴐ fam, nanso ԑyԑ nna mu asԑm ԑyԑ agyanan kwan no anaa ᴐbaa ho kwan deԑ no deԑ, ԑtaa si, enti berԑ biara, hunu sԑ dԑ wo ne no bԑdi saa agorᴐ no nni saa mmoawa no bi, anaa sԑ wobԑbᴐ wo ho ban.
Afei akwan ahodoᴐ binom wᴐ hᴐ a ԑyԑ den pa ara sԑ saa mmoawa yi tumi sane, nanso ԑtumi si. Ebi ne sԑ nsuo a abᴐfra no da mu wᴐ ne na yafunu mu no bi bԑkᴐ abᴐfra no anum wᴐ berԑ a maame no wᴐ yadeԑ mmoawa yi bi, anaa sԑ wᴐde mogya rebᴐ obi wᴐ berԑ a wᴐnyԑԑ mogya no mu nhwehwԑmu.
Ԑho hia sԑ yԑkae na yԑhunu sԑ, HIV mmoawa no tumi sane wᴐ akwannuasa so. Ԑbi yԑ deԑ yԑnim pa ara, ԑbi nso yԑnhyԑ da nni ho nimdeԑ. Mpԑn pii no, wᴐbᴐ saa yadeԑ yi din a, yԑn nyinaa adwene kᴐ mpa mu agodie so, nanso akwan nketewa binom wᴐ hᴐ a ԑsԑ sԑ yԑma yԑn ani ku ho na yԑtumi abᴐ yԑn ho ban afiri ho.















