• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Akwan ahodoɔ a yɛnam so boaboa efi ano wɔ nipadua no mu

Adesua yi firi Owura Desmond Manu nkyɛn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/29/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Akwan ahodoɔ a yɛnam so boaboa efi ano wɔ nipadua no mu
0
SHARES
239
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Animdefoɔ asɛm a wɔtaa ka ne sɛ, yadeɛ mma mpofirem wɔ nipadua mu mmom ɛhyɛ aseɛ nkakrankakra berɛ a nipa no gu so reyɛ nneɛma a nipadua mpɛ na ɛnam so ma ɛborɔ anaa efi ba nipadua no mu, na ɛpue ba abɔntene sɛ yadeɛ.

Yadeɛ biara a ɛda adi wɔ nipadua no mu no, sɛ ɛyɛ korankorɔ anaa ɛnyɛ korankorɔ hyɛ aseɛ firi berɛ a nneɛma bɔne anaa efi akɔ nipadua no mu. Ɛkɔba no saa a, yadeɛ no tumi yi ne ho adi wɔ nsɛnkyerɛnneɛ bebree so. Ebi te sɛ ɛfeɛ, yea, ayamtuo, ahoɔmmerɛ, anisobiri ne deɛ ɛkeka ho. Yadeɛ nam kwan wei so na ɛba deɛ a, ɛnneɛ momma yɛnhwɛ kwan ahodoɔ a yɛfa so boaboa efi ano wɔ nipadua no mu.

1. Adidie mmorosoɔ: Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ ɛtwa sɛ onipa biara di deɛ nipadua no bɛtumi afa a ɛmmoro so. Sɛ ɛkɔboro deɛ nipadua no bɛtumi afa so a, aduane no nyinaa ntumi nnyam, ɛno nti ɛma deɛ aka no buru wɔ nipadua no mu, na ɛkɔfa yadeɛ ba.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Adidie mmorosoɔ tumi bɔ kwan ma efi tena nipadua no mu.

2. Woredidi wɔ ɔhare so: Ɛnyɛ sɛ wobɛdidi ɔhare so de aduane akɔ yafunu no mu. Ɛkɔba saa a nipadua no ntumi nnyam aduane no yie, ɛno nti deɛ anyam yie no dane fi wɔ nipadua no mu ma ɛkɔfa yadeɛ ba. Wei nti yɛtu fo sɛ worepɛ ntɛm akɔ baabi na worennya kwan nnidi a, ɛbɛyɛ sɛ wobɛkɔ aba na woato wo bo ase adidi sene sɛ wobɛdidi ɔhare so.

3. Sɛ wontaa ntenetene w’apɔm. Apɔmutenetene boa ma nipadua no yi efi anaa ɛborɔ biara a aboaboa ano wɔ nipadua no mu no firi mogya no mu. Saa efi yi tumi fa mfifire, dwonsɔ anaa sɛbe agyanan mu pue berɛ a yɛretenetene yɛn apɔm no.

3. Yɛde nneɛma a ɛtumi kanyan nipadua bi te sɛ tawa, nsaden, nnubɔne ne anonneɛ ahodoɔ a yɛfa de kanyan nipadua no de pɛ ahoɔden rekɔ yɛn mu no ma nipadua no ahoɔden kɔ fam, na ɛma fi tena nipadua no mu.

4. Sɛ obi rekɔ awerɛhoɔ, abufuo anaa yeadie tebea mu no ma kwan ma efi tena nipadua no mu. Nipadua no wɔ ahoɔden sɛ ɛno ankasa tumi yi fi biara firi mu, nanso obi kɔ saa tebea no mu a ɛbrɛ ne nkwammoa no ahoɔden ase mma no ntumi nni saa dwuma yi.

Obi rekɔ awerɛhoɔ, yea anaa abufuo tebea mu no ma fi tumi tena nipadua no mu.

5. Worekeka nnuane ahodoɔ abobɔ so adi no berɛ korɔ no ara ma kwan ma efi tumi tena nipadua no mu. Obi tumi keka nnuane ahodoɔ bi te sɛ fufuo, ɛmoo, nnuaba ne ade bɔm di no berɛ korɔ no ara, ɛkɔba saa a nipadua no ntumi nnyam ne nyinaa ntɛm so. Wei ma deɛ aka no buru, na ɛkɔfa yadeɛ ba.

6. Woredidi na worenom nsuo ka ho berɛ korɔ no ara: Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ nipa didi wie a, nsuo bi a ano yɛ hye bi wɔ hɔ a ɛkyi wɔ kyenkyenfuro no mu na ɛboa ma aduane no yam yie sɛdeɛ nipadua no bɛtumi afa ahoɔden afiri nnuane no mu. Sɛ saa nsuo no ano dwo a, nnuane a ɛwɔ kyenkyenfuro no mu yam ntumi nkɔ so papa, wei ma aduane no buru, ɛdane fi wɔ nipadua no mu, na ɛde yadeɛ ba. Ɔkwan a saa nsuo yi ano fa so dwo yɛ sɛ obi redidi na ɔrenom nsuo berɛ korɔ no ara, anaasɛ ɔdidi wieeɛ no ara a ɔbɛnom nsuo agu so. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ne yie mu a, anka ɛsɛ sɛ ɛdi dɔnhwere baako anaa mmienu ntam ansa na woanom nsuo berɛ a woadidi awie no. Anaa wopɛ a, wobɛtumi anom nsuo no ansa, na simma du nnum akyi no woadi w’aduane. Ɛba no saa a saa nsuo a yɛadi kan aka ho asɛm yi no ho rente kyema wɔ kyenkyenfuro no mu, na ɛtumi di ne dwuma yie.

Woredidi na wosane renom nsuo berɛ korɔ no ara kanyan efi wɔ nipadua no mu.

7. Nsuo a yɛntaa nnom: Nsuo boa yi efi firi nipadua no mu ma nipadua no nya ahoɔden. Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ da koro biara no, ehia sɛ onipa biara nom nsuo kuruwa nnum rekɔ nson so, na atumi aboa nipadua no ama no ayi fi afiri mu.

8. Yɛrema nneɛma akyere yɛn so anaa ahyɛ yɛn so: Sɛ nneɛma bunkam fa yɛn so anaa ɛhyɛ yɛn so a, ɛnam so mma nipadua nkwammoa no nnya ahoɔden nyi fi mfiri nipadua no mu. Na ɛba no saa a yadeɛ tena nipadua no mu.

9. Woredidi berɛ a ɛnsɛ mu: Nipadua no de berɛ na ɛdi ne dwuma, titire ne berɛ a ɛreyam aduane. Ɛsane wɔ berɛ a ɛde gye n’ahome, ne saa nti ɛnyɛ berɛ biara na ɛsɛ sɛ aduane kɔ yafunu no mu. Ɛberɛ a adɔkotafoɔ taa bɔ ho dawuro sɛ ɛnni sɛ aduane kɔ yafunu no mu yɛ anadwo, ɛfiri sɛ saa berɛ no yɛ berɛ a adwene no asiesie ne ho sɛ ɛbɛgye n’ahome wɔ nna mu. Wei nti aduane kɔ yafunu no mu saa berɛ no a ɛntumi nnyam yie, na ɛma efi tena nipadua no ma no kɔfa yadeɛ ba.

10. Nhwehwɛmu binom kyerɛ sɛ yɛnni nnuaba ne atosodeɛ mfra. Asekyerɛ ne sɛ, nipadua no wɔ nsuo ahodoɔ a ɛkyi de yam nnuaba, a ɛno yɛ soronko firi deɛ ɛkyi gu atosodeɛ so no. Wei nti wodi saa nnuane yi bɔm berɛ korɔ no ara a, ɛmma nipadua no nhunu nsuo korɔ a ɛsɛ sɛ ɛkyi de yam. Ɛkɔba no saa a aduane no ntumi nnyam yie. Yɛtu fu sɛ wobɛdi nnuaba nko ara a atosodeɛ biara mfra, anaa atosodeɛ nko ara nnuaba biara mfra. Wei bɛma nipadua no anya ahoɔden a ɛsɛ afiri mu ɛsiane sɛ ɛbɛyam yie nti.

11. Yɛreyɛ adwuma a yɛnnye yɛn ahome nso nam so ma efi tumi tena nipadua no mu. Ahomegyeɛ a ɛfiri titire nna mu yɛ kwan baako a nipadua no nam so siesie ne ho pɛ ahoɔden ma nipadua no sɛ ɛde bɛdi dwuma da foforɔ, na afei nso ɛnam so de yi fi firi nipadua no mu. Ne saa nti sɛ obi nnya ahomegyeɛ a ɔhwere saa ahosiesie pa a ɛkɔ so wɔ nipadua no mu no. Na ɛtumi kɔfa yadeɛ ahodoɔ ba nipadua no mu.

Yɛde mmerɛ pii reyɛ adwuma a yɛnnye yɛn ahome no tumi ma efi tena nipadua no mu.

12. Yɛredidi ahyɛ ntam: Nnipa binom wɔ hɔ a wɔntumi nhyɛ wɔn ho so wɔ aduane ho. Berɛ biara a wɔbɛhunu aduane no wɔsusu sɛ ɛtwa sɛ wɔdi. Nanso ɛnni sɛ ɛba saa ɛfiri sa yafunu no de berɛ na yam aduane ma nipadua no nya ahoɔden firi mu. Wei nti adɔkotafoɔ tu fo sɛ ɛsɛ sɛ nipa biara ma mmerɛ bɛtɔ n’adidie mu. Wɔkyerɛ sɛ, onipa biara bɛtumi a anka ne yie mu no ɛsɛ ɔdidi mprenu anaa mprɛnsa da koro a adidie biara nhyehyɛ ntam. Ɛno nti, wɔwɔ nhyehyɛeɛ bi sɛ wodidi anɔpa a, ɛsɛ sɛ nnɔnhwere nnum ba ansa na woasane adi aduane foforɔ. Saa berɛ a ɛdeda ntam no tumi ma nipadua no siesie ne ho yi fi firi ne mu, na ɛmma kwan mma yadeɛ ntena mu.

Nkwa na ehia, mmom pere nkwa a apɔmuden pa ahyɛ mu ma. Hwɛ wo nipadua so yie na hwɛ sɛ wonyɛ nneɛma a ɛbɛma efi atena wo nipadua no mu. Kenkan no yie, tu ho anammɔn pa na kyɛ ma afoforɔ nso nnya mu kyɛfa.

Tags: AhomegyeɛapɔmuteneteneatosodeɛefiMogyankwammoannuabansuo
Deɛ atwam

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Deɛ ɛdi hɔ

Nneyεeε ahodoᴐ binom a εkᴐ so wᴐ nsaguo mu ne wᴐn asekyerε

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nneyεeε ahodoᴐ binom a εkᴐ so wᴐ nsaguo mu ne wᴐn asekyerε

Nneyεeε ahodoᴐ binom a εkᴐ so wᴐ nsaguo mu ne wᴐn asekyerε

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?