• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Akukudam nsia no adi wɔn dwuma awie.

Wo nso woyɛ ɔman ba sɛ wɔn ara, ɛdeɛn na wode reboa Ghana?

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
03/06/2023
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Akukudam nsia no adi wɔn dwuma awie.
0
SHARES
108
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Berɛ biara a ɛbɛduru Ɔbenem 6 wɔ afe biara mu no, ɔman Ghana di ahurusie kɛseɛ ɛnam fawohodie a ne nsa kaa no saa da no mu nti. Wɔntoto saa da yi ase koraa, ɛno nti saa berɛ yi duru a asukuufoɔ ne adwumayɛfoɔ de gye wɔn ahome. Ghana nyaa fawohodie no, mfeɛ aduosia nsia ni.

Kane no, na edin a ɛda ɔman Ghana so ne Gold Coast. Edin Ghana bɛdaa ɔman yi so berɛ a yɛn nsa kaa fawohodie akyiri no. Yɛte fawohodie biara a, yɛn adwene twe kɔsi akukudam nsia a wɔperee fawohodie maa Ghana no so. Saa akunini yi din ne Edward Akufo-Addo, Ebenezer Ako-Adjei, J. B. Dankwa, Emmanuel Obetsebi Lamptey, William Ofori Atta ne Kwame Nkrumah.

Ghana adehyeɛ akunini nsia no.

Na saa nkurɔfoɔ yi ara ne wɔn a wɔda United Gold Coast Convention (UGCC), amanyɔkuo a J. B. Dankwa teeɛ, a na ne botaeɛ titire ne sɛ wɔde bɛko apɛ fawohodie ama Gold Coast no ano. Pere a wɔrepere sɛ wɔbɛnya fawohodie ama ɔman yi ntɛm so no de wɔn kɔwiee afiase nna. Wɔn afiaseda no mu no, ɔmamfoɔ no yɛɛ ɔyɛkyerɛ kɛseɛ sɛ Britishfoɔ, aborɔfo a na wɔdi Gold Coast so no nyi wɔn mfiri afiase hɔ, na wɔgyaee wɔn nso. Afoforɔ binom faa amanehunu mu, ebinom nso hweree wɔn nkwa wɔ fawohodie pereɛ yi mu.
Ampa ara, bosome Ɔbenem da a ɛtɔ so nsia wɔ afe 1957 mu no, Gold Coast nyaa ne fawohodie. Ɛhɔ na edin Gold Coast no sesaa bɛyɛɛ Ghana. Ɛnnɛ, yɛhwɛ yɛn sika a ɛyɛ nkrataa no so a yɛhunu saa akukudam nsia yi mfoni wɔ so. Adɛn ntira? Wɔkoo maa me ne wo fawohodie.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Yɛhunu saa akukudam yi mfoni wɔ Ghana sika so.

Akunini nsia no awie wɔn adwuma, wɔayɛ wɔn afam deɛ. Aduru yɛn so nnɛ. Sɛ wɔgyee fawohodie maa yɛn a, ɛnneɛ na deɛ yɛn nso yɛbɛtumi ayɛ ne sɛ yɛbɛkora no yie na yɛama no akɔ nkan. Ɔdwomtoni Ephraim Amu dwom a ɔtwerɛ Ghana no mu nsɛm se:

Yɛn ara asase ni

Ɛyɛ aboɔdennen ma yɛn

Mogya a nananom hwie guiɛ nya de too hɔ maa yɛn

Aduru me ne wo nso so sɛ yɛbɛyɛ bi atoa so

Nimdeɛ ntrasoɔ, nkotokrane ne apɛsɛmenkomenya

Adi yɛn bra mu dɛm

Ama yɛn asase ho dɔ atɔm sɛ.

Ɔman no sɛ ɛbɛyɛ yie oo!

Ɔman no sɛ ɛrenyɛ yie oo!

Ɛyɛ nsɛnnahɔ sɛ, ɔmanfo bra na ɛkyerɛ.

So, yɛyɛ sɛdeɛ dwom yi mu nsɛm teɛ anaa? Berɛ biara a saa da yi
bɛduru no, ɔmamfoɔ de anigyeɛ ma Ghana frankaa no so, wɔsane to dwom yi de kyerɛ wɔn anisɔ ne anigyeɛ ɛnam adwumasono a akukudam yi yɛeɛ a yɛrete ho dɛ nnɛ yi. Ɛdeɛn na wo nso wobɛtumi ayɛ aboa ɔman Ghana ne nkyirimma? Ɛdeɛn na woreyɛ atoa so? Woda so ara de kɛtɛasehyɛ ne prɔeɛ yɛ wo nnwuma? Ɛnneɛ na woretwe Ghana yieyɔ kɔ akyiri. Wonni ɔman yi ho dɔ anaa? Ɛnneɛ na woreyɛ ama akukudam yi brɛ ayɛ kwa. Pɛsɛmenkomenya wɔ wo mu? Wo nko ara wo yiedie na wohwehwɛ a wonnwene ɔman no ho? Ɛnneɛ na wode ɔmamfoɔ binom nso rekɔ ɔhaw mu no no. Dibea ne tumi a wowɔ nti woresɛe sika kwa wɔ berɛ a ɛsɛ sɛ wode boa ɔman no ma no tu mpɔn anaa? Ɛnneɛ na woyɛ ɔman ba bɔne.

Ma ɔman yi mu ho nsɛm nhia wo.

Ma ɔman yi ho nsɛm nhia wo, dwene ho anɔpa, awia ne anwummerɛ. Woakae sɛ ɛnnɛ ne da a Ghana nyaa fawohodie yi, mma wo werɛ mfiri nso sɛ, sɛ ɔman no bɛyɛ yie oo, sɛ ɔman no renyɛ yie oo, ɛyɛ nsɛnnahɔ sɛ ɔmamfoɔ bra na ɛkyerɛ.

Tags: Ebenezer Ako-AdjeiEdward Akufo-AddoEmmanuel Obetsebi-LampteyEphraim AmuGhanaGold CoastJ. B. DankwaKwame NkrumaWilliam Ofori Atta
Deɛ atwam

Nnuane du binom a ɛsɛ sɛ ɔpemfoɔ biara di

Deɛ ɛdi hɔ

Abibiman mu nnua a εwᴐ asasepεsεε soᴐ no ntumi mfa kaabᴐn dodo nsie te sε kane no- Nhwehwεmu bi mu nsεm

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Abibiman mu nnua a εwᴐ asasepεsεε soᴐ no ntumi mfa kaabᴐn dodo nsie te sε kane no- Nhwehwεmu bi mu nsεm

Abibiman mu nnua a εwᴐ asasepεsεε soᴐ no ntumi mfa kaabᴐn dodo nsie te sε kane no- Nhwehwεmu bi mu nsεm

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?