• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho – Owuo Ahodoɔ – Ɔfa II

Owuo ahodoɔ a ɛwɔ Akanman mu

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
01/21/2023
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho – Owuo Ahodoɔ – Ɔfa II
0
SHARES
427
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Akanfoɔ gye di sɛ, onipa kra a ɛma no nkwa wɔ asaase yi so no firi ne mu kɔ a, ɛno kyerɛ sɛ wawu. Ɛno nti na Akanfoɔ ka sɛ ɔkɔ ne kra akyi no.

Akanfoɔ gyidie ne sɛ, ɔkwan a obi bɛfa so awu no na ɛkyerɛ owuo korɔ a onipa no awu. Yei nti, ɛnnɛ adesua yi mu no, yɛrebɛwɛ owuo ahodoɔ binom a ɛwɔ Akanman mu.

Akanfoɔ wɔ owuo ahodoɔ num. Deɛ ɛdidi soɔ yinom ne owuo ahodoɔ a ɛwɔ Akanman mu no.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

1. Owu pa

Owu pa ne sɛ onipa bi ato ne kɔn awu. Akanfoɔ gye di sɛ, ɛba saa a, na berɛ a Onyankopɔn de maa onipa no wɔ asaase yi so no aso, ɛno nti na ɔrekɔ asamando akɔgye n’ahome no. Saa owuo yi deɛ, onipa no nyini kyɛ ansa na wawu. Obi wu owu pa a, Akanfoɔ yɛ no dɔteyie ne ayi pa.

2. Asianewuo/Akwanhyiawuo

Asianewuo anaa akwanhyiawuo yɛ owuo a ɛnam biribi so anaa onipa bi so ma obi hwere ne nkwa. Ɛsiane sɛ ɛyɛ owuo a owufoɔ no nhwɛ kwan, na mmom, asiane anaa akwanhyia bi a ɛtoo no na ɛmaa no hweree ne nkwa nti na yɛfrɛ no asianewuo anaa akwanhyiawuo no.  Sɛ onipa bi fa akwan a ɛdidi soɔ yi bi so wu a, ɛyɛ asianewuo / akwanhyiawuo.

a. Dua abu abɔ obi akum no. / Dua akasa obi.

b. Nsuo afa obi ama no ahwere ne nkwa.

c. Aboa bi aka anaa akyere obi akum no.

d. Kaa anaa lɔre abɔ obi na wawu.

e. Obi abɔ obi tuo akum no.

f. Obi awɔ obi sekan ama no awu. Ne pii a ɛkeka ho.

3. Atɔfowuo/Animguaseɛwuo

Yei yɛ owuo a onipa bi ahyɛda akum ne ho. Sɛ obi fa nnoɔma a ɛdidi soɔ yi bi mu na ɔwu a, Akanfoɔ bu no sɛ ɛyɛ atɔfowuo.

i. Obi ahyɛ ne ho akɔmfo.

ii. Obi ahyɛda anom adubɔne awu.

iii. Obi ahyɛda abɔ ne ho tuo.

iv. Obi ahyɛda awɔ ne ho sekan awu.

v. Obi aforo ɛdan anaa dua na wagyae ne ho abɛhwe fam awu.

vi. Obi ahyɛda agyae ne ho ato nsuo mu awu. Ne deɛ ɛkeka ho.

Akanfoɔ gye di sɛ, sɛ obi wu atɔfowuo a, na wadi bɔne bi asuma a ɔmpɛ sɛ obiara bɛhunu nti na ɔde owuo no rekata ne bɔne no so. Yei nti, sɛ obi wu saa owuo yi a, Akanfoɔ nneda no, wɔnyɛ no ayi pa, ataadeɛ anaa ntoma a ɔhyɛ de wuiɛ no, ɛno ara na wɔde sie no, wɔsie no kwan nkyɛn.

Bio nso, Akanfoɔ bu atɔfowuo sɛ ɛyɛ mmusuo kɛseɛ pa ara. Ne saa nti, ɛyɛ owuo a wɔnsosɔ so koraa. Saa gyidie yi nti, sɛ obi wu atɔfowuo na Akanfoɔ reyi apaeɛ a, wɔmfrɛ ne saman.

Edin a Akanfoɔ de frɛ onipa a wawu atɔfowuo saman ne samantwɛntwɛn. N’amu no nso, wɔfrɛ no ɔtɔfoɔ. Ɛsiane gyidie ne nneyɛɛ a ɛbata atɔfowuo ho yi nti, ɛyɛ animguaseɛ kɛseɛ pa ara sɛ obi bɛwu atɔfowuo. Ɛno nti na ne din foforɔ ne animguaseɛwuo no.

4. Yarewuo

Owuo foforɔ a ɛwɔ Akanman mu ne yarewuo. Yɛka yarewuo a, ɛne sɛ obi ayare akyɛ, na wannya ano aduro na yareɛ no akum no. Obi wu yarewuo a, na ɛkyerɛ sɛ wato ne kɔn awu. Kyerɛ sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔwu no aso. Ɛno nti Akanfoɔ yɛ saa nipa no ayi pa.

5. Patuwuo

Obi yare na ankyɛ anaasɛ sɛ ɔyare berɛ tiawa bi mu na ɔwu a, na wawu patuwuo. Saa wuo yi ho nhwɛsoɔ ne sɛ obi aka sɛ ne ti yɛ no ya na saa da no ara onipa no ahwere ne nkwa. Obi wu patuwuo a, Akanfoɔ gye di sɛ wato ne kɔn awu nti wɔyɛ no ayi pa.

Gyedie a Akanfoɔ wɔ fa patuwuo ho ne yarewuo deɛ no nyinaa yɛ pɛ.

Menim sɛ woasua nneɛma foforɔ pii wɔ adesua yi mu. Da foforɔ nso, yɛbɛka Akanfoɔ ayiyɔ ho asɛm.

Tags: Akan traditional beliefsFuenrals in GhanaOwuo ahodoɔ a ɛwɔ Akanman muTypes of deaths among the Akans
Deɛ atwam

Mogya a ɛso ate.

Deɛ ɛdi hɔ

Sɛdeɛ wobɛbɔ w’adwene ho ban – Akwan nnum binom a wobɛtumi afa so

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Sɛdeɛ wobɛbɔ w’adwene ho ban – Akwan nnum binom a wobɛtumi afa so

Sɛdeɛ wobɛbɔ w'adwene ho ban - Akwan nnum binom a wobɛtumi afa so

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?