• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Awoɔ ne Abadintoɔ: Ɔfa 1

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
01/01/2023
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I
0
SHARES
143
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɛfiri tete bɛsi ɛnnɛ, adeɛ baako a Akanfoɔ ani ku ho pa ara ne awoɔ. Ɛyɛ biribi a ɛsombo ma wɔn pa ara. Ɛno nti na wɔn amammerɛ titire bi te sɛ bragorɔ mu no, wɔyɛ amanneɛ binom te sɛ anoka. Yei mu no, wɔde nkosua a wɔanoa no ka ɔsakyima no ano de bɔ mmadwowa ma no sɛdeɛ ɔbɛtumi awo mma.

Awareɛ biara mu nso deɛ, yɛnim sɛ agyapadeɛ titire a Ɔbɔadeɛ no de dom awarefoɔ nyinaa ne mma a wɔbɛwo wɔn. Sɛdeɛ Twerɛ Kronkron no ka no, berɛ a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wieeɛ no, Ɔhyiraa wɔn na Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo na wɔnhyɛ asase no so ma (Genesis 1:28).

Yei nso da no adi sɛ, awoɔ yɛ biribi a ɛdi mu pa ara wɔ abɔdeɛ mu.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nneɛma a yɛabobɔ so yinom ne afoforɔ bi a yɛantumi anka ho asɛm nyinaa di adanseɛ sɛ, Akanfoɔ ntoto awoɔ ase koraa wɔ wɔn asetena mu.

Tete no, sɛ na ɔbarima bi ne ne yere tumi wo mma du a, na amammerɛ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔbaa no tɔ odwan ma ɔbarima no de ma no amo wɔ n’adwumaden ho. Ɛno na wɔfrɛ no badu dwan no.

Awoɔ so mfasoɔ a na Akanfoɔ ahunu nti, na wɔmfa ɔbaa a wafa afuro no nni agorɔ koraa. Wɔwɔ nneɛma ne nneyɛɛ binom a na wɔyɛ de bɔ ɔbaa a wanyinsɛn ne abotafowa a ɔhyɛ yafunu mu no nyinaa ho ban.

Deɛ na wɔyɛ ma ɔbaa no ne abɔfra no bi ne sɛ, wɔhyɛ dudo ma ɔbaa no nom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛyɛ den ama abɔfra no nso anya apɔmuden pa. Afei nso, na wɔyɛ nnuane bi te abɛduru ma ɔpemfoɔ no di. Wɔtumi de nwa, mmire, nkontommire, ɔkɔtɔ, ne nhabamma ahodoɔ a wɔtumi di nya ahoɔden sononko nyinaa bi yɛ abɛduru no.

Yei yɛ biribi a na ɛboa ma ɔpemfoɔ no ho yɛ den wɔ awoɔ mu na ama watumi awo afa ne ho ne ne ba nso. Ɛno da nkyɛn a, na wɔwɔ mmaa mpanimfoɔ a wɔakwadare wɔ awoɔ gyeeɛ mu a na wɔgye kuro biara mu mmaa awoɔ. Saa mmaa mpanimfoɔ yi taa yɛ mmaa a wɔawo awie na wɔwɔ awoɔ ne nyinsɛn mu suahunu a wɔtumi de boa afoforɔ. Yɛbɛka a, na wɔyɛ adɔkotafoɔ a wɔgye awoɔ tete no.

Bio, na wɔwɔ akyiwadeɛ binom a ɛnsɛ ɔpemfoɔ yɛ anaasɛ obi yɛ kyerɛ ɔbaa a ɔnyem. Akyiwadeɛ yi mu baako ne sɛ, sɛ ɔbaa nyinsɛn a, ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ biribi a ɛyɛ tan. Deɛ na wɔtaa ka ne sɛ, sɛ ɔbaa no yɛ saa a, ɛbɛma abɔfra a ɔhyɛ ne yafunu mu no ho ayɛ tan. Nanso, adwene a na ɛtaa saa akyiwadeɛ yi akyi pa ara ne sɛ, sɛ ɔpemfoɔ no ani bɔ biribi a ɛyɛ tan so saa a, ɛbɛtumi ama ne yam ahye no, na yei bɛtumi ama awoɔ aka no prɛko pɛ wɔ berɛ a ebia na n’awoɔ berɛ nsoeɛ.

Afei nso, na ɛyɛ akyiwadeɛ sɛ ɔpemfoɔ bɛyɛ adwumaden. Yei mu nso, na wɔde rebɔ ɔpemfoɔ no ho ban afiri nnwuma a ɛbɛtumi ama no ayɛ mmerɛ anaa ɛbɛtumi ama n’ahoɔden so ate ho. Mfasoɔ a ɛwɔ so ne sɛ, na ɛboa ma ɔpemfoɔ no tumi nya berɛ home sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ awoɔ ka no a, ɔbɛtumi anya ahoɔden de awo ntɛm a ɔnte ɔbrɛ pii.

Ɔbaa no wo wie a, na ɛnsaeɛ. Wɔsane wɔ nhyehyɛeɛ ahodoɔ binom a na wɔyɛ ma maame no ne abɔfra no nyinaa. Ɛno ne abadintoɔ amammerɛ no.  Yɛbɛka yei ho asɛm wɔ ‘Akanfoɔ gyedie wɔ nkwa ne owuo ho, Ɔfa I, Awoɔ ne abadintoɔ Ɔfa 2 no mu.’

Tags: Akanfoɔ abadintoɔAkanfoɔ gyedieCulture of Ashantisnaming ceremony among the AkansPoeple of Kumasi
Deɛ atwam

Resose mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Deɛ ɛdi hɔ

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?